Yeremia 46 – AKCB & BPH

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 46:1-28

Nsɛm A Ɛfa Misraim Ho

1Eyi ne asɛm a efi Awurade nkyɛn baa odiyifo Yeremia hɔ a ɛfa aman no ho.

2Nea ɛfa Misraim ho:

Eyi ne nsɛm a etia Misraimhene Farao Neko asraafo a Babiloniahene Nebukadnessar dii wɔn so nkonim wɔ Karkemis, Asubɔnten Eufrate ho wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anan no:

3“Siesie wo nkatabo akɛse ne nketewa nyinaa,

na muntu santen nkɔ ɔsa!

4Munsiesie apɔnkɔ no,

na momforo ntenatena wɔn so.

Munnyinagyina mo afa

a mohyehyɛ mo nnade kyɛw!

Monsew mo mpeaw ano,

na monhyɛ mo nkatabo.

5Dɛn na mihu?

Wɔabɔ hu,

wɔresan wɔn akyi,

wɔn dɔmmarima adi nkogu.

Woguan ntɛm so

a wɔnhwɛ wɔn akyi,

na ehu wɔ baabiara,”

Awurade na ose.

6Ɔhoɔharefo ntumi nguan,

na ɔhoɔdenfo nso saa ara.

Atifi fam wɔ Asubɔnten Eufrate ho

wohintihintiw na wɔhwehwe ase.

7“Hena, na ɔma ne homene so sɛ Asubɔnten Nil,

sɛ nsubɔnten a mu nsu woro yi?

8Misraim ma ne homene so sɛ Nil,

sɛ nsubɔnten a mu nsu woro.

Ɔka se, ‘Mɛsɔre akata asase no so;

mɛsɛe nkuropɔn ne mu nnipa.’

9Monkɔ mo anim, apɔnkɔ!

Monka wɔn anibere so, mo nteaseɛnamkafo!

Muntu nteɛ, dɔmmarima,

Kus ne Put mmarima a mukura nkatabo,

Lidia mmarima a motow agyan.

10Nanso da no yɛ Awurade, Asafo Awurade dea,

aweretɔda, nʼatamfo so aweretɔ.

Afoa bekunkum akosi sɛ ɔbɛmee,

akosi bere a ɔde mogya bedwudwo ne osukɔm ano.

Efisɛ, Awurade, Asafo Awurade bɛbɔ afɔre

wɔ atifi fam asase a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ho no so.

11“Foro kɔ Gilead kogye aduru

Misraim Babea Ɔbabun.

Nanso nnuru bebrebe a wofa no yɛ ɔkwa,

ayaresa biara nni hɔ ma wo.

12Amanaman no bɛte wʼanimguase;

wʼagyaadwo bɛhyɛ asase so ma.

Ɔkofo baako behintiw afa ɔfoforo so;

na wɔn baanu bɛbɔ mu ahwe ase.”

13Eyi ne asɛm a Awurade ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia a ɛfa Babiloniahene Nebukadnessar ba a ɔbɛba abɛtow ahyɛ Misraim so:

14“Mommɔ eyi ho dawuru wɔ Misraim, na mompae mu nka wɔ Migdol;

monka wɔ Memfis ne Tapanhes nso se,

‘Munnyinagyina na monyɛ krado,

efisɛ, afoa rekunkum wɔn a wɔatwa mo ho ahyia.’

15Adɛn nti na mo dɔmmarima bɛbotow sɛɛ?

Wɔrentumi nnyina, efisɛ, Awurade bɛbɔ wɔn ahwe fam.

16Wobehintihintiw atoatoa so;

wɔbɛhwehwe ase adeda wɔn ho wɔn ho so.

Wɔbɛka se, ‘Monsɔre, momma yɛnkɔ yɛn nkyi

nkɔ yɛn nkurɔfo nkyɛn ne faako a wɔwoo yɛn,

na yemfi nhyɛsofo no afoa ano.’

17Ɛhɔ na wɔbɛteɛ mu se,

‘Misraimhene Farao tu ne ho kwa;

nʼakwannya a ɔwɔ no atwa mu.’

18“Ampa ara sɛ mete ase yi” Ɔhene a

ne din ne Asafo Awurade na ose,

“Ɔbaako bɛba a ɔte sɛ Tabor wɔ mmepɔw no mu,

sɛ Karmel wɔ mpoano.

19Mommoaboa mo nneɛma ano ntwɛn nnommumfa,

mo a motete Misraim,

efisɛ wɔbɛsɛe Memfis kurow

na ɛbɛda mpan a obiara rentena mu.

20“Misraim yɛ nantwi ba bere a ne ho yɛ fɛ,

nanso ɔtɛn bi fi

atifi fam reba ne so.

21Asraafo apaafo a wɔwɔ wɔn mu no

te sɛ nantwimma a wɔadodɔ srade.

Wɔn nso bɛdan wɔn ho abɔ mu aguan,

wɔrentumi nnyina wɔn anan so,

efisɛ amanehunu da no reba wɔn so,

bere a wɔde bɛtwe wɔn aso no.

22Misraim bɛteɛ mu sɛ ɔwɔ a ɔreguan

bere a ɔtamfo de ahoɔden reba ne so no;

wɔde mmonnua bɛba ne so

te sɛ, mmarima a wobu nnua.

23Wɔbɛsɛe ne kwae,”

Awurade na ose,

“sɛnea ayɛ kusuu yi mpo.

Wɔdɔɔso bebree sen mmoadabi,

na wɔrentumi nkan wɔn.

24Wobegu Misraim Babea anim ase,

wɔde no bɛhyɛ atifi fam nnipa no nsa.”

25Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, ka se, “Mede asotwe reba Tebes nyame Amon, Farao, Misraim ne nʼanyame ne nʼahemfo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Farao so no so. 26Mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wokum wɔn no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼadwumayɛfo no nsa. Nanso akyiri no, nnipa bɛtena Misraim asase so te sɛ kan no,” Awurade na ose.

27“Nsuro, Yakob me somfo;

nni yaw, Israel.

Ampa ara megye wo afi beae a ɛwɔ akyirikyiri,

ne wʼasefo afi wɔn nnommumfa asase so

Yakob bɛsan anya asomdwoe ne bammɔ,

na obiara renhunahuna no.

28Nsuro, Yakob me somfo;

na me ne wo wɔ hɔ,” Awurade na ose.

“Ɛwɔ mu, mesɛe aman no nyinaa koraa

aman a mehwetee mo kɔɔ so no de,

nanso merensɛe mo korakora.

Mede trenee nko ara na ɛbɛteɛteɛ mo so;

meremma mommfa mo ho nni a merentwe mo aso.”

Bibelen på hverdagsdansk

Jeremiasʼ Bog 46:1-28

Profetier imod Egypten

1Her følger en række budskaber angående fremmede nationer, som jeg modtog fra Herren.

2Det første budskab omhandler Egypten og kom i kong Jojakim af Judas fjerde regeringsår, under slaget ved Karkemish ved Eufratfloden, hvor kong Neko af Egypten blev besejret af kong Nebukadnezar af Babylonien. 3Herren sagde: „Grib I blot jeres skjolde og gør jer klar til kamp. 4Spænd for stridsvognene og lad ryttersoldaterne bestige deres heste. Stil op med hjelm, brynje og slebne spyd. 5Jamen, hvad ser jeg? siger Herren. Nu flygter egypterne pludselig i rædsel og styrter af sted uden at se sig tilbage. De er slået og flygter over hals og hoved. 6Men selv de hurtigste når ikke at undslippe, og de stærkeste må bukke under for overmagten. Alle krigerne snubler og falder, deroppe mod nord ved Eufratfloden.

7Hvem rejste sig som Nilen, når den går over sine bredder? 8Egypterne havde i tanke at oversvømme jorden som en flodbølge og løbe befæstede byer over ende. 9Pisk I blot på jeres heste og kør fremad til angreb. Lad rytterne galopere alt, hvad de kan. Lad bare fodfolket strømme frem i tætte rækker med deres skjolde og buer, både dem fra Egypten og lejesoldaterne fra Kush, Libyen og Lydien. 10Nu er dagen nemlig kommet, hvor Herren, den Almægtige, kræver sine fjender til regnskab. Sværdet skal æde sig mæt i kød og drikke sig beruset i blod. Herren, den Almægtige, har gjort klar til et slagtoffer ved Eufratfloden i landet mod nord. 11Gå blot til Gilead, Egyptens jomfru, og søg efter lægende salver. Men dine sår kan ikke læges. 12Nationerne vil høre om dit ydmygende nederlag, dit dødsskrig vil nå til jordens ender. Dine helte faldt over hinandens ben og styrtede til jorden, alle som én!”

13Derefter modtog jeg følgende budskab angående kong Nebukadnezars plan om at angribe Egypten: 14Herren sagde til mig: „Råb det ud over hele Egypten, forkynd det i Migdol, Memfis og Takpankes. Gør jer klar til kamp, for fjenden raserer rundt omkring jer. 15Hvorfor bliver jeres hær besejret? Fordi den ikke kan holde stand mod Herren. 16Jeres krigere snubler og falder over hinanden i et forsøg på at flygte. De råber: ‚Kom, lad os skynde os hjem til vores eget land, så vi undgår at blive sablet ned!’ 17Giv Farao tilnavnet: ‚Pralhalsen, der faldt, da det virkelig gjaldt.’ ”

18„Så sandt jeg lever,” siger Herren, den Almægtige Konge, „en fjende skal rykke frem mod Egypten. Han er frygtindgydende som Tabors bjerg, som Karmel ved havet. 19Pak jeres ejendele, egyptere, og gør jer klar til at gå i eksil. Memfis bliver jævnet med jorden og brændt af, så byen bliver en folketom ruin. 20Egypten er som en smuk kvie, der angribes af en bremse fra nord. 21Hendes berygtede lejesoldater springer for livet som skræmte fedekalve. De giver op og flygter, for det er en katastrofal dag for Egypten, straffens time er kommet. 22Egypten flygter som en hvæsende slange, når fjendens hær marcherer frem. De kommer som skovhuggere med hævede økser og slår alt ned. 23Egyptens folk er som en uigennemtrængelig urskov, men fjenden vil hugge det hele ned, for de er flere end en græshoppesværm, det er umuligt at tælle dem. 24Egypten bliver ydmyget og underlagt landet mod nord.”

25Herren, den Almægtige, Israels Gud, siger: „Jeg straffer Amon, Thebens gud, og alle Egyptens andre guder. Jeg nedkæmper Farao og hans embedsmænd samt alle dem, der stolede på ham. 26Jeg udleverer dem til deres fjender, til kong Nebukadnezar og hans hær. Men senere vil landet rejse sig igen og få fremgang.”

Et løfte om håb for Israels folk

27Herren fortsatte: „Du skal ikke være bange, min tjener Israel, for jeg vil befri jer fra de fjerne lande, hvor I lever i fangenskab, og føre jer hjem til jeres eget land. Der vil I opleve tryghed og fremgang, så I kan leve uden at skulle frygte de fremmede nationer. 28Frygt ikke, min tjener Jakob, siger Herren, for jeg er med dig, Jeg vil rasere de nationer, jeg spredte dig iblandt, men jeg vil ikke rasere dig. Jeg straffer dig, men ikke mere end højst nødvendigt.”