Nnwom 19 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 19:1-14

Dwom 19

Dawid dwom.

1Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam!

Wim pae mu ka ne nsa ano adwuma,

2Da biara, wɔkasa;

anadwo biara, wɔda nimdeɛ adi.

3Wonni ɔkasa, wɔnnka nsɛm;

wɔnnte wɔn nne.

4Wɔn nne akodu asase so mmaa nyinaa,

na wɔn nsɛm nso akodu asase ano.

Onyankopɔn asi ntamadan ama owia wɔ ɔsoro hɔ.

5Ɛte sɛ ayeforokunu a ofi ne pia mu,

te sɛ ɔbran a ne ho pere no sɛ obetu ne mmirika.

6Epue wɔ ɔsoro fa baabi

na atwa ne ho akosi ano;

biribiara nsiw ne hyew ho kwan.

7Awurade mmara yɛ pɛ,

ɛkanyan ɔkra no.

Ahotoso wɔ Awurade nhyehyɛe mu,

ɛma nea onnim nyansa hu nyansa.

8Awurade ahyɛde teɛ;

ɛma koma mu anigye.

Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ;

na ebue ani.

9Awurade suro yɛ kronkron,

ɛte hɔ daa.

Awurade mmara nsɛm yɛ nokware

na ne nyinaa teɛ.

10Ɛsom bo sen sikakɔkɔɔ

ɛsen sikakɔkɔɔ kann;

ɛyɛ dɛ sen ɛwo,

ɛsen ɛwo a efi ɛwokyɛm mu.

11Wɔnam so bɔ wo somfo kɔkɔ se,

sodi so akatua yɛ bebree.

12Hena na ohu nʼankasa mfomso?

Fa me mfomso a ahintaw kyɛ me.

13Bɔ wʼakoa ho ban fi ɔboayɛ bɔne ho,

na anhyɛ me so.

Ɛno na ɛbɛma madi bem,

a merenni fɔ wɔ bɔne akɛse ho.

14Ma mʼanom nsɛm ne me koma mu adwene

nyɛ nea ɛsɔ wʼani, Awurade

me Botan ne me Gyefo.