Nnwom 68 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 68:1-35

Dwom 68

Dawid dwom.

1Ma Onyankopɔn nsɔre, ma nʼatamfo nhwete;

wɔn a wɔtan no no nguan mfi nʼanim.

2Sɛnea mframa bɔ wusiw gu no,

saa ara na bɔ wɔn gu;

sɛnea srade nan wɔ ogya so no,

saa ara na amumɔyɛfo nyera mfi Onyankopɔn anim.

3Nanso ma atreneefo ani nnye

na wɔnsɛpɛw wɔn ho wɔ Onyankopɔn anim;

ma wɔn ho ntɔ wɔn na wonni ahurusi.

4To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ.

Ma nea ɔnantew omununkum so no din so.

Ne din ne Awurade;

ma wʼani nnye wɔ nʼanim.

5Ayisaa agya ne nea odi akunafo asɛm ma wɔn

ne Onyankopɔn a ɔte nʼatenae kronkron hɔ.

6Ɔma ohiani tena mmusua mu,

na ɔde nnwonto yi nneduafo ma wɔde wɔn ho;

na atuatewfo de, wɔtena asase a awo so.

7Onyankopɔn, bere a wudii wo nkurɔfo anim,

bere a wode wɔn faa sare so no,

8asase wosowee,

na ɔsoro tuee osu guu fam,

wɔ Onyankopɔn, Sinai Nyankopɔn,

Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn no anim.

9Womaa osu tɔɔ bebree, Ao, Onyankopɔn,

guu wʼagyapade a abotow no so ma ɛyɛɛ frɔmfrɔm.

10Wo nkurɔfo bɔɔ atenase wɔ so,

Onyankopɔn, wonam wʼadɔe bebree no so hwɛɛ ahiafo.

11Awurade kaa asɛm no,

na dodow no ara ne wɔn a wɔpaee mu kae;

12“Ahemfo ne wɔn asraafo guan ntɛm so;

mmea a wɔwɔ fie no kyɛ asade.

13Mpo bere a woda nguanban mu no,

wɔde dwetɛ duraa mʼaborɔnoma ntaban ho,

de sikakɔkɔɔ a ɛhyerɛn guu wɔn ntakra so.”

14Bere a Otumfo bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hwetee no,

na ɛte sɛ sukyerɛmma a agu Bepɔw Salmon so.

15Basan mmepɔw gyinagyina hɔ,

Basan mmepɔw so yɛ abonkyiabonkyi.

16Wo bepɔw abonkyiabonkyi, adɛn nti na wode ani bɔne hwɛ

bepɔw a Onyankopɔn ayi sɛ obedi so hene,

faako a Awurade ankasa bɛtena afebɔɔ?

17Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ mpem mpem

ne mpem mpem mu mpem;

Awurade fi Sinai aba ne kronkronbea.

18Bere a woforo kɔɔ soro no,

wode nnommum kaa wo ho;

wunyaa ayɛyɛde fii nnipa hɔ,

fii atuatewfo hɔ mpo,

sɛ ɛbɛyɛ a wobɛtena hɔ, Awurade Nyankopɔn.

19Ayeyi nka Awurade, nka Onyankopɔn yɛn Agyenkwa,

nea ɔsoa yɛn nnesoa da biara no.

20Yɛn Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ogye nkwa;

na Awurade mu na owu tow fom yɛn.

21Ampa ara Onyankopɔn bɛdwerɛw nʼatamfo ti,

wɔn a wɔkɔ so yɛ bɔne ti kusuu no.

22Awurade ka se, “Mede wɔn befi Basan aba;

mede wɔn befi po bun mu aba,

23na moanantew wɔn a wokyi mo no mogya mu

na mo akraman tɛkrɛma anya wɔn kyɛfa.”

24Onyankopɔn, yɛahu wo santen yuu no,

me Nyankopɔn ne me Hene santen yuu no a ɔde reba ne kronkronbea hɔ.

25Nnwontofo no wɔ anim, na asankubɔfo no nso di so,

na mmabaa a wɔrewosow akasae nso ka wɔn ho.

26Monkamfo Onyankopɔn wɔ asafo kɛse no mu;

monkamfo Awurade wɔ Israel nnipakuw no mu.

27Abusuakuw ketewa, Benyamin na odi wɔn kan,

Yuda mmapɔmma kuw kɛse no di so,

na Sebulon ne Naftali mmapɔmma aba.

28Kyerɛ wo tumi, Onyankopɔn;

da wʼahoɔden adi kyerɛ yɛn, sɛnea woayɛ pɛn no.

29Wʼasɔredan a ɛwɔ Yerusalem nti

ahemfo de ayɛyɛde bɛbrɛ wo.

30Ka aboa a ɔhyɛ mfea mu no anim,

ne anantwinini kuw a wɔhyɛ amanaman no nantwimma mu no.

Brɛ wɔn ase kosi sɛ wɔde dwetɛ mpɔw bɛba.

Bɔ wɔn a wɔn ani gye ɔko ho no pansam.

31Ananmusifo befi Misraim aba,

na Kus de ne ho bɛma Onyankopɔn.

32Wiase ahemman, monto dwom mma Onyankopɔn,

monto ayeyi nnwom mma Awurade,

33monto mma nea ɔte tete ɔsorosoro so no,

na ɔde nne kɛse bobɔ mu no.

34Mompae mu nka Onyankopɔn tumi,

nea ne kɛseyɛ kata Israel so no,

na ne tumi wɔ soro ɔsoro no.

35Wo ho yɛ hu, Onyankopɔn, wɔ wo kronkronbea hɔ;

Israel Nyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne nkurɔfo.

Ayeyi nka Onyankopɔn!