Marko 8 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Marko 8:1-38

Nnipa Mpem Anan Aduanma

1Saa mmere no mu na nnipakuw foforo bi baa Yesu nkyɛn. Esiane sɛ na hwee nni hɔ a wobedi nti, 2Yesu frɛɛ nʼasuafo no baa ne nkyɛn, na ɔkae se, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabedi nnansa wɔ ha a, wonni aduan biara a wobedi bio. 3Sɛ migya wɔn kwan sɛ wɔnkɔ a wonnidii a, anhwɛ a na wɔn mu bi atotɔ piti wɔ ɔkwan so, efisɛ wɔn mu bi fi akyirikyiri na wɔbae.”

4Nʼasuafo no bisaa no se, “Ɛhefa na yebenya aduan ama saa nnipa dodow yi wɔ sare yi so ha?”

5Obisaa wɔn se, “Brodo dodow ahe na mowɔ?”

Wobuaa no se, “Yɛwɔ ason.”

6Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se wɔntenatena ase wɔ sare no so. Afei ɔfaa brodo ason no, na ohyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafo no ma wɔkyɛ maa nnipa no. 7Na wɔwɔ mpataa kakra wɔ hɔ, nti Yesu hyiraa ɛno nso so de maa asuafo no sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn. 8Nnipakuw no didi mee no, ogyaa wɔn kwan. 9Nnipa a wodii aduan no dodow bɛyɛ mpem anan. Na wɔtasee ase nnikae no, ɛyɛɛ kɛntɛn ason. 10Eyi akyi no ɔne nʼasuafo no kɔtenaa ɔkorow mu baa Dalmanuta fam.

Ɔsoro Nsɛnkyerɛnne

11Farisifo no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bebisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛe. Wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛ nsɛnkyerɛnne bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnne bi nna adi wɔ wim nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yebegye wo adi.” 12Yesu tee nea wɔkae no, oguu ahome ka kyerɛɛ wɔn se, “Dɛn nti na mohwehwɛ nsɛnkyerɛnne daa yi? Nsɛnkyerɛnne biara nni hɔ a mɛyɛ akyerɛ mo.” 13Ɔsan kɔtenaa ɔkorow no mu gyaw wɔn, twa kɔɔ asuogya nohɔ.

Herode Ne Farisifo Mmɔkaw

14Asuafo no werɛ fii sɛ wɔfa aduan bi kura ansa na wɔkɔ, gye brodo baako pɛ na na wokura wɔ ɔkorow no mu. 15Wɔretwa asu no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Ɔhene Herode ne Farisifo mmɔkaw ho.”

16Asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Asɛm a ɔreka yi ase ne dɛn?” Nea wɔn adwene kyerɛɛ wɔn ne sɛ, ebia ɔreka aduan a wɔn werɛ fii sɛ wɔbɛfa akita no ho asɛm.

17Yesu huu nea wodwinnwen no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na mereka! Monnte eyi ase ana? Mo koma da so pirim? 18Mowɔ ani nso munhu ade? Mowɔ aso nso momfa nte asɛm? Na monnkae biribi ana? 19Bere a mibubuu brodo anum mu maa nnipa mpem anum no, nnikae kɛntɛn ahe na motasee?”

Wɔkae se, “Dumien.”

20“Na mesan de brodo ason maa nnipa mpem anan no nso, ahe na ɛkae?”

Wɔkae se, “Nkɛntɛn ason.”

21Obisaa wɔn bio se, “Monnte ase ara ana?”

Onifuraefo Bi Ayaresa Wɔ Betsaida

22Bere a woduu Betsaida no, nnipa bi de onifuraefo bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yare. 23Yesu soo onifuraefo yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasu guu onifuraefo no ani so, na ɔde ne nsa guu no so. Yesu bisaa no se, “Wuhu ade ana?”

24Onifuraefo no maa nʼani so hwɛɛ soro, buae se, “Yiw, mihu nnipa! Nanso mihu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ.”

25Afei Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifuraefo no buee nʼani, na bere a ɔrehwɛ ade haa no, nʼani no yɛɛ yiye a afei de na ohu biribiara kann. 26Yesu ma ɔkɔɔ fie, na ɔka kyerɛɛ no se, “Nnsan nnkɔ akuraa no ase bio.”

Petro Ka Se Yesu Ne Kristo No

27Yesu ne nʼasuafo no fii Galilea kɔɔ Kaesarea ne Filipi nkuraa ase. Wɔnam ɔkwan so rekɔ no, obisaa wɔn se, “Nnipa ka se mene hena?”

28Asuafo no buae se, “Ebinom se wone Osuboni Yohane no, na afoforo nso se woyɛ Elia anaasɛ tete adiyifo no mu bi a wasan aba.”

29Na obisaa wɔn se, “Na mo nso mose meyɛ hena?”

Petro buaa no se, “Wone Kristo no.”

30Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ se, wɔnnka nkyerɛ obiara.

