Ɛsra 10 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛsra 10:1-44

Bɔneka

1Ɛberɛ a Ɛsra bɔɔ mpaeɛ, kaa saa bɔne yi no, na ɔresu de ne ho toto fam wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim. Na nnipadɔm a wɔyɛ Israelfoɔ, mmarima, mmaa ne mmɔfra bɛkaa ne ho ne no twaa adwo. 2Na Yehiel babarima Sekania a ɔyɛ Elam aseni no ka kyerɛɛ Ɛsra sɛ, “Yɛpae mu ka sɛ yɛanni yɛn Onyankopɔn nokorɛ, ɛfiri sɛ, yɛawareware abosonsomfoɔ mmaa a wɔwɔ asase no so. Nanso, yei akyi no, anidasoɔ wɔ hɔ ma Israel. 3Afei, momma yɛne yɛn Onyankopɔn nyɛ apam, na yɛnnyaa yɛn yerenom abosonsomfoɔ no awadeɛ, na yɛmpam wɔne wɔn mma. Yɛbɛtie afotuo a wo ne afoforɔ a wɔdi yɛn Onyankopɔn mmara no so de ama yɛn. Yɛbɛdi Onyankopɔn mmara no so. 4Ma wo bo nyɛ duru, ɛfiri sɛ, ɛyɛ wʼasɛdeɛ sɛ wokyerɛ yɛn ɛkwan a yɛbɛfa so ama biribiara akɔ so tee, na yɛde yɛn ahoɔden nyinaa bɛboa.”

5Na Ɛsra sɔre gyinaeɛ, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfoɔ no ntuanofoɔ, Lewifoɔ ne Israelfoɔ nyinaa nka ntam sɛ, wɔbɛyɛ deɛ Sekania aka no. Na wɔn nyinaa kaa ntam a ano yɛ den. 6Na Ɛsra sɔre firii Onyankopɔn Asɔredan no anim kɔɔ Eliasib babarima Yehohanan dan mu. Ɔdaa hɔ, nanso wannidi annom. Na ɔda so di awerɛhoɔ ɛsiane asutwafoɔ a wɔasane aba no nokorɛ a wɔannie no enti.

7Afei, wɔbɔɔ dawuro Yuda ne Yerusalem nyinaa sɛ, asutwafoɔ a wɔasane aba no nyinaa mmra Yerusalem. 8Na wɔn a wɔamma nnansa ntam no, sɛ ntuanofoɔ ne mpanimfoɔ pɛ a, wɔde wɔn nsa bɛto wɔn agyapadeɛ so, na wɔapam wɔn afiri asutwafoɔ no mu.

9Nnansa ntam no, na Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ aboa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. Asɛm yi sii wɔ Kislew bosome (bɛyɛ Ɔpɛnima) da a ɛtɔ so dunkron, na wɔn nyinaa tenatenaa adwaberem hɔ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim. Na wɔn ho repopo, ɛfiri sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, na asɛm no mu yɛ duru, na deɛ ɛtɔ so mmienu no, na osuo nso retɔ. 10Na ɔsɔfoɔ Ɛsra sɔre gyina kaa sɛ, “Moayɛ bɔne, ɛfiri sɛ, moawareware abosonsomfoɔ mmaa. Enti seesei, yɛwɔ afɔbuo a ano yɛ den mu sene kane deɛ no. 11Mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, na monyɛ nʼapɛdeɛ. Monte mo ho mfiri nnipa a wɔwɔ asase no so ne abosonsomfoɔ mmaa no ho.”

