Dwom 110
Dawid dwom.
1Awurade ka kyerɛɛ me Wura se,
“Tena me nifa so
kosi sɛ mede wʼatamfo
bɛyɛ wʼanan ase ntiaso.”
2Awurade bɛterɛw wʼahempema dennen mu afi Sion;
na wubedi hene wɔ wʼatamfo so.
3Wʼasraafo beyi wɔn koma mu
da a wobɛkɔ ɔsa.
Tumi kronkron bɛyɛ wʼadurade
na wo mmabun bɛba wo nkyɛn
sɛnea obosu gugu anɔpahema.
4Awurade aka ntam
na ɔrensesa nʼadwene:
“Woyɛ daapem sɔfo
sɛ Melkisedek sɛso.”
5Awurade wɔ wo nifa so;
ɔbɛdwerɛw ahemfo wɔ nʼabufuwhyew da no.
6Obebu amanaman atɛn aboaboa awufo ano;
na wadwerɛw asodifo a wɔwɔ asase so nyinaa.
7Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu
enti obedi nkonim.
Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu,
na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdi mu.