Marko 4 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Marko 4:1-41

Ogufo Ho Bɛ

1Bere a ogu so rekyerɛkyerɛ no, nnipadɔm san betwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ. Eyi nti ɔkɔtenaa ɔkorow mu toaa ne kyerɛkyerɛ no so. 2Na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔnam mmebu so kyerɛɛ wɔn nneɛma bebree se: 3“Muntie! Okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. Ogu so regu aba no, 4Ogu so regu aba no, aba no bi guu kwankyɛn maa nnomaa bɛsosɔw ne nyinaa dii. 5Ebi nso koguu ɔbotan a dɔte a ɛwɔ so no nnɔɔso so. 6Ankyɛ na efifii, nanso esiane sɛ dɔte a ɛwɔ ɔbotan no so no nnɔɔso no nti owia bɔɔ so, na ne nyinaa hyewee. 7Aba no bi nso guu nsɔe mu maa nsɔe no kyekyeree no nti antumi ansow aba. 8Aba no bi nso guu asase pa mu maa bi nyin sow mmɔho aduasa, ebi aduosia, na afoforo nso mmɔho ɔha.”

9Na Yesu kae se, “Nea ɔwɔ aso no ntie!”

10Akyiri no a ɛkaa ɔne dumien no ne asuafo afoforo bi no, wobisaa no se, “Asɛm a wokae no ase ne dɛn?” 11Obuaa wɔn se, “Mo de, wɔada Onyankopɔn Ahenni ho ahintasɛm adi akyerɛ mo. Nanso afoforo de, wɔka no abebu mu na ɛkyerɛ wɔn. 12Esiane saa nti,

“ ‘Wohu na wɔte, nanso wɔrente nea wɔte no ase,

na wɔrennan mma Onyankopɔn nkyɛn,

na wɔremfa wɔn bɔne nso nkyɛ wɔn.’

13“Na sɛ moante saa bɛ yi ase a, ɛbɛyɛ dɛn na moate mmɛ ahorow a merebebu no ase? 14Okuafo no asɛm no. 15Aba a eguu kwankyɛn no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, nanso sɛ wɔte asɛm no a ntɛm ara na ɔbonsam ba wɔn nkyɛn ma wɔn werɛ fi nea wɔate no nyinaa. 16Aba a eguu ɔbotan so no gyina hɔ ma nnipa a wɔde anigye tie asɛm no. 17Nanso wɔte sɛ aba a afifi foforo a ne ntin nkɔ fam. Mfiase no wɔkɔ so fɛfɛɛfɛ, nanso sɛ ɛba sɛ asɛm no nti ɔtaa anaa amanehunu bi to wɔn pɛ a na wɔapa abaw. 18Aba a eguu nsɔe mu no nso gyina hɔ ma nnipa a wɔte asɛmpa no, 19nanso ɛnkyɛ koraa na wiase yi mu afɛfɛde ne ahonyade ne ɔbra yi mu dadwen, nnaadaa ne nneɛma bi ho akɔnnɔ abɛhyɛ wɔn koma mu. Eyi nti asɛm no ntumi nsow aba biara. 20Nnipa no bi te sɛ aba a wogu wɔ asase pa mu, wɔte asɛm no, wogye, na wɔsow aba— bi mmɔho aduasa, bi nso sow aduosia, na afoforo nso sow ɔha.”

Kanea So Mfaso

21Afei Yesu bisaa wɔn se, “Moahu obi a ɔsɔ kanea na ɔde hyɛ mpa ase, anaasɛ ɔde ahina butuw so? Mmom mommfa nsi ne dua so ana? 22Wɔbɛda nea ahintaw biara no adi, na nea wɔakata so biara no wɔde bepue gua. 23Nea ɔwɔ aso a obetie no, ma ontie!

24“Momfa asɛm a mote no nyɛ adwuma. Wɔde mo susukuruwa besusuw ama mo, na ama aboro so mpo. 25Nea ɔwɔ no, wɔbɛma no bi aka ho; nea onni no, kakraa bi a ɔwɔ no mpo, wobegye afi ne nsam.”

Aba A Ɛrenyin Ho Abebu

26Ɔkaa bio se, “Sɛnea Onyankopɔn Ahenni no te ni: Okuafo bi gu aba wɔ asase bi so. 27Awia ne anadwo, sɛ ɔda o, sɛ onyan o, aba no fifi a onnim sɛnea ɛyɛɛ a enyinii. 28Asase no ankasa bɔ nʼaduan, dua no na edi kan, afei etu mɛpɛsɛe na abɔ ama aba no anyin. 29Sɛ aba no nyin wie a, okuafo no fa ne dade kotwa, efisɛ otwa bere adu.”

