Yeremia 29 – AKCB & SNC

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 29:1-32

Krataa A Wɔde Kɔmaa Nnommum No

1Eyi ne krataa mu nsɛm a odiyifo Yeremia kyerɛw fii Yerusalem kɔmaa nnommum no mu mpanyimfo nkae, asɔfo, adiyifo ne nnipa a wɔaka nyinaa a Nebukadnessar afa wɔn afi Yerusalem akɔ Babilonia no. 2(Eyi yɛ bere a ɔhene Yehoiakyin ne ɔhemmea no, asennii adwumayɛfo, Yuda ne Yerusalem ntuanofo, adwumfo ahorow nyinaa afi Yerusalem akɔ nnommum mu no akyi.) 3Ɔde krataa no hyɛɛ Safan babarima Elasa ne Hilkia babarima Gemaria nsa, wɔn na Yudahene Sedekia somaa wɔn kɔɔ Ɔhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Babilonia no. Krataa no mu nsɛm ni:

4Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ wɔn a mema wɔfaa wɔn nnommum fi Yerusalem kɔɔ Babilonia no nyinaa ni: 5“Munsisi afi, na momfa mmɔ atenase; monyɛ nturo na munni mu aba. 6Monwareware, na monwowo mmabarima ne mmabea. Monhwehwɛ yerenom mma mo mmabarima na momfa mo mmabea nso mma aware, na wɔn nso nwowo mmabarima ne mmabea. Monnɔ wɔ hɔ na mo so antew. 7Afei, monhwehwɛ kuropɔn a mema wotuu mo kɔtenaa so no asomdwoe ne yiyedi. Mommɔ Awurade mpae mma no, efisɛ ne yiyedi mu na mo nso mubedi yiye.” 8Yiw, sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: “Mommma adiyifo ne nkɔmhyɛfo a wɔwɔ mo mu no nnaadaa mo. Munntie wɔn adae a mohyɛ wɔn nkuran ma wɔsoso no. 9Wɔhyɛ atoro nkɔm wɔ me din mu. Mensomaa wɔn,” Awurade na ose.

10Nea Awurade se ni: “Sɛ mosom Babilonia mfe aduɔson a, mɛba abɛhwɛ mo na mɛma mʼadom mu bɔhyɛ sɛ mede mo bɛba ha bio no aba mu. 11Minim nhyehyɛe a mewɔ ma mo,” Awurade na ose, “Nhyehyɛe a ɛde mo besi yiye na ɛrenhaw mo, nhyehyɛe a ɛbɛma mo anidaso ne awiei pa. 12Afei mobɛfrɛ me na moaba abɛbɔ me mpae, na metie mo. 13Mobɛhwehwɛ me na mubehu me, sɛ mode mo koma nyinaa hwehwɛ me a. 14Mubehu me,” Awurade na ose, “na meyi mo afi nkoasom mu de mo asan aba. Mɛboaboa mo ano afi amanaman ne mu ne faako a mepam mo kɔɔ no nyinaa,” Awurade na ose, “na mede mo bɛsan aba faako a mituu mo fi kɔɔ nnommum mu no bio.”

15Mobɛka se, “Awurade ama yɛn adiyifo wɔ Babilonia,” 16nanso, sɛɛ na Awurade ka fa ɔhene a ɔte Dawid ahengua so ne nnipa a wɔaka wɔ kuropɔn no mu nyinaa, mo manfo a wɔne mo ankɔ nnommum mu no. 17Yiw, nea Asafo Awurade se ni: “Mɛma afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm aba wɔn so, na wɔayɛ sɛ borɔdɔma a asɛe enti wontumi nni. 18Mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm betiw wɔn, na mɛyɛ wɔn atantanne ama ahenni a ɛwɔ asase no so nyinaa, ne nnome ne ahodwiriwde, fɛwdi ne animtiaabude wɔ amanaman a mepam wɔn kɔɔ so no mu. 19Efisɛ, wɔantie me nsɛm,” sɛɛ na Awurade se, “nsɛm a mede somaa mʼasomfo adiyifo mpɛn bebree baa mo nkyɛn. Na mo nnommum nso antie,” Awurade na ose.

