Yesaia 52 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 52:1-15

1Nyan, nyan, Sion,

hyɛ ahoɔden adurade no.

Hyɛ wo ntade fɛɛfɛ no

Yerusalem kuropɔn kronkron no.

Momonotofo ne wɔn a wɔn ho agu fi

renwura wʼapon mu bio.

2Poroporow wo ho mfutuma.

Sɔre, tena ahengua so, Yerusalem.

Yiyi nkɔnsɔnkɔnsɔn no fi wo kɔn mu,

Ɔbabea Sion a wɔafa wo nnommum.

3Na sɛɛ na Awurade se:

“Wɔantɔn wo annye hwee,

na ɛnyɛ sika na wɔde begye wo.”

4Na sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“Bere bi me nkurɔfo kɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ;

akyiri no Asiria bɛhyɛɛ wɔn so.

5“Na mprempren dɛn na mewɔ wɔ ha?” Sɛɛ na Awurade se.

“Wɔafa me nkurɔfo kɔ kwa,

na wɔn sodifo di fɛw,”

Awurade na ose.

“Da mu no nyinaa

wɔkɔ so gu me din ho fi.

6Enti me nkurɔfo behu me din;

enti da no wobehu sɛ

ɛyɛ me na mehyɛɛ ho nkɔm.

Yiw, ɛyɛ me.”

7Hwɛ sɛnea wɔn a wɔde asɛmpa no reba

anammɔn si yɛ fɛ wɔ mmepɔw no so,

wɔn a wɔpae mu ka asomdwoesɛm,

wɔn a wɔbɔ amanneɛdɛ,

wɔn a wɔpae mu ka nkwagye ho asɛm

na wɔka kyerɛ Sion se,

“Mo Nyankopɔn di hene.”

8Muntie! Mo awɛmfo ma wɔn nne so;

wɔbɔ mu de anigye teɛ mu.

Awurade san ba Sion a,

wɔde wɔn ani behu.

9Mommɔ mu ntue anigye nnwonto,

mo Yerusalem nnwiriwii,

efisɛ, Awurade akyekye ne nkurɔfo werɛ

wagye Yerusalem.

10Awurade beyi ne basa kronkron no ho

wɔ amanaman nyinaa anim

na asase ano nyinaa behu yɛn Nyankopɔn nkwagye.

11Monkɔ. Mumfi hɔ nkɔ!

Mommfa mo ho nnka biribiara a ho ntew.

Mumfi ho na mo ho ntew,

mo a mukurakura Awurade nkuruwa.

12Morentutu mmirika mfi ha

anaa morenguan;

efisɛ Awurade bedi mo anim,

Israel Nyankopɔn bɛbɔ mo kyidɔm.

Ɔsomfo No Amanehunu Ne Nʼanuonyam

13Hwɛ, me somfo bedi yiye

wɔbɛma no so ayɛ no ɔkɛse.

14Nea ɛmaa dodow a wohuu no ho dwiriw wɔn no,

wɔsɛee nʼanim a ansɛ onipa biara de

na nʼabɔsu sɛe a ɛnsɛ ɔdesani de,

15saa ara na ɔbɛma aman bebree ho adwiriw wɔn

na ahemfo bemuamua wɔn ano, ne nti.

Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no behu,

na wɔn a wɔntee no nso bɛte ase.