Nnwom Mu Dwom 1 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom Mu Dwom 1:1-17

1Salomo nnwom mu dwom.

Ababaa:

2Ma ɔmfa nʼano mfewano no mfew mʼano,

efisɛ wo dɔ no yɛ anigye sen bobesa.

3Wʼaduhuam yi hua a ɛyɛ anigye;

wo din te sɛ aduhuam a wɔahwie.

Na ɛnyɛ nwonwa sɛ mmabaa no dɔ wo!

4Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm!

Ma ɔhene mfa me nkɔ ne pia mu.

Nnamfonom:

Yebedi ahurusi na yɛn ani agye wo ho.

Yɛbɛkamfo wo dɔ asen bobesa.

Ababaa:

Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!

5Mibiri de, nanso me ho yɛ fɛ,

Yerusalem mmabea,

mobiri te sɛ Kedar ntamadan,

te sɛ, Salomo ntamadan mu ntwamtam!

6Nhwɛ me haw sɛ mibiri nti,

efisɛ owia na ayɛ me saa.

Me na mmabarima bu fuw me,

enti wɔma me kɔhwɛɛ bobe nturo so;

na amma manhwɛ mʼankasa me bobeturo.

7Kyerɛ me, me dɔfo,

faako a wode wo nguankuw kɔ adidi

na owigyinae nso, faako a woma wo nguan home.

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbea a wakata nʼanim

wɔ wo nnamfonom nguankuw ho?

Nnamfonom:

8Sɛ wunnim a, mmea mu ɔhoɔfɛfo koraa,

fa ɔkwan a nguan fa so so

na fa wo mpapomma kɔ adidi

wɔ nguanhwɛfo no ntamadan ho.

Aberante:

9Me dɔfo, mede wo toto ɔpɔnkɔbere

a wɔde hama asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho no ho.

10Asokaa ama wʼafono ho ayɛ fɛ,

na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo.

11Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ asokaa

a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo.

Ababaa:

12Bere a ɔhene te ne didipon ho no,

nʼaduhuam hua no gyee hɔ.

13Me dɔfo ayɛ me sɛ kurobow1.13 Kurobow yɛ aduhuam bi a wonya fi “balsam” dua a bi wɔ Etiopia, Ntam Po ne India. Nnipa de yɛ wɔn ho ma wɔn ho yɛ huam. toa

a ɛda me nufu ntam.

14Me dɔfo ayɛ me sɛ nhwiren boa a ayɛ frɔmfrɔm

wɔ En-Gedi1.14 En-Gedi yɛ kwae a ɛwɔ sare so wɔ Nkyene Po atɔe fam a afifide a ɛyɛ huam bebree wɔ. bobeturo mu.

Aberante:

15Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ!

Ao, ahoɔfɛ ni!

Wʼaniwa aba te sɛ mmorɔnoma.

Ababaa:

16Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ!

Ao, ahoɔfɛ ni!

Yɛn mpa so yɛ akɔnnɔakɔnnɔ.

Aberante:

17Yɛn fi mpuran yɛ sida;

yɛn nsɛmso yɛ ɔpepaw.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom Mu Dwom 1:1-17

1Salomo nnwom mu dwom.

Ababaawa:

2Ma ɔmfa nʼano mfeano no mfe mʼano,

ɛfiri sɛ wo dɔ no yɛ ahomeka sene bobesa.

3Wʼaduhwam yi hwa a ɛyɛ ahomeka

wo din te sɛ aduhwam a wɔahwie.

Na ɛnyɛ nwanwa sɛ mmabaawa no dɔ woɔ!

4Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm!

Ma ɔhene mfa me nkɔ ne piam.

Nnamfonom

Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho.

Yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa.

Ababaawa:

Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!

5Mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ,

Ao, Yerusalem mmammaa,

mobiri te sɛ Kedar ntomadan,

te sɛ, Salomo ntomadan mu ntwamutam!

6Nhwɛ me haa sɛ mebirie enti,

ɛfiri sɛ awia na ayɛ me saa.

Memaa mmammarima bo fuu me

enti wɔmaa me kɔhwɛɛ bobe nturo so;

na amma manhwɛ mʼankasa me bobe turo.

7Kyerɛ me me dɔfoɔ,

faako a wode wo nnwankuo kɔ adidi

na owigyinaeɛ nso faako a woma wo nnwan home.

Adɛn enti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbaa a wakata nʼanim

wɔ wo nnamfonom nnwankuo ho?

Nnamfonom

8Sɛ wonnim a, mmaa ahoɔfɛfoɔ pa ara no,

fa ɛkwan a nnwan fa soɔ so

na fa wo mpapo mma kɔ adidi

wɔ nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho.

Aberanteɛ:

9Me dɔfoɔ, mede wo toto pɔnkɔ bereɛ

a wɔde ahoma asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho.

10Nsomuadeɛ ama wʼafono ho ayɛ fɛ,

na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo.

11Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ nsomuadeɛ

a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo.

Ababaawa:

12Ɛberɛ a ɔhene te nʼadidi ɛpono ho no,

nʼaduhwam hwa no gyee hɔ.

13Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ kurobo1.13 Krobo yɛ aduhwam bi a wɔnya firi “balsam” dua a ebi wɔ Etiopia, Ntam Po ne India. Nnipa de yɛ wɔn ho ma wɔn ho yɛ hwam. toa

a ɛda me nufu ntam.

14Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ nhwiren boa a ayɛ frɔmm

wɔ En-Gedi1.14 En-Gedi yɛ kwaeɛ a ɛwɔ ɛserɛ so wɔ Nkyene Po atɔeɛ fam a afifideɛ a ɛyɛ hwam bebree wɔ. bobe turo mu.

Aberanteɛ:

15Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ!

Ao, ahoɔfɛ nie

wʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma.

Ababaawa

16Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ!

Ao, ahoɔfɛ nie

yɛn mpa so yɛ akɔnɔakɔnɔ.

Aberanteɛ:

17Yɛn fie mpunan yɛ ntweneduro;

yɛn nsamsoɔ yɛ pepeaa.