Nehemia 6 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nehemia 6:1-19

Wɔkɔ So Ko Tia Asiesie No

1Bere a Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfo nkae no huu sɛ masiesie ɔfasu no awie a ɔkwan biara nneda ntam; nanso saa bere no na minsisii apon no, 2Sanbalat ne Gesem de nkra brɛɛ me se, minhyia wɔn wɔ nkuraa no baako a ɛwɔ Ono tataw so hɔ. Nanso mihuu sɛ wɔrepam me ti so, 3enti memaa wɔn mmuae se, “Mereyɛ adwuma kɛse bi a merentumi nnyae mmehyia mo.” 4Wɔmaa me saa nkra no mpɛn anan. Ne nyinaa mu no, memaa mmuae koro no ara.

5Ne mpɛn anum so no, Sanbalat somfo bae no na okura krataa a wɔakyerɛw. 6Na krataa no mu nsɛm ni:

“Gesem aka akyerɛ me se, baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔte sɛ wo ne Yudafo no repam atew atua; ɛno nti na woresiesie ɔfasu no. Nea ɛka ho ne sɛ, wopɛ sɛ wubedi wɔn so hene, 7na mpo, woayi adiyifo bi sɛ wɔnhyɛ wo ho nkɔm wɔ Yerusalem se, ‘Monhwɛ! Ɔhene bi wɔ Yuda!’ Ɛsɛ sɛ wugye to mu sɛ, saa asɛm yi beduu ɔhene aso mu, enti ɛsɛ sɛ woba, na wo ne me bɛka ho asɛm.”

8Mibuae se, “Wunim sɛ woretwa atoro. Asɛm a woreka no, nokware baako koraa nni mu.”

9Huna na na wɔpɛ sɛ wohunahuna yɛn. Na wususuw sɛ wobetumi abu yɛn aba mu na yegyae adwuma no yɛ. Ɛno nti, mebɔɔ mpae sɛ menya ahoɔden de atoa dwumadi no so.

10Akyiri no, mekɔsraa Delaia babarima a ɔyɛ Mehetabel nena Semaia a ɔhyɛ ne fi na ɔnkɔ baabiara no. Ɔkae se, “Ma yenhyia wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na yɛmmram apon no akyi. Wʼatamfo reba abekum wo anadwo yi.”

11Na mibuae se, “Enti ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me guan amanehunu ana? Enti ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me bɛkɔ akohintaw Asɔredan mu de apere me nkwa ana? Dabi, merenyɛ saa!” 12Mihuu sɛ Onyankopɔn nkasa nkyerɛɛ no, na ne nkɔm a ɔhyɛe no tia me, efisɛ Tobia ne Sanbalat abɔ no paa. 13Na wosusuw sɛ wobehunahuna me, na mafa nʼadwenkyerɛ no so ayɛ bɔne, na wɔnam so abɔ me sobo, asɛe me din.

14Me Nyankopɔn, kae bɔne a Tobia ne Sanbalat ayɛ no nyinaa. Na kae odiyifobea Noadia ne adiyifo a wɔte sɛ ɔno a wɔpɛe sɛ wohunahuna me no.

Adansifo No Wie Ɔfasu No To

15Enti Elul ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛto so abien no, wowiee ɔfasu no asiesie, nnafua aduonum abien a wofii dwumadi no ase no mu. 16Bere a yɛn atamfo ne aman a wɔatwa yɛn ho ahyia tee no, wosuroe, na ɛma wɔbotowee. Wohuu sɛ Onyankopɔn mmoa na wɔde ayɛ adwuma no.

17Saa nnafua aduonum abien no mu no, nkrataa bebree dii akɔneaba wɔ Tobia ne Yuda adwumayɛfo no ntam. 18Efisɛ na Yudafo bebree aka ntam sɛ, wɔbɛsom no. Afei, na Tobia ase ne Arah babarima Sekania. Na Sekania babarima Yehohanan nso aware Berekia babarima Mesulam babea. 19Wɔkɔɔ so kaa sɛnea Tobia ho yɛ nwonwa fa no kyerɛɛ me, na wɔkaa biribiara a mekae nso kyerɛɛ no. Na Tobia de ahunahuna nkrataa bebree brɛɛ me.

Japanese Contemporary Bible

ネヘミヤ 記 6:1-19

6

城壁再建へのさらなる妨害

1城壁工事は余すところ、門の扉を取りつけるだけとなりました。サヌバラテ、トビヤ、アラブ人ゲシェムをはじめとする敵どもは、工事もほぼ完成したと聞くと、 2手紙をよこして、オノ平野にある村で会見したいと言ってきました。それは私を殺す陰謀だと感づいたので、 3私は次のような返事を送り返しました。「まだ、この大事業は終わっていない。中途で放って、そちらへ出向くわけにはいかない。」 4彼らはしつこく、四度も同じ手紙をよこしたので、そのつど、同じように答えました。 5-6五度目に、サヌバラテの使いは、次のような文面の、封のしていない手紙を持って来ました。「ゲシェムによると、行く先々で、こんなうわさが耳に入るそうだ。ユダヤ人は、反逆するために城壁を再建しているのだと。おまえは、王になろうとたくらんでいるそうではないか。 7それに、エルサレムでは預言者を任命し、『ネヘミヤこそ、われわれに必要な人物だ』と言わせているとか。このことは、必ずアルタシャスタ王の耳に入れる。こちらに来るがよい。話し合う余地は十分にある。それしか助かる道はないのだ。」 8私はこう答えてやりました。「胸によく手を当てて、考えてみることだ。事実に反することを並べ立てているだけではないか。 9君たちは私たちを脅迫して、ただ工事を中止させたいだけなのだ。」ああ、神様。どうか、私に力をお与えください。

10数日後、私は、メヘタブエルの孫でデラヤの子シェマヤを訪ねました。神からのお告げがあったと聞いたからです。「神殿に身を隠して、扉を閉めなさい。今晩、彼らはあなたを殺しにやって来ます」と、彼は警告しました。 11私は言いました。「総督たる者が、危険だからといってどうして逃げ出せましょう。それに、祭司でもない私が神殿に入ったりすれば、いのちを失います。」

12-13そのとき、私は悟りました。それは神のお告げではなく、トビヤとサヌバラテの陰謀だったのです。彼らはシェマヤを買収して私を脅し、神殿に逃げ込むような罪を犯させて、非難のほこ先を私に向けようとしたのでした。 14「神様。トビヤ、サヌバラテ、女預言者ノアデヤ、その他の預言者の罪を、一つ残らず覚えていてください。彼らはあの手この手で、私の気持ちをくじこうと謀りました。」

15こうして城壁は、着工から五十二日後の第十二の月の初めに完成しました。

城壁完成後の攻撃と警備

16敵や回りの国々はこれを知って驚き、恐れました。神の助けがあったからこそ、この工事ができたのだ、と思い知らされたからです。 17この間、トビヤとユダヤ人の腐敗した役人の間では、何通もの手紙がやり取りされました。 18トビヤにとって、アラフの息子シェカヌヤは義父に当たり、息子ヨハナンも、ベレクヤの息子メシュラムの娘と結婚していたので、ユダ国内には、トビヤに忠誠を誓う者も多かったのです。 19彼らは口々に、トビヤのことを私にほめそやしましたし、私の言うことはそっくり彼の耳に入れていました。一方トビヤは、頻繁に脅迫状を送ってよこしました。