Nnwom 114 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 114:1-8

Dwom 114

1Bere a Israelfo fii Misraim,

na Yakobfifo fii ananafo asase so no,

2Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbea

na Israel bɛyɛɛ nʼaheman.

3Po no hwɛe, na eguanee,

Yordan san nʼakyi;

4Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini,

nkoko nso huruhuruwii sɛ nguantenmma.

5Dɛn na ɛbae, ɛpo, na wuguanee?

Yordan, adɛn, na wosan wʼakyi?

6Mmepɔw, adɛn, na muhuruhuruw sɛ adwennini,

na mo nkoko, muhuruhuruw sɛ nguantenmma yi?

7Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade anim,

wɔ Yakob Nyankopɔn anim,

8ɔno na ɔmaa ɔbotan no dan asubura,

na ɔbotan dennen dan nsuwa aniwa no.