Mmebusɛm 2 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 2:1-22

Nyansa So Mfaso Wɔ Abrabɔ Mu

1Me ba, sɛ wutie me nsɛm,

na woma me mmaransɛm tena wo mu a,

2sɛ wowɛn wʼaso ma nyansa

na wode wo koma ma ntease,

3na woma wo nne so frɛ nhumu

na wusu frɛ ntease,

4na sɛ wohwehwɛ no te sɛnea wohwehwɛ dwetɛ

na wohwehwɛ no sɛnea worepɛ ademude a ahintaw a,

5ɛno na wobɛte Awurade suro ase

na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.

6Awurade ma nimdeɛ,

na nʼanom na nyansa ne ntease fi ba.

7Ɔkora nkonimdi ma wɔn a wɔteɛ,

ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ,

8ɔwɛn nea ɔyɛ pɛ kwan,

na ɔbɔ wɔn a wodi no nokware no akwan ho ban.

9Ɛno na wobɛte nea eye ne nea ɛyɛ pɛ,

ne nea ɛfata, ɔkwan biara a eye ase.

10Afei nyansa bewura wo koma mu,

na nimdeɛ ayɛ ahomeka ama wo kra.

11Adwene bɛbɔ wo ho ban

na ntease ahwɛ wo so.

12Nyansa beyi wo afi amumɔyɛfo akwan mu,

ebeyi wo afi nnipa a wɔn nsɛm yɛ basabasa nsam,

13wɔn a wɔaman afi akwan pa so

akɔnantew sum akwan so no,

14wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho,

na wodi ahurusi wɔ bɔne mu basabasayɛ ho,

15wɔn a wɔn akwan yɛ kɔntɔnkye

na wɔyɛ abonsam wɔ wɔn akwan mu.

16Nimdeɛ begye wo afi ɔbea waresɛefo no nsam,

afi ɔbea warefo huhuni a ɔka nnaadaasɛm ho,

17nea wagyaa ne mmabaabere mu kunu

na wapo apam a ɔyɛɛ wɔ Onyankopɔn anim no.

18Ne fi yɛ ɔkwan a ɛkɔ owu mu

na nʼakwan kɔ awufo honhom nkyɛn.

19Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsan mma

anaasɛ ɔrensi nkwa akwan so.

20Enti wubedi nnipa pa anammɔn akyi

na woanantew atreneefo akwan so.

21Efisɛ wɔn a wɔteɛ bɛtena asase no so,

na wɔn a asɛm nni wɔn ho no na wɔbɛka hɔ;

22na wobetwa amumɔyɛfo afi asase no so,

na wɔatɔre atorofo ase.

King James Version

Proverbs 2:1-22

1My son, if thou wilt receive my words, and hide my commandments with thee; 2So that thou incline thine ear unto wisdom, and apply thine heart to understanding; 3Yea, if thou criest after knowledge, and liftest up thy voice for understanding;2.3 liftest…: Heb. givest thy voice 4If thou seekest her as silver, and searchest for her as for hid treasures; 5Then shalt thou understand the fear of the LORD, and find the knowledge of God. 6For the LORD giveth wisdom: out of his mouth cometh knowledge and understanding. 7He layeth up sound wisdom for the righteous: he is a buckler to them that walk uprightly. 8He keepeth the paths of judgment, and preserveth the way of his saints. 9Then shalt thou understand righteousness, and judgment, and equity; yea, every good path.

10¶ When wisdom entereth into thine heart, and knowledge is pleasant unto thy soul; 11Discretion shall preserve thee, understanding shall keep thee: 12To deliver thee from the way of the evil man, from the man that speaketh froward things; 13Who leave the paths of uprightness, to walk in the ways of darkness; 14Who rejoice to do evil, and delight in the frowardness of the wicked; 15Whose ways are crooked, and they froward in their paths: 16To deliver thee from the strange woman, even from the stranger which flattereth with her words; 17Which forsaketh the guide of her youth, and forgetteth the covenant of her God. 18For her house inclineth unto death, and her paths unto the dead. 19None that go unto her return again, neither take they hold of the paths of life. 20That thou mayest walk in the way of good men, and keep the paths of the righteous. 21For the upright shall dwell in the land, and the perfect shall remain in it. 22But the wicked shall be cut off from the earth, and the transgressors shall be rooted out of it.2.22 rooted: or, plucked up