Yeremia 21 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 21:1-14

Awurade Po Sedekia Abisade

1Asɛm fi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn bere a ɔhene Sedekia somaa Malkia babarima Pashur ne Maaseia babarima ɔsɔfo Sefania kɔɔ ne nkyɛn no. Wɔkae se, 2“Bisa Awurade, ma yɛn efisɛ Babiloniahene Nebukadnessar ne yɛn rebedi ako. Ebia Awurade bɛyɛ anwonwade ama yɛn, sɛnea ɔyɛɛ mmere bi a atwa mu no na ama wafi yɛn so akɔ.”

3Na Yeremia buaa wɔn se, “Monka nkyerɛ Sedekia se, 4‘Sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Merebɛdan mo nsam akode atia mo, nea mode reko atia Babiloniahene ne Babiloniafo a wɔwɔ ɔfasu no akyi na wɔatua mo kuropɔn no ano. Mɛboa wɔn ano wɔ kuropɔn yi mu. 5Me ara mede nsa a mateɛ ne abasa a ɛyɛ den bɛko atia mo wɔ abufuw, anibere ne abufuwhyew mu. 6Mɛbobɔ wɔn a wɔtete kuropɔn yi mu ahwehwe fam; nnipa ne mmoa nyinaa, na ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bekunkum wɔn. 7Ɛno akyi, Awurade asɛm ni, mede Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfo ne nnipa a wɔwɔ kuropɔn yi mu a ɔyaredɔm, afoa ne ɔkɔm ankunkum wɔn no bɛma Babiloniahene Nebukadnessar ne wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no. Ɔde afoa bekunkum wɔn; ɔrenhu wɔn mmɔbɔ na ɔrennya ayamhyehye mma wɔn.’

8“Bio, ka kyerɛ nnipa no se, ‘Eyi ne nea Awurade se: Hwɛ mede nkwa kwan ne owu kwan resi mo anim. 9Obiara a ɔte saa kuropɔn yi mu bewu wɔ afoa anaa ɔkɔm anaa ɔyaredɔm ano. Nanso obiara a obepue na ɔde ne ho akɔma Babiloniafo a wɔabetua mo kuropɔn yi no, bɛfa ne ho adi. 10Mawe ahinam sɛ mɛyɛ kuropɔn yi bɔne na ɛnyɛ papa, Awurade na ose. Wɔde bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔde ogya bɛhyew no.’

11“Nea ɛka ho ne sɛ, ka kyerɛ Yuda adehye se, ‘Muntie Awurade asɛm; 12Dawidfi, sɛɛ na Awurade se:

“ ‘Mummu atɛntrenee anɔpa biara;

munnye nea wɔabɔ no korɔn no

mfi ne nhyɛsofo nsam,

anyɛ saa a, mʼabufuwhyew bɛsɔre na ahyew sɛ ogya

esiane bɔne a moayɛ nti,

ɛbɛhyew a obiara rennum no.

13Mene mo anya, Yerusalem

Mo a mote obon yi atifi

abotan asasetaw so,

Awurade na ose,

mo a moka se, “Hena na obetumi ako atia yɛn?

Hena na obetumi ahyɛn yɛn hintabea?”

14Mɛtwe mo aso sɛnea ɛfata mo nneyɛe,

Awurade na ose.

Mɛto mo kwae mu gya,

a ɛbɛhyew biribiara a atwa mo ho ahyia no.’ ”

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 21:1-14

Awurade Po Sedekia Abisadeɛ

1Asɛm firi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn ɛberɛ a, ɔhene Sedekia somaa Malkia babarima Pashur ne Maaseia babarima ɔsɔfoɔ Sefania kɔɔ ne nkyɛn. Wɔkaa sɛ, 2“Bisa Awurade, ma yɛn ɛfiri sɛ Babiloniahene Nebukadnessar ne yɛn rebɛdi ako. Ebia Awurade bɛyɛ anwanwadeɛ ama yɛn, sɛdeɛ ɔyɛɛ mmerɛ bi a atwam no na wafiri yɛn so akɔ.”

3Na Yeremia buaa wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Sedekia sɛ, 4‘Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Merebɛdane mo nsam akodeɛ atia mo, deɛ mode reko atia Babiloniahene ne Babiloniafoɔ a wɔwɔ ɔfasuo no akyi na wɔatua mo kuropɔn no. Mɛboa wɔn ano wɔ kuropɔn yi mu. 5Me ara mede nsa a matene ne abasa a ɛyɛ den bɛko atia mo wɔ abufuo, anibereɛ ne abufuhyeɛ mu. 6Mɛbobɔ wɔn a wɔtete kuropɔn yi mu ahwehwe fam; nnipa ne mmoa nyinaa, na ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bɛkunkum wɔn. 7Ɛno akyi, Awurade asɛm nie, mede Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfoɔ ne nnipa a wɔwɔ kuropɔn yi mu a ɔyaredɔm, akofena ne ɛkɔm ankunkum wɔn no bɛma Babiloniahene Nebukadnessar ne wɔn atamfoɔ wɔrepɛ wɔn nkwa no. Ɔde akofena bɛkunkum wɔn; ɔrenhunu wɔn mmɔbɔ na ɔrennya ayamhyehyeɛ mma wɔn.’

8“Ɛbio, ka kyerɛ nnipa no sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Hwɛ mede nkwa ɛkwan ne owuo ɛkwan resi mo anim. 9Obiara a ɔte saa kuropɔn yi mu bɛwu wɔ akofena anaa ɛkɔm anaa ɔyaredɔm ano. Nanso obiara ɔbɛpue na ɔde ne ho akɔma Babiloniafoɔ a wɔabɛtua mo kuropɔn yi no, bɛfa ne ho adi. 10Mawe ahinam sɛ, mɛyɛ kuropɔn yi bɔne na ɛnyɛ papa, Awurade na ɔseɛ. Wɔde bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔde ogya bɛhye no.’

11“Deɛ ɛka ho ne sɛ, ka kyerɛ Yuda adehyefie sɛ, ‘Montie Awurade asɛm; 12Ao Dawid efie, sei na Awurade seɛ:

“ ‘Mommu atɛntenenee anɔpa biara;

monnye deɛ wɔabɔ no korɔno no

mfiri ne nhyɛsofoɔ nsam,

anyɛ saa a mʼabufuhyeɛ bɛsɔre na ahye sɛ ogya

ɛsiane bɔne a moayɛ enti,

ɛbɛhye a obiara rennum no.

13Me ne mo anya, Yerusalem

Mo a mote bɔnhwa yi atifi

abotan asaseta soɔ,

Awurade na ɔseɛ,

mo a moka sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi ako atia yɛn?

Hwan na ɔbɛtumi ahyɛne yɛn hintabea?”

14Mɛtwe mo aso sɛdeɛ ɛfata mo nneyɛɛ,

Awurade na ɔseɛ.

Mɛto mo kwaeɛ mu ogya,

a ɛbɛhye biribiara a atwa mo ho ahyia.’ ”