Romafo 11 – AKCB & NSP

Akuapem Twi Contemporary Bible

Romafo 11:1-36

Israel Nkae No

1Afei mibisa se, Onyankopɔn atow ne man akyene ana? Dabi da. Mʼankasa meyɛ Israelni na meyɛ Abraham aseni a mifi Benyamin abusua mu. 2Onyankopɔn ampo ne nkurɔfo a oyii wɔn mfiase no. Munim nea Kyerɛwsɛm no ka fa Elia ho sɛnea ɔkasa tiaa Israelfo wɔ Onyankopɔn anim se, 3“Awurade, wɔakum wʼadiyifo na wɔadwiriw wʼafɔremuka, na me nko na maka a wɔpɛ sɛ wokum me.” 4Mmuae bɛn na Onyankopɔn de maa no? Onyankopɔn kae se, “Mewɔ nnipa mpem ason a wɔnsom ɔbosom Baal.” 5Saa ara nso na ɛte nnɛ. Nnipa kakraa bi wɔ hɔ a Onyankopɔn nam ne dom so ayi wɔn. 6Yi a wayi wɔn no gyina nʼadom so na ɛnyɛ wɔn nnwuma so. Na sɛ Onyankopɔn yi a oyi nnipa no gyina wɔn nnwuma so a, ɛno de na adom no nyɛ adom turodoo.

7Ɛno de na ɛne dɛn? Nea Israelfo tiw akyi hwehwɛe no, wɔn nsa anka, na mmom kakraa a Onyankopɔn ayi wɔn no de, wɔn nsa kae. Wɔn a wɔaka no pirim wɔn koma 8sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se,

“Onyankopɔn maa wɔn honhom a ɛyɛ bɔtee,

ani a ɛmma wonhu ade

aso a ɛmma wɔnte asɛm,

de besi nnɛ.”

9Na Dawid ka se,

“Ma wɔn didipon a esi wɔn anim nyi wɔn sɛ afiri

na wɔnhwehwe ase na wɔntwe wɔn aso!

10Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhu ade;

na wɔn akyi nkuntun afebɔɔ.”

11Afei mibisa se, bere a Yudafo yɛɛ bɔne no, ɛde wɔn kɔɔ ɔsɛe mu ana? Dabi! Amanamanmufo nam Yudafo no bɔne a wɔyɛɛ no so nyaa nkwagye. Eyi maa Yudafo no twee wɔn ho ninkunu. 12Yudafo no bɔne a wɔyɛɛ no de nnepa brɛɛ wiase na wɔn honhom mu hia a wodii no nso de ahonya brɛɛ amanamanmufo. Na ɛba sɛ Yudafo no mu bebree bɛka wɔn ho a nhyira mmoroso bɛn na ɛremma?

13Afei merekasa akyerɛ mo amanamanmufo: Esiane sɛ meyɛ amanamanmufo ɔsomafo nti, mehoahoa me ho wɔ adwuma a wɔde ahyɛ me nsa no ho. 14Sɛ ebetumi a, mɛma wɔn a wɔyɛ me nuanom Yudafo no kɔn adɔ nea mo amanamanmufo nsa aka yi bi, na wɔnam so agye wɔn mu bi nkwa. 15Na sɛ wɔn po a wɔpoo wɔn no ama Onyankopɔn ne wiasefo aka abɔ mu a, ɛno de sɛ Onyankopɔn twe wɔn bata ne ho a ɛbɛyɛ dɛn? Ɛbɛyɛ nkwa ama awufo. 16Sɛ wɔde brodo sin ma Onyankopɔn a, ɛno de, na ne mu nyinaa yɛ ne dea. Saa ara nso na sɛ dua no ntin yɛ kronkron a, ne mman no nyinaa nso yɛ kronkron.

