Nnwom 104 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 104:1-35

Dwom 104

1Me kra, kamfo Awurade!

Awurade me Nyankopɔn, woyɛ ɔkɛse!

Wɔafura wo tumi ne anuonyam.

2Ɔde hann akata ne ho sɛ atade;

ɔtrɛw ɔsoro mu te sɛ ntamadan,

3na ɔde ne mpia mu mpuran sisi nsu so.

Ɔde omununkum yɛ ne teaseɛnam

na ɔde nantew mframa ntaban so.

4Ɔsoma nʼabɔfo sɛ mframa,

na ɔsoma nʼasomfo sɛ ogyaframa.

5Ɔde asase asi ne fapem so

na ɛrenhinhim da.

6Wode bun kataa so sɛ atade

na nsu gyinaa mmepɔw no so.

7Nanso wʼanimka maa nsu no guanee,

wʼaprannaa nnyigyei maa woguanee;

8Wɔsen faa mmepɔw so,

kɔɔ aku mu tɔnn,

koguu faako a wode ama wɔn no.

9Wotoo ɔhye a wɔrentumi ntra;

na wɔammɛkata asase so bio.

10Ɔma nsuwa sen fa abon mu,

ɛsen fa mmepɔw ntam.

11Wɔma wuram mmoa nyinaa nsu nom;

atorɔm de kum wɔn sukɔm.

12Wim nnomaa nwen wɔn berebuw wɔ nsu no ho;

na wɔto nnwom wɔ nnua no mman so.

13Ofi ne soro mpia mu tɔ nsu gugu mmepɔw so;

ne nnwuma so aba mee asase.

14Ɔma sare fifi ma anantwi,

na ɔbɔɔ nnua maa onipa sɛ onnua

na ɛmma aduan mfi asase mu:

15nsa a ɛma onipa koma tɔ ne yam,

ngo a ɛma onipa anim tɔ so,

ne aduan a ekura onipa koma.

16Wogugu Awurade nnua no so yiye,

Lebanon sida a oduae no.

17Ɛsow na nnomaa yɛ wɔn mmerebuw,

na asukɔnkɔn nso yɛ nʼatenae wɔ ɔpepaw nnua no mu.

18Mmepɔw atenten no yɛ wuram mmirekyi de;

na abotan yɛ guankɔbea ma ewi.

19Ɔsram kyerɛ bere nkyekyɛmu,

na owia nim bere a ɔkɔtɔ.

20Wode sum ba ma ɛyɛ adesae

na kwae mu mmoa nyinaa kɔ ahayɛ.

21Gyata bobɔ mu pɛ wɔn hanam,

wɔhwehwɛ wɔn aduan fi Onyankopɔn hɔ.

22Owia pue ma wɔsan wɔn akyi;

wɔsan kɔdeda wɔn atu mu.

23Afei, onipa kɔ nʼadwuma so

kɔyɛ adwuma ara kosi anwummere.

24Awurade, wo nnwuma dɔɔso!

Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa;

wʼabɔde ahyɛ asase so ma.

25Po na ɛda hɔ tɛtrɛɛ tamaa yi,

a abɔde bebree a enni ano;

akɛse ne nketewa ahyɛ no ma.

26So na ahyɛn di akɔneaba,

na ɔdɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no di agoru.

27Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan

sɛ wobɛma wɔn wɔn aduan wɔ bere a ɛsɛ mu.

28Wode ma wɔn a, wɔtase;

wubue wo nsam a nnepa mee wɔn.

29Wode wʼanim hintaw wɔn a,

wɔbɔ hu;

sɛ wugye wɔn home a,

wowuwu na wɔsan kɔ mfutuma mu.

30Sɛ wode wo Honhom no ma wɔn a

na wɔabɔ wɔn,

na woyɛ asase ani foforo.

31Ma Awurade anuonyam ntena hɔ daa;

ma Awurade ani nnye ne nnwuma ho,

32nea ɔhwɛ asase na ɛwosow,

na ɔde ne nsa ka mmepɔw a wusiw fi mu ba.

33Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa;

sɛ mete ase yi, mɛto ayeyi dwom ama me Nyankopɔn.

34Ɔmma me mpaebɔ nsɔ nʼani

bere a meregye mʼani wɔ Awurade mu yi.

35Ma nnebɔneyɛfo nyera wɔ asase so;

na amumɔyɛfo ase nhyew.

Me kra, kamfo Awurade.

Kamfo Awurade.