Onyankopɔn Aweretɔ Ne Ogye Da No
1Hena ne oyi a ofi Edom reba,
nea ofi Bosra a nkekae kɔkɔɔ wɔ nʼatade mu yi?
Hena ne oyi a wɔahyehyɛ no kɔsɔɔ yi,
a ɔde nʼahoɔden kɛse retutu taataa yi?
“Ɛyɛ me a, mekasa wɔ trenee mu,
nea otumi gye nkwa no.”
2Adɛn nti na mo ntade bere kɔɔ,
te sɛ obi a ɔretiatia nsakyiamoa so de yi?
3“Me nko ara atiatia nsakyiamoa so,
na amanaman no mu obiara anka me ho.
Mitiatia wɔn so wɔ mʼabufuw mu
na mimiaa wɔn so wɔ mʼabufuwhyew mu;
wɔn mogya bɔ petee me ntade mu,
maa nkekae yɛɛ mʼadurade nyinaa mu.
4Na aweretɔda wɔ me koma mu
na me gye afe aba.
5Mehwɛe, nanso na ɔboafo biara nni hɔ,
ɛyɛɛ me ahodwiriw sɛ obiara anso me mu;
enti mʼankasa abasa yɛɛ nkwagyedwuma maa me,
na mʼabufuw wowaw me.
6Mitiatiaa amanaman no so wɔ mʼabufuw mu;
mema wɔbobowee wɔ mʼabufuwhyew mu
na mihwiee wɔn mogya guu fam.”
Ayeyi Ne Mpaebɔ
7Mɛka Awurade ayamye ho asɛm,
ne nneyɛe a enti ɔsɛ ayeyi,
wɔ nea Awurade ayɛ ama yɛn nyinaa ho
Yiw, wɔ nneɛma pa bebree a wayɛ
ama Israelfifo.
Wɔ nʼayamhyehye ne ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no nti.
8Ɔkae se, “Ampa ara wɔyɛ me nkurɔfo,
mmabarima a wɔrenni me huammɔ;”
ɛno nti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa.
9Wɔn amanehunu nyinaa mu, ɔno nso huu amane,
na ɔbɔfo a ɔka ne ho no nso gyee wɔn.
Ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu, ogyee wɔn;
ɔmaa wɔn so na ɔsoaa wɔn
mfe a atwa mu no nyinaa mu.
10Nanso wɔtew atua
de how ne Honhom Kronkron werɛ.
Enti ɔbɛyɛɛ wɔn tamfo
na ɔno ankasa ko tiaa wɔn.
11Afei ne nkurɔfo kae tete nna no,
Mose ne ne nkurɔfo nna no.
Ɛhe na nea ɔde wɔn faa po mu no wɔ?
Ɔne ne nguan no hwɛfo no?
Ɛhe na nea ɔmaa ne Honhom Kronkron no
tenaa wɔn mu no wɔ,
12nea ɔsomaa nʼanuonyam basa a ɛwɔ tumi
sɛ ommegyina Mose nsa nifa so no,
nea ɔpaee asu no mu wɔ wɔn anim,
de gyee din maa ne ho afebɔɔ no,
13nea odii wɔn anim faa bun mu
sɛnea ɔpɔnkɔ fa asase tamaa so,
wɔanhintiw;
14te sɛ anantwi a wɔkɔ sare so,
Awurade Honhom ma wɔhomee.
Sɛnea wokyerɛɛ wo nkurɔfo kwan
de gyee anuonyam abodin maa wo ho ni.
15Brɛ wʼani ase hwɛ fam
fi wʼahengua a ɛkorɔn, ɛyɛ kronkron na ho wɔ nyam no so.
Mo mmɔdemmɔ ne mo ahoɔden wɔ he?
Wɔayi wʼayamhyehye ne wʼahummɔbɔ afi yɛn so.
16Nanso wo ara wo ne yɛn Agya
ɛwɔ mu, Abraham nnim yɛn
na Israel nso nnye yɛn nto mu de;
nanso wo, Awurade, wo ne yɛn Agya;
efi tete, wo din ne; Yɛn Gyefo.
17Adɛn, Awurade, na woma yɛkwati wʼakwan
na wupirim yɛn koma enti ɛmma yenni wo ni?
San bra, esiane wʼasomfo,
mmusuakuw a wɔyɛ wʼagyapade no nti.
18Bere tiaa bi mu wo nkurɔfo faa wo kronkronbea
nanso mprempren yɛn atamfo atiatia so.
19Enti yɛyɛ wo de fi tete,
nanso wɔn de, wunnii wɔn so hene
na wɔmmɔɔ wo din mfrɛɛ wɔn da.