Nnwom 99 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 99:1-9

Dwom 99

1Awurade di hene,

momma amanaman no ho mpopo;

ɔte nʼahengua so wɔ kerubim ntam,

ma asase nwosow.

2Awurade a ɔwɔ Sion yɛ ɔkɛse;

wɔama no so wɔ amanaman nyinaa mu.

3Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwonwa no,

ɔyɛ ɔkronkron.

4Ɔhene no yɛ ɔkɛse, ɔdɔ atɛntrenee,

woama pɛpɛyɛ atim;

wayɛ nea eye na ɛteɛ

wɔ Yakob mu.

5Momma Awurade, yɛn Nyankopɔn so

na monsɔre no wɔ ne nan ntiaso anim;

ɔyɛ ɔkronkron.

6Na Mose ne Aaron ka nʼasɔfo no ho,

na Samuel ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho;

wɔfrɛɛ Awurade,

na ogyee wɔn so.

7Ofi omununkum dum mu kasa kyerɛɛ wɔn;

wodii mmara ne ahyɛde a ɔmaa wɔn no so.

8Awurade, yɛn Nyankopɔn,

wugyee wɔn so;

woyɛɛ bɔnefakyɛ Nyankopɔn maa Israel,

nanso wotwee wɔn aso wɔ wɔn nnebɔne ho.

9Momma Awurade yɛn Nyankopɔn so

na monsɔre no wɔ ne bepɔw kronkron no so,

na Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ ɔkronkron.

Japanese Contemporary Bible

詩篇 99:1-9

99

1全世界の王、主は、

ケルビムの上の王座に

ついておられます。

諸国民は震え上がり、大地は揺らぎますように。

2シオンに立たれる主のご威光は、

この世の支配者たちには、はるかに及ばないものです。

3どうか彼らが、きよく偉大な主の御名を、

恐れかしこみますように。

4公正なさばきを行うこと、

それこそが、この絶大な王の統治の基です。

イスラエル中に正しい判決が下ります。

5聖なる神である主をあがめ、

その足もとにひれ伏しなさい。

6預言者モーセとアロン、それにサムエルが

助けを呼び求めた時、主はお答えになりました。

7雲の柱の中から響いてくる声に、

彼らは従順に従いました。

8神である主よ。あなたは、人々の祈りに答えて

罪をお赦しになりましたが、

その誤った行為に対しては、

厳然として罰を下されました。

9私たちの神である主をあがめ、

エルサレムの聖なる山で礼拝しなさい。

神である主はきよいお方なのです。