Yohane 10 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yohane 10:1-42

Oguanhwɛfo Pa No

1“Mereka nokware akyerɛ mo Farisifo no se, onipa biara a ɔmfa nguankuw kwan ano na ɔfa ɔkwan foforo so foro kɔ mu no yɛ owifo. 2Onipa a ɔfa ɔkwan ano kɔ mu no ne oguanhwɛfo no. 3Ɔpon no anohwɛfo no bue ɔpon no ma no, na sɛ ɔfrɛ nguan no nso a wɔte ne nne ma ɔde wɔn fi adi. 4Sɛ ɔde wɔn fi adi a, odi nguan no anim na nguan no nso di nʼakyi, efisɛ wɔte ne nne. 5Wɔrenni onipa foforo biara akyi. Na sɛ ɔfrɛ wɔn a wɔremma, efisɛ wɔnte ne nne.” 6Yesu buu wɔn saa bɛ yi nanso nnipa no ante no ase.

7Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio se, “Mereka nokware akyerɛ mo se mene nguannan no ano pon no. 8Wɔn a wodii mʼanim kan no yɛ awifo ne adwowtwafo; ɛno nti nguan no ante wɔn nne anni wɔn akyi. 9Mene ɔpon no. Obiara a ɔnam me so bewura mu no benya nkwa; wobewura mu asan afi adi na wobenya adidibea. 10Owifo ba a, obewia anaasɛ obedi awu anaasɛ ɔbɛsɛe ade. Me de, maba sɛ ɛbɛyɛ a mubenya nkwa a edi mu.

11“Mene oguanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa no ne obi a otumi de ne nkwa to hɔ ma ne nguan. 12Obi a wɔabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nguan so no nyɛ nguan no wura; ɛno nti, sɛ ohu sɛ pataku reba a oguan gyaw nguan no hɔ, na pataku no tow hyɛ nguan no so ma wɔbɔ ahwete. 13Ɔpaani no guan, efisɛ wɔabɔ no paa na nguan no yiyedi mfa ne ho.

14“Mene oguanhwɛfo pa no. Minim me nguan na me nguan nso nim me, 15sɛnea Agya no nim me na me nso minim Agya no. Masiesie me ho nso sɛ mewu ama nguan no. 16Nguan afoforo bi wɔ hɔ a wɔyɛ me de nanso wonnya mmɛkaa saa nguankuw yi ho ɛ. Ɛsɛ sɛ mede wɔn nso bɛka saa nguankuw yi ho. Wobetie me nne na wɔbɛyɛ nguankuw baako a oguanhwɛfo baako pɛ na ɔhwɛ wɔn so. 17Agya no dɔ me efisɛ masiesie me ho sɛ mede me nkwa bɛto hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a daakye me nsa bɛka bio. 18Obiara rentumi nnye me nkwa mfi me nsam. Me ara me pɛ mu na mede bɛma. Mewɔ tumi sɛ mede ma na mewɔ tumi nso sɛ mesan gye bio. Eyi ne nea mʼAgya ahyɛ me sɛ menyɛ no.”

19Asɛm a Yesu kae no nti, ɛmaa mpaapaemu baa Yudafo no mu. 20Wɔn mu pii kae se, “Ɔwɔ honhommɔne! Nʼadwene mu ka no! Adɛn nti na mutie no?”

21Afoforo nso kae se, “Onipa a ɔwɔ honhommɔne rentumi nkasa sɛɛ! Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ honhommɔne betumi ama onifuraefo ahu ade?”

Yudafo Nnye Yesu Nni

22Awɔw bere bi mu a Asɔredandwira duu wɔ Yerusalem no, 23Yesu kɔpasee wɔ asɔredan no mu baabi a wɔfrɛ hɔ se Salomo Abrannaa so. 24Yudafo no betwaa ne ho hyia kae se, “Wobɛma yɛatwɛn akosi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn.”

25Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Maka akyerɛ mo dedaw nanso munnnye me nni. Me nnwuma a menam mʼAgya tumi so yɛ no di me ho adanse, 26nanso munnnye nni, efisɛ monyɛ me nguan. 27Me nguan te me nne, me nso minim wɔn na wodi mʼakyi. 28Mema wɔn nkwa a enni awiei a wɔrenwu da, na obi rentumi nhuam wɔn mfi me nsam. 29MʼAgya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sen obiara, na obiara rentumi nhuam wɔn mfi me nsam. 30Me ne Agya no yɛ baako.”

31Yudafo no san tasee abo sɛ anka wɔde rebesiw no. 32Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no ama moahu, na emu nea ɛwɔ he ho nti na mopɛ sɛ musiw me abo yi?”

33Yudafo no buaa no se, “Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no nti na yɛpɛ sɛ yesiw wo abo, na mmom wʼabususɛm a wokae no nti. Woyɛ onipa desani nso woyɛ wo ho sɛ Onyankopɔn!”

34Yesu buaa wɔn se, “Wɔakyerɛw wɔ mo ara ankasa mo mmara mu se, Onyankopɔn kae se, ‘Moyɛ anyame.’ 35Ɛno nti sɛ Onyankopɔn nam anyamesɛm a ɛyɛ nokware so frɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no se ‘anyame’ a, 36adɛn na sɛ nea Agya no somaa no baa wiase no ka se, ‘mene Onyankopɔn Ba no’ a muse waka abususɛm? 37Sɛ menyɛ nnwuma a mʼAgya pɛ sɛ meyɛ no de a ɛno de, munnnye me nni. 38Nanso sɛ meyɛ mʼAgya no nnwuma na sɛ munnnye me nni mpo a munnye nnwuma no nni sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ ne mu.” 39Nkurɔfo no pɛɛ sɛ wɔkyere no bio, nanso wɔantumi.

40Yesu san twa kɔɔ Yordan agya wɔ faako a Yohane bɔ asu no kɔtenaa hɔ. 41Nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. Wɔn mu dodow no ara kae se, “Yohane anyɛ anwonwade, nanso biribiara a ɔka faa saa ɔbarima yi ho no yɛ nokware.” 42Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu bebree gyee no dii.

Japanese Contemporary Bible

ヨハネの福音書 10:1-42

10

良い羊飼いであるイエス

1「よく言っておきます。羊の囲いの中に門から入らないで、柵を乗り越えて忍び込む者は強盗です。 2羊飼いなら堂々と門から入って来るはずです。 3門番も羊飼いには門を開けてくれます。彼の声を聞くと、羊は回りに駆け寄って来ます。羊飼いは一匹一匹自分の羊の名を呼んで連れ出すのです。 4先頭に立つのは羊飼い、羊はそのあとについて行きます。その声を知っているからです。 5知らない人にはついて行かず、反対に逃げ出します。聞き覚えのない声だからです。」 6イエスがこのたとえ話をなさっても、聞いている人々には、どういう意味かさっぱりわかりませんでした。

7そこでイエスは説明なさいました。「いいですか。わたしが羊の出入りする門なのです。 8わたしより前に来た人々はみな、どろぼうか強盗です。羊は、彼らの言うことは聞きませんでした。 9わたしは門なのです。この門から入る者は救われます。また、安心して出入りができ、緑の牧草を見つけるのです。 10強盗は、盗んだり、殺したり、滅ぼしたりするために来ます。しかしわたしが来たのは、いのちをあふれるほど豊かに与えるためです。 11わたしはまた、良い羊飼いです。良い羊飼いは羊のためにはいのちも捨てます。 12雇い人は、狼が来れば羊を捨てて、すぐに逃げ出します。彼らは羊の持ち主でも、羊飼いでもないからです。こうして狼は羊にとびかかり、群れを追い散らしてしまいます。 13雇い人はお金で雇われているだけで、羊のことをほんとうに心にかけているわけではないので、平気で逃げてしまうのです。 14わたしは良い羊飼いであり、自分の羊を知っています。また、羊もわたしを知っています。 15わたしの父がわたしを知っておられ、わたしも父を知っているのと同じです。わたしは羊のためにいのちを捨てるのです。 16このほかに、別の囲いにも羊がいます。その羊をも導かなければなりません。やがてその羊も、わたしの声に注意深く聞き従い、一人の羊飼いのもとに一つの群れとなるのです。 17わたしが再びいのちを得るためにいのちを投げ出すからこそ、父はわたしを愛してくださいます。 18だれもわたしの意に反して、わたしを殺すことはできません。わたしが、自分から進んでいのちを捨てるのです。わたしには、いのちを自由に捨て、もう一度それを得る権威と力があるからです。父がこの権威を下さったのです。」

