Yohane 9 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yohane 9:1-41

Yesu Sa Onifuraefo Bi Yare

1Yesu nam no, ohuu aberante bi a wɔwoo no onifuraefo, 2Nʼasuafo no bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, hena na ɔyɛɛ bɔne, saa onifuraefo yi awofo anaa ɔno ankasa, nti na ɛma wɔwoo no onifuraefo yi?”

3Yesu buae se, “Ɛnyɛ nʼawofo anaa nʼankasa bɔne nti na nʼani afura. Na mmom nʼani afura sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma. 4Esiane sɛ adesae nkyɛ ba no nti ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. Sɛ ade sa a obiara ntumi nyɛ adwuma. 5Bere a mewɔ wiase yi de, mene wiase hann no.”

6Ɔkaa saa no ɔtee ntasu guu fam de fɔtɔw dɔte na ɔde dɔte no sraa onifuraefo no ani so. 7Na ɔka kyerɛɛ no se, “Kɔ ɔtare Siloa no mu, na kɔhohoro wʼanim.”9.7 Siloa nkyerɛase ne “Somaa”. Onifuraefo yi kɔ kɔhohoroo nʼanim san bae a, afei de ohu ade.

8Onifuraefo no afipamfo a wohuu no sɛ ɔte kwan ho srɛsrɛ ade no huu no no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛnyɛ aberante a na ɔsrɛsrɛ ade no ni?”

9Ebinom kae se, “Ɛyɛ ɔno,” na afoforo nso kae se, “Dabi, ɛnyɛ ɔno na mmom sɛ na ɔsɛ no.”

Aberante yi kae se, “Ɛyɛ me.”

10Nnipa no bisaa no se, “Ɛyɛɛ dɛn na afei wuhu ade yi?”

11Obuaa wɔn se, “Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu no fɔtɔw dɔte na ɔde sraa mʼani so na ɔka kyerɛɛ me se, ‘Kɔ ɔtare Siloa mu na kɔhohoro wʼanim’. Mekɔ kɔhohoroo mʼanim wiee ara pɛ na mihuu ade.”

12Wɔsan bisaa no bio se, “Saa Yesu no wɔ he?”

Obuaa wɔn se, “Minnim.”

Farisifo Nsɛmmisa Wɔ Ayaresa No Ho

13Wɔde aberante a na nʼani afura no brɛɛ Farisifo no. 14Da a Yesu saa onifuraefo no yare no yɛ homeda. 15Farisifo no nso bisaa aberante no sɛnea ɛyɛe a afei de ohuu ade. Aberante no kaa sɛnea Yesu de dɔte a wafɔtɔw sraa nʼani so na ɔkɔhohoro ma ohuu ade no kyerɛɛ wɔn.

16Farisifo no mu bi kae se, “Onipa a ɔyɛɛ saa ade yi mfi Onyankopɔn hɔ, efisɛ onni homeda mmara no so.”

Afoforo nso kae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛni a ɔte sɛɛ yi betumi ayɛ saa anwonwadwuma yi?” Saa akyinnye yi maa mpaapaemu baa wɔn mu.

17Afei Farisifo yi san bisaa aberante no se, “Wo na wuse ɔma wuhuu ade, dɛn asɛm na woka fa ne ho?”

Aberante yi buae se, “Migye di sɛ ɔyɛ odiyifo a ofi Onyankopɔn nkyɛn.”

18Yudafo no annye anni ara da sɛ, na saa aberante no yɛ onifuraefo a afei de ohu ade, kosi sɛ wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ nʼawofo bae, 19ma wobisaa wɔn se, “Mo ba ni ana? Mokyerɛ sɛ mowoo no no, na ɔyɛ onifuraefo ana? Ɛyɛɛ dɛn na afei de ohu ade yi?”

