Yesaia 64 – AKCB & NAV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 64:1-12

1Ao, sɛ anka wubesunsuane ɔsorosoro mu, asian aba fam a,

ɛno na anka mmepɔw no ho bɛpopo wɔ wʼanim!

2Sɛnea ogya ma mmabaa dɛw

na ɛma nsu huru no,

sian bra fam na ma wʼatamfo nhu wo din,

na ma amanaman no ho mpopo wɔ wʼanim!

3Na bere a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a yɛanhwɛ anim no,

wusian baa fam na mmepɔw no ho popoo wɔ wʼanim.

4Efi teteete obiara ntee,

entwaa obiara aso mu,

ani biara nhuu Onyankopɔn bi sɛ wo,

nea odi dwuma ma wɔn a wɔtwɛn no no.

5Woboa wɔn a wɔde anigye yɛ nea ɛteɛ,

wɔn a wɔkae wʼakwan.

Nanso yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa wɔn no,

wo bo fuwii.

Na afei ɛbɛyɛ dɛn na woagye yɛn nkwa?

6Yɛn nyinaa ayɛ sɛ obi a ne ho ntew,

na yɛn trenee nneyɛe nyinaa te sɛ ntamagow fi;

yɛn nyinaa akisa te sɛ ahaban,

na yɛn bɔne pra yɛn kɔ te sɛ mframa.

7Obiara mmɔ wo din,

na obiara mpere sɛ obeso wo mu;

efisɛ wode wʼanim ahintaw yɛn

na yɛn bɔne nti woama yɛasɛe.

8Nanso wo, Awurade, ne yɛn Agya.

Yɛyɛ dɔte, na wo ne ɔnwemfo no;

yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.

9Mma wo bo mfuw ntra so, Awurade;

nkae yɛn bɔne da biara da.

Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo,

efisɛ yɛn nyinaa yɛ wo nkurɔfo.

10Wo nkuropɔn kronkron no adan nweatam;

Sion mpo ayɛ nweatam, Yerusalem ada mpan.

11Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ anuonyam, faako a yɛn nenanom yii wo ayɛ no,

wɔde ogya ahyew,

na nea ɛsom bo ma yɛn no, abubu.

12Eyi nyinaa akyi, Awurade, wode wo ho bɛkame yɛn ana?

Wobɛkɔ so ayɛ komm atwe yɛn aso aboro so ana?

Ketab El Hayat

إشعياء 64:1-12

1لَيْتَكَ تَشُقُّ السَّمَاوَاتِ وَتَنْزِلُ فَتَتَزَلْزَلَ الْجِبَالُ مِنْ حَضْرَتِكَ! 2فَتَكُونُ كَالنَّارِ الَّتِي تُضْرِمُ الْهَشِيمَ، وَتَجْعَلُ الْمِيَاهَ تَغْلِي لِكَيْ تُعَرِّفَ أَعْدَاءَكَ اسْمَكَ، فَتَرْتَعِبُ الأُمَمُ مِنْ حَضْرَتِكَ. 3عِنْدَمَا أَجْرَيْتَ أَعْمَالاً مُخِيفَةً لَمْ نَتَوَقَّعْهَا، نَزَلْتَ فَتَزَلْزَلَتِ الْجِبَالُ مِنْ حَضْرَتِكَ. 4مُنْذُ الأَزَلِ لَمْ يَسْمَعْ أَحَدٌ وَلَمْ تُصْغِ أُذُنٌ وَلَمْ تَرَ عَيْنٌ إِلَهاً سِوَاكَ يُجْرِي مَا تَصْنَعُهُ لِلَّذِينَ يَنْتَظِرُونَكَ. 5أَنْتَ تُلاقِي مَنْ يَفْرَحُ بِعَمَلِ الْبِرِّ وَمَنْ يَسْلُكُ دَائِماً فِي طُرُقِكَ. لَكَمْ سُخْطْتَ عَلَيْنَا لأَنَّنَا وَاظَبْنَا عَلَى ارْتِكَابِ الآثَامِ زَمَاناً طَوِيلاً، فَكَيْفَ لِمِثْلِنَا أَنْ يَخْلُصَ؟ 6كُلُّنَا أَصْبَحْنَا كَنَجِسٍ، وَأَضْحَتْ جَمِيعُ أَعْمَالِ بِرِّنَا كَثَوْبٍ قَذِرٍ، فَذَبُلْنَا كَأَوْرَاقِ الشَّجَرِ وَعَبَثَتْ بِنَا آثَامُنَا كَالرِّيحِ. 7لَيْسَ هُنَاكَ مَنْ يُنَادِي بِاسْمِكَ، وَيَحْرِصُ عَلَى التَّمَسُّكِ بِكَ لأَنَّكَ حَجَبْتَ وَجْهَكَ عَنَّا ولاشَيْتَنَا بِسَبَبِ مَعَاصِينَا. 8وَمَعَ ذَلِكَ فَأَنْتَ أَيُّهَا الرَّبُّ أَبُونَا، نَحْنُ الطِّينُ وَأَنْتَ الْخَزَّافُ، وَكُلُّنَا عَمَلُ يَدَيْكَ.

9لَا تُوْغِلْ فِي غَضَبِكَ عَلَيْنَا يَا رَبُّ، وَلا تَذْكُرِ الإِثْمَ إِلَى الأَبَدِ. إِنَّمَا انْظُرْ إِلَيْنَا، فَكُلُّنَا شَعْبُكَ. 10قَدِ اسْتَحَالَتْ مَدِينَتُكَ الْمُقَدَّسَةُ إِلَى قَفْرٍ، وَأَصْبَحَتْ صِهْيَوْنُ بَرِّيَّةً وَأُورُشَلِيمُ مُوحِشَةً، 11وَاحْتَرَقَ بِالنَّارِ هَيْكَلُنَا الْمُقَدَّسُ الْبَهِيُّ، الَّذِي شَدَا آبَاؤُنَا فِيهِ بِتَسْبِيحِكَ، وَصَارَ كُلُّ مَا هُوَ أَثِيرٌ لَدَيْنَا خَرَاباً. 12هَلْ بَعْدَ هَذَا كُلِّهِ تَسْكُتُ يَا رَبُّ، وَتَعْتَصِمُ بِالصَّمْتِ وَتُنْزِلُ بِنَا أَشَدَّ الْبَلاءِ؟