Yesaia 18 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 18:1-7

Nkɔmhyɛ A Etia Kus

1Due asase a ntaban nnyigyei wɔ so

wɔ Kus nsubɔnten ho,

2ɔsoma ananmusifo a wɔnam po so

wɔde paparɔso akorow fa nsu ani.

Monkɔ, asomafo ahoɔharefo,

monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom,

nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,

anuɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa,

na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu no nkyɛn.

3Mo wiasefo nyinaa,

mo a motete asase so,

sɛ wɔma frankaa so wɔ bepɔw no so a,

mubehu

sɛ wɔhyɛn torobɛnto a,

mobɛte.

4Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me,

“Mɛtena mʼatenae, na mahwɛ biribiara dinn.

Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ,

te sɛ bɔ a esi wɔ otwabere mu.”

5Ennya nnuu twabere, a nhwiren bere atwam no

na nhwiren no anyin adan bobe no,

wɔde asosɔw betwitwa mman no,

wobetwitwa mman a ɛredennan no akɔ.

6Wobegyaw wɔn nyinaa ama bepɔw so nnomaa

a wokum mmoa we ne wuram mmoa;

nnomaa no bedi wɔn nam wɔ ahuhuru bere mu.

Wuram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔw bere mu.

7Saa bere no, wɔde akyɛde bɛbrɛ Asafo Awurade

ebefi nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom hɔ,

nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,

aniɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa,

na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu,

wɔde akyɛde bɛba Sion Bepɔw so, faako a Asafo Awurade din atim no.

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 18:1-7

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Kus

1Due, asase a ntaban nnyegyeeɛ wɔ so

wɔ Kus nsubɔntene ho,

2a ɔsoma ananmusifoɔ a wɔnam ɛpo so

a wɔde paparɔs abonto fa nsuo ani.

Monkɔ, asomafoɔ ahoɔherɛfoɔ,

monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom no nkyɛn,

nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,

aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa,

na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu.

3Mo ewiasefoɔ nyinaa,

mo a motete asase so,

sɛ wɔpagya frankaa wɔ bepɔ no so a,

mobɛhunu.

Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto a,

mobɛte.

4Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me,

“Mɛtena mʼatenaeɛ na mahwɛ biribiara dinn.

Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ,

te sɛ ɛbɔ a ɛsi wɔ otwa berɛ mu.”

5Ɛnnya nnuruu twaberɛ a nhyerɛnne berɛ atwam no,

na nhwiren no anyini adane bobe no,

wɔde nsɔsɔ bɛtwitwa mman no;

wɔbɛtwitwa mman a ɛredendan no akɔ.

6Wɔbɛgya wɔn nyinaa ama bepɔ so nnomaa

a wɔkum mmoa we, ne wiram mmoa;

nnomaa no bɛdi wɔn nam wɔ ahuhuro ɛberɛ mu.

Wiram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔ berɛ mu.

7Saa ɛberɛ no wɔde akyɛdeɛ bɛbrɛ Asafo Awurade

ɛbɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom hɔ,

nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,

aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa,

na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu.

Wɔde akyɛdeɛ bɛba Sion Bepɔ so, beaeɛ a Asafo Awurade din atim no.