20Nʼawofo no buae se, “Yegye to mu sɛ ɔyɛ yɛn ba, na yɛwoo no no nso, na ɔyɛ onifuraefo. 21Nanso yennim nea enti a afei de ohu ade yi. Saa ara nso na yennim onipa ko a ɔma ohuu ade no. Ɔno ara ni, nʼani nso afi a obetumi akasa ama ne ho nti mummisa no.” 22Nea ɛmaa nʼawofo no kaa saa ne sɛ, na wosuro Yudafo mpanyimfo no a wɔaka se, obiara a ɔbɛka se Yesu ne Agyenkwa no no, wɔbɛpam no afi asɔredan no mu hɔ no. 23Eyi nti na nʼawofo no kae se, “Nʼani afi a obetumi akasa ama ne ho enti mummisa no” no.

24Wɔsan frɛɛ aberante a na ɔyɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no se, “Hyɛ bɔ wɔ Onyankopɔn din mu se, asɛm a yɛrebebisa wo yi wubedi nokware. Yenim sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔdebɔneyɛni.”

25Aberante no buaa wɔn se, “Me de, sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni o, sɛ nso ɔyɛ onipa pa o, ɛno de, minnim. Nea minim ara ne sɛ kan no na meyɛ onifuraefo na afei de mihu ade.”

26Wobisaa no bio se, “Dɛn na ɔyɛɛ wo ma wuhuu ade?”

27Aberante no de abufuw buaa wɔn se, “Maka nokware no akyerɛ mo, nanso moantie. Dɛn bio na mopɛ sɛ meka kyerɛ mo? Anaasɛ mo nso mopɛ sɛ mobɛyɛ nʼasuafo?”

28Mpanyimfo no yeyaw no san kae se, “Wo mmom na woyɛ saa akoa no suani; na yɛn de, yɛyɛ Mose asuafo. 29Yenim pefee sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose nanso saa Yesu yi de, yennim faako a ofi mpo!”

30Aberante yi ka kyerɛɛ mpanyimfo no se, “Ɛyɛ me nwonwa yiye sɛ obi a otumi ma onifuraefo hu ade no mutumi ka se munnim faako a ofi. 31Yenim sɛ Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfo asɛm; na mmom otie nnipa a wodi no ni na wɔyɛ nʼapɛde no. 32Efi adebɔ mfiase, yɛntee da sɛ obi ama onifuraefo ahu ade; 33sɛ ɔbarima yi mfi Onyankopɔn hɔ a anka ɔrentumi nyɛ anwonwade a ɛte sɛɛ.”

34Mpanyimfo no nso de abufuw buaa no se, “Ɔdebɔneyɛni te sɛ wo na wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn?” Wosunsum no fii asɔredan no mu hɔ.

Honhom Mu Anifurae

35Yesu tee sɛ wɔasunsum aberante no afi asɔredan no mu hɔ no, ɔhwehwɛɛ no bisaa no se, “Wugye Onipa Ba no di ana?”

36Aberante no buaa no se, “Me wura, kyerɛ me saa Onipa Ba no sɛnea ɛbɛyɛ a megye no adi!”

37Yesu ka kyerɛɛ no se, “Woahu no dedaw; ɔno na ɔne wo rekasa yi.”

38Aberante no de anigye kae se, “Awurade, migye di.” Afei ɔkotow Yesu.

39Yesu kae se, “Mebaa wiase ha sɛ merebebu atɛn, na mama wɔn a wɔyɛ anifuraefo no ahu ade, na makyerɛ wɔn a wogye di sɛ wohu ade no sɛ, wɔyɛ anifuraefo.”

40Farisifo a na wogyinagyina hɔ no bisaa no se, “Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ yɛyɛ anifuraefo ana?”

41Yesu buaa wɔn se. “Sɛ mugye to mu sɛ moyɛ anifuraefo a, ɛno de anka munnni nea maka no ho fɔ. Esiane sɛ mugye to mu sɛ muhu ade nti motena afɔbu mu.”

Asante Twi Contemporary Bible

Yohane 9:1-41

Yesu Sa Onifirani Bi Yadeɛ

1Yesu nam no, ɔhunuu aberanteɛ bi a wɔwoo no onifirani, 2Nʼasuafoɔ no bisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, saa onifirani yi awofoɔ bɔne a wɔyɛeɛ anaa ɔno ankasa bɔne enti na ama nʼani afira yi?”