Yesu Hyɛ Ne Wu Ne Ne Wusɔre Ho Nkɔm

31Afei ofii ase kaa Onipa Ba no amane a obehu ne mpanyimfo, asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no po a wɔbɛpo no, na wɔakum no, na nnansa so wasɔre no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. 32Ɔkaa asɛm no pefee a wamfa biribiara anhintaw wɔn. Petro twee no gyinaa nkyɛn bisaa no se, “Adɛn nti na woka asɛm a ɛte sɛɛ yi?”

33Yesu dan ne ho hwɛɛ nʼasuafo no kaa Petro anim se, “Fi me so, Ɔbonsam! Wʼadwene yɛ nea efi onipa na ɛnyɛ nea efi Onyankopɔn.”

Ahopaakyi

34Afei ɔfrɛɛ nʼasuafo no ne nnipakuw no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se: “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa nʼasennua, na odi mʼakyi. 35Nea ɔma ne kra som no bo no, ebefi ne nsa. Na nea me ne asɛmpa no nti, ɔbɛhwere ne kra no, wobegye no nkwa. 36Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a mfaso bɛn na obenya? 37Dɛn na ɛsom bo sen ne kra? 38Na obiara a saa nnabɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ me, Onipa Ba no aniwu, bere a me ne mʼabɔfo kronkron no bɛsan aba wɔ mʼAgya anuonyam mu no.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

马可福音 8:1-38

耶稣使四千人吃饱

1那时,又有一大群人聚在一起,他们没有东西吃。耶稣就叫来门徒,说: 2“我怜悯这些人,他们跟我在一起已经三天,没有任何吃的了。 3如果让他们饿着肚子回家,他们在路上会体力不支,因为有些人是远道而来的。”

4门徒说:“在这荒野,如何找到足够的食物给这些人吃呢?”

5耶稣问:“你们有多少饼?”

门徒答道:“七个。”

6耶稣便吩咐大家坐在地上,然后拿着那七个饼祝谢了,掰开,递给门徒,让门徒分给大家,门徒就把饼分给大家。 7他们还有几条小鱼。耶稣祝谢了,叫门徒分给众人。 8大家都吃了,并且吃饱了,剩下的零碎装满了七个筐子。 9吃的人约有四千。耶稣让众人回家后, 10随即和门徒上船,来到大玛努他地区。

11法利赛人出来盘问耶稣,要求祂从天上显一个神迹给他们看看,借此试探祂。 12耶稣深深叹息道:“这世代的人为什么总是要看神迹呢?我实在告诉你们,没有神迹给这世代的人看。” 13然后,耶稣离开他们,乘船回对岸去了。

防备法利赛人和希律的酵

14门徒忘了带饼,船上只有一个饼。 15耶稣警告他们:“你们要谨慎,要提防法利赛人和希律的酵!”

16他们彼此议论说:“老师这样说,是不是因为我们没有带饼呢?”

17耶稣知道他们的心思,就说:“你们为什么议论没有带饼的事呢?难道你们还不明白、不领悟吗?你们的心还是愚顽吗? 18你们有眼不会看,有耳不会听吗?你们不记得吗? 19我掰开五个饼分给五千人吃的时候,你们捡了多少篮的零碎呢?”

门徒答道:“十二篮。”

20耶稣又说:“我用七个饼喂饱四千人的时候,你们捡了多少筐零碎呢?”

门徒答道:“七筐。”

21耶稣接着说:“你们还不明白吗?”

治好伯赛大的瞎子

22他们到了伯赛大,有人带来一个瞎子,求耶稣摸他。 23耶稣拉着瞎子的手带他走到村外,吐唾沫在他的眼睛上,并把手按在他身上,问他:“你看见什么了?”

24他抬头看了看,说:“我看见人们好像一棵棵的树,走来走去。”

25耶稣把手按在他的眼睛上,他定睛一看,便恢复了视力,什么都看得清清楚楚。 26耶稣叫他回家,并对他说:“不要再进这个村子了。”

彼得宣告耶稣是基督

27耶稣和门徒前往凯撒利亚·腓立比境内的村庄。在路上,祂问门徒:“别人说我是谁?”

28他们说:“有人说你是施洗者约翰,有人说你是以利亚,有人说你是众先知中的一位。”

29耶稣又问他们:“那么,你们说我是谁?”

彼得回答说:“你是基督!”

30耶稣吩咐他们不要泄露祂的身份。

耶稣预言自己的受难和复活

31从此,耶稣便告诉他们,人子必须受许多苦,被长老、祭司长和律法教师弃绝,杀害,但必在三天之后复活。 32耶稣清楚地把这些事告诉了他们,彼得就把祂拉到一边,劝阻祂。 33耶稣转身看了看门徒,斥责彼得说:“撒旦,退到我后面去!因为你不考虑上帝的意思,只考虑人的意思。”

34祂叫众人和门徒一起过来,对他们说:“如果有人要跟从我,就应当舍己,背起他的十字架跟从我。 35因为想救自己生命的,必失去生命;但为了我和福音而失去生命的,必得到生命。 36人就是赚得全世界,却丧失自己的生命,又有什么益处呢? 37他还能用什么换回生命呢?

38“在这淫乱、罪恶的世代,如果有人以我和我的道为耻,人子在父的荣耀中与圣天使再来的时候,也要以他为耻。”