1Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoel so ni.
Mmoadabi San Tue
2Muntie saa asɛm yi, mo mpanyimfo;
muntie, mo a mote asase no so nyinaa.
Asɛm bi a ɛte sɛɛ asi mo mmere so
anaa mo mpanyimfo mmere so pɛn?
3Monka nkyerɛ mo mma,
na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mma
na wɔn mma nso nka nkyerɛ awo ntoatoaso a edi so no.
4Nea mmoadabikuw no gyawee no,
mmoadabi akɛse no awe;
nea mmoadabi akɛse no gyawee no,
mmoadabi nkumaa no awe;
nea mmoadabi nkumaa no gyawee no,
mmoadabi afoforo awe.
5Mo asabowfo, munnyan, na munsu!
Mo a monom bobesa nyinaa, muntwa adwo;
muntwa adwo, nsa foforo no nti,
efisɛ wɔahuam afi mo ano.
6Ɔman bi atu mʼasase so sa;
dɔm a wɔyɛ den na wontumi nkan wɔn;
wɔn se te sɛ gyata se
na wɔwɔ gyatabere sebɔmmɔfo.
7Wasɛe me bobe
ne me borɔdɔma nnua.
Wawaawae nnua no ho bona,
atow agu
agyaw ne mman ho fitaa.
8Di awerɛhow sɛ ababaa a ofura atweaatam
na ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaabere mu.
9Aduan ne ahwiesa afɔrebɔde,
wɔayi afi Awurade fi.
Asɔfo no retwa adwo,
wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no.
10Mfuw asɛe,
asase no so awo wosee
aduan no asɛe
nsa foforo no ayow
ngo nyinaa asa.
11Mo ani nwu, mo akuafo,
muntwa adwo, mo a mudua bobe;
Munsi apini mma awi ne atoko,
efisɛ otwabere no asɛe.
12Bobe no akisa
na borɔdɔma nnua no awuwu.
Atoaa nnua, mmedua, aprɛ ne
nnua a ɛwɔ mfuw no so nyinaa ahyew.
Nokware, anigye a nnipa wɔ no
atu ayera.
13Mumfura atweaatam na munni awerɛhow, asɔfo;
mo a mosom wɔ afɔremuka anim, muntwa adwo.
Mumfura atweaatam mmesi pɛ,
mo a mosom wɔ Onyankopɔn anim;
efisɛ aduan ne ahwiesa afɔrebɔde no
to atwa wɔ Onyankopɔn fi.
14Mommɔ mmuadadi kronkron ho dawuru;
momfrɛ nhyiamu kronkron.
Momfrɛ mpanyimfo
ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa
mmra Awurade mo Nyankopɔn fi
na wommesu mfrɛ Awurade.
15A, da no de!
Awurade da no abɛn;
Ɛbɛba sɛ ɔsɛe a efi Otumfo hɔ.
16So aduan ho nkɔɔ wɛn, a yɛani tua,
anigye ne ahosɛpɛw to atwa
wɔ yɛn Nyankopɔn fi ana?
17Aba no wu wɔ asase wosee mu,
adekoradan abubu,
aburowpata nso so nni mfaso,
efisɛ nnuan no ahyew.
18Sɛnea anantwi su!
na anantwikuw kyinkyin kwa.
Nguankuw mpo rebrɛ
efisɛ wonni didibea.
19Awurade, wo na misu frɛ wo,
efisɛ ogya ahyew sare so adidibea,
na ogyatannaa ahyew mfuw no so nnua nyinaa.
20Wuram mmoa mpo pere hwehwɛ wo.
Nsuwansuwa ayoyow,
na ogya ahyew sare so adidibea.
1以下是耶和华对毗土珥的儿子约珥所说的话。
严重的蝗灾
2长老们啊,要听此言!
此地所有的居民啊,要留心听!
在你们或你们祖先的时代可曾发生过这样的事?
3要把这事告诉你们的子子孙孙,
传到世世代代!
4蝗虫吃剩的,蝻子来吃;
蝻子吃剩的,蚱蜢来吃;
蚱蜢吃剩的,蚂蚱来吃1:4 “蝗虫、蝻子、蚱蜢和蚂蚱”四个希伯来词语的确切意思很难考证。。
5醉酒之徒啊,醒过来哭泣吧!
贪杯的人啊,哀号吧!
你们再无美酒可饮了。
6有一群强大的队伍侵犯我的国土,
它们不计其数,
有雄狮的獠牙和母狮的利齿。
7它们毁坏我的葡萄树和无花果树,
剥光树皮,然后丢弃,
只留下光秃的树枝。
8我的子民啊,你们要哀哭,
像身披麻衣的少女哭她的未婚夫。
9耶和华殿中的素祭和奠祭都停止了,
事奉耶和华的祭司都哀伤。
10田园荒废,遍地凄凉,
五谷尽毁,
再也没有新酒和油了。
11农夫啊,你们要忧伤!
照料葡萄园的人啊,
你们要哀号!
因为田间的大麦和小麦全毁了。
12葡萄树枯死,
无花果树凋残,
石榴树、棕树、苹果树等田野的一切树木枯干。
人间的欢乐消逝了。
13祭司啊,披上麻衣痛哭吧;
在祭坛前事奉的人啊,要哀号;
我上帝的仆人啊,要披上麻衣过夜;
因为再无素祭和奠祭献到你们上帝的殿中了。
14你们要宣布禁食的圣日,
举行庄严的聚会,
召集长老和当地所有居民,
到你们的上帝耶和华的殿中,
向耶和华呼求。
15那日可怕呀!耶和华的日子近了,
那是全能者施行毁灭的日子。
16我们亲眼看着粮食断绝,
我们上帝殿中的欢乐消失。
17种子在土里腐烂,
五谷枯死,仓库荒废,
谷仓被拆毁。
18牲畜哀鸣,
牛群因无草场而彷徨,
羊群也受苦。
19耶和华啊,我向你呼求,
因为火焰吞灭了旷野的草场,
烈火烧光了田野的树木。
20田野的走兽向你呼求,
因为溪水已经枯干,
火也烧尽了旷野的草场。