20Afei muntie Awurade asɛm, mo nnommum a mama mo afi Yerusalem akɔ Babilonia no nyinaa. 21Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn ka fa Kolaia babarima Ahab ne Maaseia babarima Sedekia a wɔde me din rehyɛ mo atoro nkɔm no ho ni: “Mede wɔn bɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wakum wɔn wɔ mo anim. 22Esiane wɔn nti, Yuda nnommum a wɔwɔ Babilonia nyinaa de saa nnome yi bɛdome sɛ: ‘Awurade nyɛ wo sɛ, Sedekia ne Ahab a Babiloniahene hyew wɔn wɔ ogya mu no.’ 23Na wɔayɛ akyiwade a ɛboro so wɔ Israel: wɔne wɔn yɔnkonom yerenom adeda de asɛe aware, na wɔde me din adi atoro a menka nkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ. Minim na midi ho adanse,” Awurade na ose.

Semaia Nkra

24Ka kyerɛ Nehelamni Semaia se, 25“Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se ni: Wokyerɛw krataa wɔ wo din mu kɔmaa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, ɔsɔfo Maaseia babarima Sefania, ne asɔfo a aka no nyinaa. Woka kyerɛɛ Sefania se, 26Awurade ahyɛ wo sɔfo asi Yehoiada anan mu se hwɛ Awurade fi no so; Ɛsɛ sɛ wode nkɔnsɔnkɔnsɔn ne dade konnua gu obiara a wabɔ dam na ɔyɛ ne ho sɛ odiyifo no. 27Afei adɛn nti na wonka Yeremia a ofi Anatot a ɔyɛ ne ho sɛ odiyifo wɔ mo mu no anim? 28Ɔde saa nkra yi abrɛ yɛn wɔ Babilonia: Ɛbɛkyɛ. Ɛno nti munsisi afi mfa nyɛ atenae; monyɛ nturo na munni mu aba.’ ”

29Ɔsɔfo Sefania kenkan krataa no kyerɛɛ odiyifo Yeremia. 30Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 31“Fa saa nkra yi kɔma nnommum no nyinaa se, ‘Eyi ne nea Awurade ka fa Nehelamni Semaia ho: Esiane sɛ wahyɛ mo nkɔm a mpo mansoma no, na wama moagye atoro adi nti, 32nea Awurade se ni: Nokware, mɛtwe Nehelamni Semaia ne nʼasefo aso. Ɔrennya obiara a ɔbɛka wɔ saa nkurɔfo yi mu, na ɔrenhu nneɛma pa a mɛyɛ ama me nkurɔfo, efisɛ waka atuatew nsɛm atia me,’ ” Awurade na ose.