17Wɔapenpan ngodua a wɔahyɛ da adua no mman no bi agu, na wɔde ngodua a wɔanhyɛ da annua no mman abɛhyɛ nʼanan mu. Mo amanamanmufo no te sɛ ngodua a wɔanhyɛ da annua, nanso afei de, mo ne Yudafo no nyinaa nya Onyankopɔn dom a wɔde adom wɔn no pɛ. 18Nanso monhwɛ yiye na moanhoahoa mo ho sɛ wɔde mo asi mman a wɔapenpan no anan mu. Monkae sɛ moyɛ mman kɛkɛ, na monyɛ ntin. 19Na mobɛka se, “Eye, wobubuu mman no sɛ wɔmfa me nsi wɔn anan mu.” 20Yiw, nanso monkae sɛ wɔpenpan saa mman a ɛyɛ Yudafo no, efisɛ wɔannye Onyankopɔn anni, na mugye di nti na mowɔ hɔ. Mommma mo ho so, na mmom munsuro nea ebetumi asi. 21Na sɛ Onyankopɔn amfa Yudafo a wɔte sɛ ngodua pa mman no bɔne ankyɛ wɔn a, mususuw sɛ ɔde mo bɔne bɛkyɛ mo ana?

22Enti monhwɛ Onyankopɔn ayamye ne ne denyɛ. Ɔyɛ den wɔ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no so, nanso ne yam ye ma mo wɔ bere a mode mo ho ato nʼayamye so. Na sɛ moamfa mo ho anto no so a, saa ara na wɔbɛpenpan mo. 23Na sɛ Yudafo no gye di bio a, Onyankopɔn bɛsan de wɔn ayɛ dua no mman bio. Obetumi ayɛ saa. 24Na sɛ Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔde mo a moyɛ wuram ngodua mman bɛfam dua papa a ɔno ankasa adua ho de, anka ɛmfa ɔkwan mu a, ɛno de, ɔbɛpɛ no mmoroso sɛ ɔde Yudafo no bɛfam dua a ɛyɛ wɔn ankasa de no ho.

Onyankopɔn Ahummɔbɔ Wɔ Hɔ Ma Obiara

25Me nuanom, ahintasɛm bi wɔ hɔ a mepɛ sɛ mote ase, sɛnea monnyɛ ahantan na monhoahoa mo ho. Yudafo no mu bi apirim wɔn koma, nanso sɛ amanamanmufo no nyinaa dan ba Kristo nkyɛn a ɛto betwa. 26Enti Israelfo nyinaa benya nkwagye. Mokae nea adiyifo no kaa wɔ eyi ho?

“Agyenkwa no befi Sion aba,

na obeyi amumɔyɛsɛm nyinaa afi Yakob asefo mu.

27Na medi apam a mene wɔn ayɛ no so

na mapepa wɔn bɔne.”

28Yudafo no bebree ayɛ Asɛmpa no atamfo. Na mo, amanamanmufo anya so mfaso, efisɛ Onyankopɔn de nʼakyɛde no ama mo. Nanso Yudafo yɛ ne man a wapaw wɔn ara, esiane bɔ a wahyɛ wɔn nenanom nti, 29efisɛ wɔrennan Onyankopɔn akyɛde ne ne frɛ no ani. 30Na mo amanamanmufo de, bere a atwam no mu, moyɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn, nanso Yudafo no poo nʼahummɔbɔ no nti Onyankopɔn huu mo mmɔbɔ mmom. 31Saa ara nso na esiane adom a moanya no nti, mprempren, Yudafo no nso ayɛ asoɔden atia Onyankopɔn. Nanso nna bi akyi no wɔn nso benya Onyankopɔn adom no. 32Onyankopɔn aka nnipa nyinaa ahyɛ wɔn asoɔden ase sɛnea ɔbɛyɛ adom ama obiara.

Awiei

33Ao Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a mu dɔ!

Hena na obetumi ahu nʼatemmu mu pɛɛpɛe,

na wahu nea nʼakwan nenam.

34“Hena na onim Awurade adwene

anaasɛ hena na ɔyɛ ne fotufo?”

35“Hena na wama Onyankopɔn biribi kan

a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn tua no so ka?”

36Efisɛ ade nyinaa fi ne mu na ɛba, na ɛnam ne so na ɛba, na ɛbɛsan akɔ ne nkyɛn bio.

Ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.

New Serbian Translation

Римљанима 11:1-36

Бог је милостив према Израиљу

1Питам дакле: да Бог можда није одбацио свој народ? Никако! Јер и ја сам Израиљац, потомак Аврахамов, из племена Венијаминовог. 2Није Бог одбацио свој народ, који је предвидео. Или, зар не знате шта пише у Писму о Илији – кад се жали Богу на Израиљце?

