Mika 4 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mika 4:1-13

Awurade Bepɔw No

1Nna a edi akyi no mu no,

Awurade asɔredan bepɔw no betim

sɛ mmepɔw no nyinaa ti;

ebegye din aboro nkoko nyinaa,

na nnipa ahorow bɛbɔ yuu akɔ hɔ.

2Aman bebree bɛba abɛka se,

“Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw no so,

nkɔ Yakob Nyankopɔn fi.

Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan

sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew nʼatempɔn so.”

Mmara no befi Sion aba,

na Awurade asɛm afi Yerusalem.

3Obebu amanaman ntam atɛn

na obesiesie nnipa bebree ntam asɛm.

Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔw

na wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw.

Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa,

na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.

4Obiara bɛtena ne bobe

anaa ne borɔdɔma nnua ase,

na obiara remmehunahuna wɔn,

efisɛ, Asafo Awurade akasa.

5Amanaman no nyinaa betumi anantew

wɔn anyame din mu,

na yɛn de, yɛbɛnantew Awurade,

yɛn Nyankopɔn Din mu daa daa.

Awurade Atirimpɔw

6“Saa da no,” sɛnea Awurade se ni,

“Mɛboaboa mmubuafo, atukɔfo

ɛne wɔn a mede awerɛhow aba wɔn so ano.

7Mɛma mmubuafo ayɛ me nkurɔfo wɔ asase no so,

atukɔfo no bɛyɛ ɔman kɛse.

Awurade bedi wɔn so hene wɔ Sion bepɔw so

afi da no akosi daa.

8Na wo, nguankuw no abantenten,

Ɔbabea Sion, abandennen,

wɔde wo tete tumidi no bɛsan abrɛ wo;

Ɔbabea Yerusalem nsa bɛsan aka nʼahenni.”

9Adɛn nti na afei woresu dennen,

wunni ɔhene ana?

Wo futufo ayera, na enti

ɔyaw aka wo sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu?

10Bukabukaw wo mu wɔ yawdi mu, Ɔbabea Sion,

te sɛ ɔbea a awo aka no,

mprempren ɛsɛ sɛ wufi kuropɔn no mu

kɔtena sare so.

Wobɛkɔ Babilonia;

na hɔ na wobegye wo.

Ɛhɔ na Awurade begye wo

afi wʼatamfo nsam.

11Mprempren de, aman bebree aka abɔ mu atia wo.

Wɔka se, “Wongu Sion ho fi,

na yɛmfa yɛn ani nhwɛ no!”

12Nanso wonnim Awurade adwene.

Wɔnte nʼagyinatu ase.

Wonnim sɛ ɔno na ɔboaboa wɔn ano te sɛ afiafi

de kɔ awiporowbea.

13“Sɔre, na porow, Ɔbabea Sion,

mɛma wo dade mmɛn;

mɛma wo kɔbere tɔte

na wubebubu aman bebree mu nketenkete.”

Wode wɔn mfaso a wɔampɛ no ɔkwan pa so bɛbrɛ Awurade,

wode wɔn ahonyade bɛbrɛ asase nyinaa so wura.