3Yesu buaa sɛ, “Ɛnyɛ nʼawofoɔ anaa nʼankasa bɔne enti na nʼani afira. Na mmom, nʼani afira sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma. 4Esiane sɛ adesaeɛ nkyɛre ba no enti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. Sɛ adeɛ sa a, obiara ntumi nyɛ adwuma. 5Ɛberɛ a mewɔ ewiase yi deɛ, mene ewiase hann no.”

6Ɔkaa saa no, ɔtee ntasuo guu fam de fotɔɔ dɔteɛ na ɔde dɔteɛ no sraa onifirani no ani so. 7Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ ɔtadeɛ Siloa no mu, na kɔhohoro wʼanim.”9.7 Siloa nkyerɛaseɛ ne “Somaa”. Onifirani yi kɔ kɔhohoroo nʼanim san baeɛ a, afei deɛ ohunu adeɛ.

8Onifirani no afipamfoɔ a wɔhunuu no sɛ ɔte ɛkwan ho srɛsrɛ adeɛ no hunuu no no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛnyɛ aberanteɛ a na ɔsrɛsrɛ adeɛ no ni?”

9Ebinom kaa sɛ, “Ɛyɛ ɔno,” na afoforɔ nso kaa sɛ, “Dabi, ɛnyɛ ɔno, na mmom, sɛ na ɔsɛ no.”

Aberanteɛ yi kaa sɛ, “Ɛyɛ me.”

10Nnipa no bisaa no sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na afei wohunu adeɛ yi?”

11Ɔbuaa wɔn sɛ, “Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu no fotɔɔ dɔteɛ na ɔde sraa mʼani so na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔ ɔtadeɛ Siloa mu na kɔhohoro wʼanim’. Enti, mekɔeɛ. Mehohoroo mʼanim wieeɛ pɛ na mehunuu adeɛ.”

12Wɔsane bisaa no bio sɛ, “Saa Yesu no wɔ he?”

Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mennim.”

Farisifoɔ Nsɛmmisa Wɔ Ayaresa No Ho

13Wɔde aberanteɛ a na nʼani afira no brɛɛ Farisifoɔ no. 14Ɛda a Yesu saa onifirani no yadeɛ no, na ɛyɛ homeda. 15Farisifoɔ no nso bisaa aberanteɛ no sɛdeɛ ɛyɛeɛ a afei deɛ ɔhunuu adeɛ. Aberanteɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ Yesu de dɔteɛ a wɔafɔtɔ sraa nʼani so na ɔkɔhohoroeɛ na ɔhunuu adeɛ no.

16Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ, “Onipa a ɔyɛɛ saa adeɛ yi mfiri Onyankopɔn hɔ, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda mmara no so.”

Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔte sɛɛ yi bɛtumi ayɛ saa anwanwadwuma yi?” Saa akyinnyeɛ yi maa mpaapaemu baa wɔn mu.

17Afei Farisifoɔ yi sane bisaa aberanteɛ no sɛ, “Wo na wose ɔma wohunuu adeɛ, ɛdeɛn asɛm na woka fa ne ho?”

Aberanteɛ yi buaa sɛ, “Megye di sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a ɔfiri Onyankopɔn nkyɛn.”

18Yudafoɔ no annye anni ara da sɛ, na saa aberanteɛ no yɛ onifirani a afei deɛ ɔhunu adeɛ, kɔsi sɛ wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ nʼawofoɔ baeɛ 19ma wɔbisaa wɔn sɛ, “Mo ba ni anaa? Mokyerɛ sɛ mowoo no no, na ɔyɛ onifirani anaa? Ɛyɛɛ dɛn na afei deɛ ɔhunu adeɛ yi?”

