Mmebusɛm 28 – AKCB & NSP

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 28:1-28

1Omumɔyɛfo guan bere a obiara ntaa no,

nanso atreneefo koko yɛ duru sɛ gyata.

2Atuatewman nya sodifo pii,

nanso onipa a ɔwɔ nhumu ne nimdeɛ ma mmara yɛ adwuma.

3Sodifo a ɔhyɛ ahiafo so no

te sɛ osu mu ahum a ennyaw nnɔbae bi wɔ akyi.

4Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumɔyɛfo,

na wɔn a wodi mmara so no siw wɔn kwan.

5Abɔnefo nte atɛntrenee ase,

nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te ase yiye.

6Ohiani a ne nantew ho nni asɛm

ye sen ɔdefo a nʼakwan yɛ kɔntɔnkye.

7Nea odi mmara so yɛ ɔba a ɔwɔ nhumu,

nanso nea ɔne adidibradafo bɔ no gu nʼagya anim ase.

8Nea ogye mfɛntom mmoroso de nya ne ho no,

ɔboaboa ano ma nea ɔbɛyɛ ahiafo adɔe.

9Sɛ obi nni mmara so a,

ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwade.

10Nea odi atreneefo anim de wɔn fa ɔkwan bɔne so no

bɛhwe ɔno ankasa afiri mu,

nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no benya agyapade a eye.

11Ɔdefo tumi yɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so,

nanso ohiani a ɔwɔ nhumu no hu sɛnea ɔte.

12Sɛ atreneefo di nkonim a, nnipa di ahurusi pii;

nanso sɛ amumɔyɛfo nya tumi a nnipa kohintaw.

13Onipa a ɔkata ne bɔne so no nnya nkɔso,

na nea ɔka ne bɔne na ogyae yɛ no nya ahummɔbɔ.

14Nhyira nka nea osuro Awurade bere nyinaa,

nanso nea opirim ne koma no tɔ amane mu.

15Omumɔyɛfo a odi nnipa a wonni mmoa so no

te sɛ gyata a ɔbobɔ mu anaa sisi a nʼani abere.

16Ɔsodifo tirimɔdenfo nni adwene,

na nea okyi mfaso a wɔnam ɔkwan bɔne so nya no benya nkwa tenten.

17Nea awudi ma ne tiboa bu no fɔ no

bɛyɛ ɔkobɔfo akosi ne wu da;

wɔmma obiara nsiw no kwan.

18Nea ne nantew ho nni asɛm no, wogye no fi ɔhaw mu,

nanso nea nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim.

19Nea ɔyɛ nʼasase so adwuma no benya aduan pii,

nanso wɔn a wodi nnaadaasɛm akyi no benya wɔn so ne wɔn hia.

20Wobehyira onipa nokwafo pii,

na nea ɔpere pɛ ahonyade no remfa ne ho nni.

21Nhwɛanim nye,

nanso aduan kakraa bi nti nnipa bɛyɛ bɔne.

22Nea ɔyɛ pɛpɛe pere sɛ ɔbɛyɛ ɔdefo

na onnim sɛ ohia retwɛn no.

23Nea ɔka obi anim no bɛsɔ nnipa ani akyiri no

asen nea ɔwɔ tɛkrɛmadɛ.

24Nea ɔbɔ nʼagya anaa ne na korɔn

na ɔka se, “Ɛnyɛ bɔne no,”

ɔne ɔsɛefo na ɛbɔ.

25Odifudepɛfo de mpaapaemu ba

na nea ɔde ne ho to Awurade so no benya nkɔso.

26Nea ogye ne ho di no yɛ ɔkwasea,

na nea ɔnantew nyansa mu no wobegye no.

27Nea ɔma ahiafo no, hwee renhia no,

nanso nea obu nʼani gu wɔn so no nya nnome pii.

28Sɛ amumɔyɛfo nya tumi a, nnipa kohintaw;

na sɛ amumɔyɛfo ase tɔre a, atreneefo ase dɔ.

New Serbian Translation

Приче Соломонове 28:1-28

1Неправедник бежи, а нико га не гони,

а праведник је као лавић храбар.

2Земља због преступа има многе главаре,

али траје дуго са човеком поученим и разумним.

3Сиромах који убогога тлачи

је као пљусак који носи, а рода не доноси.

4Злог хвале они који Закон28,4 Осим значења Закон јеврејски израз тора се односи и на поуку, упутство у смислу ширем од Мојсијевог Закона. заборављају,

а на њих су кивни они који Закон чувају.

5Злотвори не схватају правду,

а све разуме онај што Господа тражи.

6Бољи је и сиромах који часно живи

од богаташа што нечасно живи.

7Разуман је син који Закон држи,

а свог оца срамоти онај што се дружи с изелицама.

8Ко иметак себи згрће од камате и зеленаштва,

сакупља ономе који је милостив убогима.

9Ухо своје ко одврати и не слуша Закон,

његова је молитва одвратна.

10У своју ће јаму пасти

ко заводи праведне на пут зла,

а добро ће беспрекорни да наследе.

11Богати је себи самом мудар,

али га разумни сиромах истражује помно.

12Велика је слава у радости праведника,

а када се зли осиле, човек се сакрива.

13Ко сакрива сагрешења своја, нема му напретка;

помилован бива ко се због њих каје и одриче их се.

14Блажен ли је човек што је стално на опрезу,

а у зло ће пасти онај што је срце своје скаменио.

15Лав што риче, медвед распомамљен,

такав је и злобни владар убогом народу.

16Големи је изнуђивач неразборит владар,

а ко се гнуша изнуђеног добитка продужава своје дане.

17Крвопролићем оптерећен човек хрли јами

и нека му нико не помогне.

18Избављен ће бити онај што беспрекорно живи,

а у трену пашће онај што нечасно живи.

19Изобиље хране има онај који своју земљу ради,

а изобиље сиромаштва онај који тежи безвредним стварима.

20Веран ће човек обилно бити благословен,

а некажњено неће проћи ко срља да се обогати.

21Страхота је кад се гледа ко је ко,

јер ће човек да сагреши и за парче хлеба.

22Шкртица срља да се обогати,

а и не зна да му стиже оскудица.

23Већу благонаклоност напослетку налази онај који кори човека

него онај који ласка језиком.

24Ко поткрада мајку своју и оца својега,

па још каже да ту греха нема,

тај се дружи са џелатом.

25Бахат човек отпочиње свађу,

а напредује ко се узда у Господа.

26Безуман је човек што верује срцу своме,

а ко мудро живи избављен ће бити.

27Нема оскудице ко сиромаху пружа,

а ко са њега скреће поглед препун је проклетства.

28Када се осиле зликовци, свако се склања,

а када страдају, множе се праведници.