Slovo na cestu

Jeremjáš 29:1-32

1Tato jsou slova listu, kterýž poslal Jeremiáš prorok z Jeruzaléma k ostatku starších zajatých a k kněžím i k prorokům i ke všemu lidu, kterýž přestěhoval Nabuchodonozor z Jeruzaléma do Babylona, 2Když vyšel Jekoniáš král a královna, i komorníci, knížata Judská i Jeruzalémská, tolikéž tesaři i kováři z Jeruzaléma, 3Po Elasovi synu Safanovu, a Gemariášovi synu Helkiášovu, (kteréž byl poslal Sedechiáš král Judský k králi Babylonskému do Babylona), řka: 4Takto praví Hospodin zástupů, Bůh Izraelský, všechněm zajatým, kteréž jsem přestěhoval z Jeruzaléma do Babylona: 5Stavějte domy, a osazujte se, štěpujte také štěpnice, a jezte ovoce jejich. 6Pojímejte ženy, a ploďte syny i dcery, dávejte také synům svým ženy, dcery též své dávejte za muže, ať rodí syny a dcery; množte se tam, a nebeřte umenšení. 7A hledejte pokoje města toho, do kteréhož jsem zastěhoval vás, a modlívejte se za ně Hospodinu; nebo v pokoji jeho budete míti pokoj. 8Takto zajisté praví Hospodin zástupů, Bůh Izraelský: Nechť vás nesvodí proroci vaši, kteříž jsou mezi vámi, ani hadači vaši, a nespravujte se sny svými, jichž vy příčinou jste, aby je mívali. 9Nebo vám oni lživě prorokují ve jménu mém; neposlalť jsem jich, dí Hospodin. 10Takto zajisté praví Hospodin: Že jakž se jen vyplní Babylonu sedmdesáte let, navštívím vás, a potvrdím vám slova svého výborného o navrácení vás na místo toto. 11Nebo já nejlépe znám myšlení, kteráž myslím o vás, dí Hospodin, myšlení o pokoji, a ne o trápení, abych učinil vašemu očekávání konec přežádostivý. 12Když mne vzývati budete, a půjdete, a modliti se mně budete, tedy vyslyším vás. 13A hledajíce mne, naleznete, když mne hledati budete celým srdcem svým. 14Dám se zajisté nalezti vám, dí Hospodin, a přivedu zase zajaté vaše, a shromáždím vás ze všech národů i ze všech míst, kamžkoli jsem zahnal vás, dí Hospodin, a uvedu vás zase na místo toto, odkudž jsem vás zastěhoval, 15Když řeknete: Vzbuzovalť nám Hospodin proroky v Babyloně. 16Nebo takto praví Hospodin o králi sedícím na stolici Davidově, a o všem lidu obývajícím v městě tomto, bratřích vašich, kteříž nevyšli s vámi v tom zajetí, 17Takto dí Hospodin zástupů: Aj, já pošli na ně meč, hlad a mor, a naložím s nimi jako s fíky trpkými, kterýchž nelze jísti pro trpkost. 18Nebo stihati je budu mečem, hladem i morem, a vydám je ku posmýkání po všech královstvích země, k proklínání, a k užasnutí, anobrž na odivu, a k utrhání mezi všemi národy, tam kdež je vypudím, 19Proto že neposlouchají slov mých, dí Hospodin, když posílám k nim služebníky své proroky, ráno přivstávaje, a to ustavičně, a neposlouchali jste, dí Hospodin. 20Protož slyštež vy slovo Hospodinovo, všickni zajatí, kteréž jsem vyslal z Jeruzaléma do Babylona. 21Takto praví Hospodin zástupů, Bůh Izraelský, o Achabovi synu Kolaiášovu, a o Sedechiášovi synu Maaseiášovu, kteříž prorokují vám ve jménu mém lež: Aj, já vydám je v ruku Nabuchodonozora krále Babylonského, aby je zbil před očima vašima. 22I bude vzato na nich klnutí mezi všecky zajaté Judské, kteříž jsou v Babyloně, aby říkali: Nechť nakládá Hospodin s tebou, jako s Sedechiášem a jako s Echabem, kteréž upekl král Babylonský na ohni, 23Proto že páchali nešlechetnost v Izraeli, cizoložíce s ženami bližních svých, a mluvíce slovo ve jménu mém lživě, čehož jsem nepřikázal jim. Já pak o tom vím, a jsem toho i svědkem, dí Hospodin. 24Semaiášovi Nechelamitskému mluv, řka: 25Takto praví Hospodin zástupů, Bůh Izraelský, řka: Proto že jsi poslal jménem svým listy ke všemu lidu, kterýž jest v Jeruzalémě, a Sofoniášovi synu Maaseiášovu knězi i ke všechněm kněžím, řka: 26Hospodin dal tě za kněze na místo Joiady kněze, abyste pozor měli v domě Hospodinově na každého muže pošetilého a vystavujícího se za proroka, a abys dal takového do žaláře a do klady. 27Pročež jsi pak nyní neokřikl Jeremiáše Anatotského, kterýž se vám vystavuje za proroka? 28Nebo posílal k nám do Babylona, řka: Protáhneť se to dlouho, stavějte domy, a osazujte se, štěpujte také štěpnice, a jezte ovoce jejich. 29Nebo Sofoniáš kněz četl ten list před Jeremiášem prorokem. 30I stalo se slovo Hospodinovo k Jeremiášovi, řkoucí: 31Pošli ke všechněm zajatým, řka: Takto praví Hospodin o Semaiášovi Nechelamitském: Proto že prorokuje vám Semaiáš, ješto jsem já ho neposlal, a přivodí vás k tomu, abyste doufání skládali ve lži, 32Protož takto praví Hospodin: Aj, já trestati budu Semaiáše Nechelamitského i símě jeho. Nebude míti žádného, kdo by bydlil u prostřed lidu tohoto, aniž uzří toho dobrého, kteréž já učiním lidu svému, dí Hospodin; nebo mluvil to, čímž by odvrátil lid od Hospodina.