20Nʼawofoɔ no buaa sɛ, “Yɛgye tom sɛ ɔyɛ yɛn ba, na yɛwoo no no nso, na ɔyɛ onifirani. 21Nanso yɛnnim deɛ enti a afei deɛ ɔhunu adeɛ yi. Saa ara nso na yɛnnim onipa ko a ɔma ɔhunuu adeɛ no. Ɔno ara ni, nʼani nso afi a ɔbɛtumi akasa ama ne ho enti mommisa no.” 22Deɛ ɛmaa nʼawofoɔ no kaa saa ne sɛ, na wɔsuro Yudafoɔ mpanimfoɔ no a wɔaka sɛ, obiara a ɔbɛka sɛ Yesu ne Agyenkwa no no, wɔbɛpam no afiri asɔredan no mu hɔ no. 23Yei enti na nʼawofoɔ no kaa sɛ, “Nʼani afi a ɔbɛtumi akasa ama ne ho enti mommisa no” no.

24Wɔsane frɛɛ aberanteɛ a na ɔyɛ onifirani no ka kyerɛɛ no sɛ, “Hyɛ bɔ wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, asɛm a yɛrebɛbisa wo yi wobɛdi nokorɛ. Yɛnim sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.”

25Aberanteɛ no buaa wɔn sɛ, “Me deɛ, sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ o, sɛ nso ɔyɛ onipa pa o, ɛno deɛ, mennim. Deɛ menim ara ne sɛ, kane no na meyɛ onifirani na afei deɛ mehunu adeɛ.”

26Wɔbisaa no bio sɛ, “Ɛdeɛn na ɔyɛɛ wo ma wohunuu adeɛ?”

27Aberanteɛ no de abufuo buaa wɔn sɛ, “Maka nokorɛ no akyerɛ mo, nanso moantie. Ɛdeɛn bio na mopɛ sɛ meka kyerɛ mo? Anaasɛ mo nso mopɛ sɛ mobɛyɛ nʼasuafoɔ?”

28Mpanimfoɔ no yeyaa no sane kaa sɛ, “Wo mmom na woyɛ saa akoa no suani; na yɛn deɛ, yɛyɛ Mose asuafoɔ. 29Yɛnim pefee sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose, nanso saa Yesu yi deɛ, faako a ɔfiri mpo, yɛnnim!”

30Aberanteɛ yi ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Ɛyɛ me nwanwa yie sɛ obi a ɔtumi ma onifirani hunu adeɛ no, motumi ka sɛ monnim faako a ɔfiri. 31Yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfoɔ asɛm; na mmom ɔtie nnipa a wɔdi no ni na wɔyɛ nʼapɛdeɛ no. 32Ɛfiri adebɔ ahyɛaseɛ yɛntee da sɛ obi ama onifirani ahunu adeɛ da; 33sɛ ɔbarima yi mfiri Onyankopɔn hɔ a, anka ɔrentumi nyɛ anwanwadeɛ a ɛte sei.”

34Mpanimfoɔ no nso de abufuo buaa no sɛ, “Ɔdebɔneyɛfoɔ te sɛ wo na wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn?” Wɔsunsum no firii asɔredan no mu hɔ.

Honhom Mu Anifiraeɛ

35Ɛberɛ a Yesu tee sɛ wɔsunsum aberanteɛ no firii asɔredan no mu hɔ no no, ɔhwehwɛɛ no bisaa no sɛ, “Wogye Onipa Ba no di anaa?”

36Aberanteɛ no buaa no sɛ, “Me wura, kyerɛ me saa Onipa Ba no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛgye no adi!”

37Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woahunu no dada; ɔno na ɔne wo rekasa yi.”

38Aberanteɛ no de anigyeɛ kaa sɛ, “Awurade, megye medi.” Afei, ɔkotoo Yesu.

39Yesu kaa sɛ, “Mebaa ewiase ha sɛ merebɛbu atɛn, na mama wɔn a wɔyɛ anifirafoɔ no ahunu adeɛ, na makyerɛ wɔn a wɔgye di sɛ wɔhunu adeɛ no sɛ, wɔyɛ anifirafoɔ.”

40Farisifoɔ a na wɔgyinagyina hɔ no bisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ yɛyɛ anifirafoɔ anaa?”

41Yesu buaa wɔn sɛ. “Sɛ mogye tom sɛ moyɛ anifirafoɔ a, ɛnneɛ anka monni deɛ maka no ho fɔ. Esiane sɛ mogye to mu sɛ mohunu adeɛ enti motena afɔbuo mu.”