1Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia. 2Na wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia,2.2 Saa Nehemia yi nyɛ Nehemia a ɔtwerɛɛ Nehemia Nwoma no. Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana.
Israel mmarima a wɔfiri asutwa mu baeɛ no dodoɔ nie:
36Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:
40Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:
41Nnwontofoɔ:
42Aponoanohwɛfoɔ:2.42 Na aponoanohwɛfoɔ no yɛ Lewifoɔ a wɔwɛn Asɔredan no kwan ano.
43Asɔredan asomfoɔ:
55Ɔhene Salomo asomfoɔ asefoɔ yi nso firi asutwa mu baeɛ:
59Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ.
Saa nnipakuo yi ne:
61Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa:
Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)
62Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ. 63Na amrado no hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.
64Enti, nnipa dodoɔ a wɔsane baa Yuda no yɛ mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia (42,360), 65a asomfoɔ mpem nson ahasa aduasa nson (7,337) nka ho, ne nnwomtofoɔ2.65 Lewifoɔ nnwomtofoɔ no akyi no na nnwomtofoɔ foforɔ bi wɔ hɔ a wɔto nnwom wɔ afahyɛ, awadeɛ ne ayiase. ahanu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmaa. 66Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa nsia (736), mfunumu ahanu aduanan enum (245), 67nyoma ahanan aduasa enum (435) ne mfunumpɔnkɔ mpem nsia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔeɛ.
68Ɛberɛ a wɔduruu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofoɔ no bi firii akoma pa mu yii ntoboa a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no wɔ ne siberɛ dada mu hɔ. 69Na ntuanoni biara maa deɛ ɔbɛtumi. Akyɛdeɛ a wɔde maeɛ no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika pranpran ɔpeduosia baako (61,000), dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa (3,000) ne asɔfotadeɛ ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfoɔ.
70Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii hɔ baeɛ no so.