12Afei badwa no nyinaa maa wɔn nne so kaa sɛ, “Ampa, wʼasɛm no yɛ nokorɛ. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ deɛ woaka no. 13Wɔtoaa so sɛ: Yei nyɛ da koro anaa nnanu adwuma, ɛfiri sɛ, yɛn mu bebree na saa bɔne kɛseɛ yi ka yɛn. Saa ɛberɛ yi yɛ osutɔberɛ, enti yɛrentumi ntena ha nkyɛre. 14Momma yɛn mpanimfoɔ nsi yɛn anan nyɛ biribiara. Obiara a ɔware ɔbosonsomni baa no ne ntuanofoɔ ne atemmufoɔ a wɔwɔ kuro yi mu bɛhyia ɛberɛ a yɛahyɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuhyeɛ a ɛfa saa asɛm yi ho no bɛfiri yɛn so.” 15Asahel babarima Yonatan ne Tikwa babarima Yahasia na wɔtiaa saa asɛm yi mu, na Mesulam ne Sabetai a ɔyɛ Lewini no foaa wɔn so.

16Enti, yei ne nhyehyɛeɛ a wɔfaa so. Ɛsra yii ntuanofoɔ maa wɔsii wɔn mmusua anan, na ɔde edin bi too ntuanoni biara so. Bosome Kislew (bɛyɛ Ɔpɛnimaa) da a ɛtɔ so aduonu nkron no, ntuanofoɔ no tenaa ase hwehwɛɛ asɛm no mu. 17Afe a ɛdi so no mu, Abib bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so aduonu nson no na wɔawie mmarima a wɔawareware abosonsomfoɔ mmaa no nyinaa ho asɛnka.

18Asɔfoɔ a na wɔawareware abosonsomfoɔ no din nie:

Yosadak babarima Yesua ne ne nuammarimanom:

Maaseia, Elieser, Yarib ne Gedalia. 19Wɔkaa ntam sɛ wɔbɛgyaa wɔn yerenom, wɔn mu biara gyee nʼafɔdie too mu, na wɔde nnwennini bɛbɔɔ ɛfɔdie ho afɔdeɛ.

20Imer abusua mu no:

Hanani ne Sebadia.

21Harim abusua mu no:

Maaseia, Elia, Semaia, Yehiel ne Usia.

22Pashur abusua mu no:

Elioenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad ne Elasa.

23Yeinom ne Lewifoɔ a na afɔdie da wɔn so:

Yosabad, Simei, Kelaia, Kelita, Petahia, Yuda ne Elieser.

24Dwomtofoɔ a na afɔdie da ne so no yɛ:

Eliasib.

Yeinom ne aponoanohwɛfoɔ a na afɔdie da wɔn so:

Salum, Telem ne Uri.

25Yeinom ne nnipa bi a wɔyɛ Israelfoɔ a na afɔdie da wɔn so:

Paros abusua mu no:

Ramia, Yisia, Malkia, Miamin, Eleasa, Malkia ne Benaia.

26Elam abusua mu no:

Matania, Sakaria, Yehiel, Abdi, Yeremot ne Elia.

27Satu abusua mu no:

Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa.

28Bebai abusua mu no:

Yehohanan, Hanania, Sabai ne Atlai.

29Bani abusua mu no:

Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal ne Yeremot.

30Pahat-Moab abusua mu no:

Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Besaleel, Binui ne Manase.

31Harim abusua mu no:

Elieser, Yisia, Malkia Semaia ne Simeon. 32Benyamin, Maluk ne Semaria.

33Hasum abusua mu no:

Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase ne Simei.

34Bani abusua mu no:

Maadai, Amram ne Uel, 35Benaia, Bedeia, Keluhi, 36Wania, Meremot, Eliasib, 37Matania, Matenai ne Yaasu.

38Binui abusua mu no:

Simei, 39Selemia, Natan, Adaia, 40Maknadebai, Sasai, Sarai, 41Asarel, Selemia, Semaria, 42Salum, Amaria ne Yosef.

43Nebo abusua mu no:

Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadau, Yoɛl ne Benaia.

44Na mmarima yi mu biara aware ɔbosonsomni baa a na wɔn mu bi mpo ne wɔn yerenom yi wɔ mma.