19この話のことで、ユダヤ人の指導者たちの意見は、また真っ二つに分かれました。 20「あいつは悪霊につかれているか、それとも気が変になっているかだ。あんなやつの言うことに耳を貸す必要なんかない」と息まく者があるかと思えば、 21「いいや、とても悪霊につかれた者のことばとは思えない。だいいち、悪霊に盲人の目を開けることなんかできるはずもないだろう」と言い出す者もいました。

宮きよめの祭り

22-23時は冬でした。宮きよめの祭りがあり、イエスもエルサレムにおられました。ちょうど、宮の中のソロモンの廊と呼ばれる所を歩いておられると、 24ユダヤ人の指導者たちが来て、回りを取り囲みました。「いつまで気をもませるつもりですか。キリスト(救い主)なら、はっきりそう言ったらいいでしょう。」 25彼らの質問に、イエスはお答えになりました。「そのことならもう話しました。あなたがたは信じませんでしたが。わたしは、父の御名によって何度も奇跡を行ったでしょう。証拠はそれで十分なはずです。 26それでも、あなたがたはわたしを信じないのです。あなたがたはわたしの羊の群れに属さないのですから、しかたがありません。 27わたしの羊はわたしの声を聞き分けます。わたしは彼らを知っているし、彼らもわたしにはついて来ます。 28わたしは彼らに永遠のいのちを与えるのです。彼らは絶対に滅びることがなく、また、だれもわたしの手から彼らを奪い取ることはできません。 29父がわたしに下さった群れなのですから。父はだれよりも力があります。わたしの羊をさらうことなど、だれにもできません。 30わたしと父とは一つです。」

31これを聞いたユダヤ人の指導者たちは、やにわに石をつかみました。イエスを打ち殺そうというのです。 32「わたしは神のお心どおり、たくさんの良いわざを行って人々を助けただけです。それのどこが悪くて殺されなければならないのでしょうか。」 33「なにも良い行いを責めているわけではない。神を汚したからだ。ただの人間のくせに、神だなどとぬかしおって!」 34「あなたがたの律法には、『わたしは言った。「あなたがたは神々だ」』詩篇82・6と書いてあるではありませんか。 35無効になることのありえない聖書が、神のことばを受けた人々のことを神々と呼んでいるのです。 36とすれば、父がきよめ分かち、この世にお遣わしになった者が『わたしは神の子だ』と言ったからといって、どうして神を汚すことになるのですか。 37わたしが神のみわざを行っていないのなら、わたしを信じなくてかまいません。 38しかし、もし神のみわざを行っているのなら、わたしを信じないにしても、みわざそのものを信用しなさい。父がわたしのうちにおられ、わたしが父のうちにいることがはっきりわかるでしょう。」 39彼らが、またもイエスを捕らえようとしたので、イエスはうまくその場を切り抜け、エルサレムをあとになさいました。

40そしてヨルダン川を渡り、ヨハネが最初にバプテスマ(洗礼)を授けていたあたりに滞在されましたが、 41ここでも、多くの人が、あとからあとから詰めかけて来ます。彼らは口々に言いました。「ヨハネは一つも奇跡を行わなかったけれど、この方について話したことは、何もかもそのとおりになった。」 42こうして多くの人が、イエスこそメシヤ(救い主)だと信じるようになったのです。