3„Господе, побили су твоје пророке,

срушили су твоје жртвенике,

а ја сам остао сам,

па и мене настоје да убију.“

4Међутим, шта му Бог одговара?

„Оставио сам себи седам хиљада људи,

који нису пали на колена пред Валом.“

5Према томе, и у садашње време постоји остатак изабран по милости. 6Дакле, ако се избор врши по милости, онда не може да се врши по делима. Иначе, милост не би више била милост.

7Шта онда? Народ израиљски није постигао оно за чим је тежио. То су достигли изабрани, а остали су отврднули. 8Као што је написано:

„Бог им даде дух тврдоглави,

да очима не виде,

и ушима не чују,

све до данашњега дана.“

9А Давид каже:

„Нек им сто постане замка и клопка,

препрека и одмазда,

10нек им очи потамне, да не виде,

и леђа им се заувек погрбе.“

Спасење незнабожачких народа

11Питам, дакле: зар су посрнули да би сасвим пали? Никако! У ствари, њиховим преступом спасење је дошло другим народима, да у њима изазове љубомору. 12Ако, дакле, њихов преступ значи богатство за свет, а њихов пораз богатство за остале народе, колико ли ће више значити њихово пуно укључење?

13А вама који нисте Јевреји, кажем: као апостол незнабожаца хвалим своју службу, 14не бих ли у њима, мом народу, побудио љубомору, те спасао неке од њих. 15Јер, ако њихово одбацивање значи помирење за свет, шта ће њихово поновно прихватање бити ако не живот из мртвих? 16Наиме, ако је први хлеб свет, онда је и све тесто свето; ако је корен свет, онда су и све гране свете.

17Па ако су неке гране и одломљене, а ти си се као дивља маслина накалемио на њих, те делиш са њима корен и сокове питоме маслине, 18не узноси се над гранама. Ако, пак, хоћеш да се узносиш, знај да не носиш ти корен, него корен тебе. 19Но, ти ћеш рећи: „Гране су одломљене да бих се ја накалемио.“ 20Добро, оне су одломљене због неверовања, а ти стојиш вером. Зато не мисли високо о себи, него се бој. 21Јер, ако Бог није поштедео природне гране, неће поштедети ни тебе.

22Стога, увиди Божију доброту, као и његову строгост: строгост над онима који су пали, а доброту Божију на себи ако останеш у тој доброти – иначе ћеш и сам бити одсечен. 23Чак ће и они Израиљци који не остану у неверовању бити накалемљени, јер је Бог у стању да их поново накалеми. 24Ако си ти, по природи грана дивље маслине, одсечен, те против природе накалемљен на питому маслину, колико ли ће лакше природне гране бити накалемљене на сопствену маслину?!

Обраћење Израиља

25Браћо, не желим да останете у незнању у погледу ове тајне, да се не бисте ослањали на сопствену мудрост: један део израиљског народа је отврднуо док се не употпуни број незнабожаца који ће доћи Богу. 26Тако ће се сав Израиљ спасти, као што је написано:

„Од Сиона ће доћи Избавитељ,

уклониће безбожност од Јакова.

27Ево, ово је мој савез с њима,

кад уклоним њихове грехе.“

28С обзиром да одбијају Радосну вест, они су непријатељи ради вас, али, с обзиром на изабрање, Бог их воли због њихових праотаца. 29Јер, Бог не мења своје мишљење у погледу свог избора и дарова. 30Као што сте ви некад били непослушни Богу, а сада сте услед њихове непослушности примили милосрђе од Бога, 31тако су и они сада, постали непослушни Богу ради вас, да би им Бог исказао милосрђе. 32Бог је, наиме, све затворио под непослушност да би свима исказао своје милосрђе.

33„О, дубино богатства, мудрости и знања Божијег!

Како ли су недокучиве његове одлуке

и неистраживи његови путеви!

34Јер, ко је упознао ум Господњи?

Ко ли му је био саветник?

35Зар му је ко икада дао шта,

да би му он то вратио?

36Јер, све потиче од њега,

и све је створено његовим посредством, и за њега.

Њему нек је слава довека! Амин.“