Onyaa Aba Ho Bɛ

30Ɔsan kae se, “Dɛn ho na yɛde Ɔsoro Ahenni no bɛto, anaa mmebusɛm bɛn na yɛde bɛkyerɛkyerɛ mu? 31Ɛte sɛ onyaa aba, a ɛyɛ ketewaa wɔ aba a wodua nyinaa mu. 32Na sɛ wodua a enyin yɛ kɛse sen nnua a aka no nyinaa, eyiyi mman akɛse ma wim nnomaa besisi ne nwini mu.”

33Mmebu a ɛtete sɛ eyinom na Yesu de kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn, sɛnea wobetumi ate ase. 34Ɔnam mmebu so na ɔkasa kyerɛɛ wɔn a wobetiee no no nyinaa, na sɛ ɛka ɔne nʼasuafo no nko a, ɔkyerɛ wɔn ne nyinaa ase.

Yesu Brɛ Ahum Ase

35Eduu anwummere no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Momma yentwa nkɔ asuogya nohɔ.” 36Ɔkaa saa no, wogyaw nnipadɔm no hɔ na ɔne wɔn kɔe a akorow afoforo di wɔn akyi. 37Prɛko pɛ, ahum kɛse bi tu maa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so ma ɛyɛɛ sɛ ɛremem. 38Saa bere no, na Yesu wɔ ɔkorow no to de ne ti ato sumii so ada. Asuafo no de ahopopo ne nteɛteɛ mu konyan no kae se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛreyɛ amem yi ɛmfa wo ho?”

39Ɔsɔre teɛteɛɛ mframa no ka kyerɛɛ po no se, “Yɛ komm!” Mframa no gyaee, na po no yɛɛ komm!

40Yesu bisaa wɔn se, “Adɛn na moyɛ ahufo sɛɛ? Moda so nni gyidi ara?”

41Na wɔn ho dwiriw wɔn yiye, bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa bɛn ni a mframa ne po mpo tie no yi?”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

馬可福音 4:1-41

撒種的比喻

1耶穌又到湖邊講道,周圍聚集了許多人,耶穌只好上到湖邊的船上坐下,眾人都站在岸上。 2耶穌用比喻教導他們許多事,在教導中祂說: 3「聽著!有一個農夫出去撒種。 4撒種的時候,有些種子落在路旁,被飛鳥吃掉了; 5有些落在石頭地上,因為泥土不深,種子很快就發芽了, 6然而因為沒有根,被太陽一曬就枯萎了; 7有些落在荊棘叢中,荊棘長起來便把嫩苗擠住了,以致不能結實; 8有些落在沃土裡,就發芽生長,結出果實,收成多達三十倍、六十倍、一百倍!」 9然後祂說:「有耳可聽的,都應當聽。」

10當耶穌獨自一人的時候,十二使徒和追隨祂的人來請教比喻的意思。 11耶穌說:「上帝國的奧祕只讓你們知道,對於外人,我只用比喻, 12使他們『看了又看,卻不領悟;聽了又聽,卻不明白,免得他們回心轉意,得到赦免。』」

13耶穌又對他們說:「你們不明白這個比喻,又怎能明白其他比喻呢? 14農夫撒的是上帝的道。 15種子落在路旁,是指人聽了道,撒旦立刻過來奪去了撒在他們心裡的道。 16種子落在石頭地上,是指人聽了道後,立刻歡喜地接受了, 17但他們心裡沒有根基,不過是暫時接受,一旦為道遭受患難和迫害,就立刻放棄了。 18種子落在荊棘叢中,是指人雖然聽過道, 19但生活的憂慮、錢財的迷惑和其他慾望把道擠住了,以致不能結出果實。 20種子落在沃土裡,是指人聽了道,領受了,又結出果實,收成多達三十倍、六十倍、甚至一百倍。」

燈的比喻

21耶穌繼續說:「人會把燈拿來放在籃子底下或床底下嗎?當然不會,他一定會把它放在燈臺上。 22隱藏的事是不能掩蓋的,終會顯露出來。 23有耳可聽的,就應當聽。」 24耶穌又說:「要好好思想你們所聽到的,你們用什麼量器量給人,就用什麼量器量給你們,甚至要多給你們。 25因為凡有的,還要給他更多;凡沒有的,連他僅有的也要奪去!」

種子生長的比喻

26祂又說:「上帝的國就像一個人在地上撒種。 27他天天日出而作,日落而息。種子就在他不知不覺中漸漸發芽長大。 28大地會使種子生長,先發苗後吐穗,最終結出飽滿的籽粒。 29莊稼成熟後,他就拿起鐮刀來收割,因為收成的時候到了。」

芥菜種的比喻

30耶穌說:「我們拿什麼比作上帝的國呢?用什麼比喻來解釋呢? 31上帝的國就像一粒芥菜種。它是種子中最小的, 32但種在地裡,卻能長得比各樣蔬菜都大,有粗大的枝條,可以讓飛鳥在它的樹蔭中築巢。」

33耶穌用了許多類似的比喻,按照眾人所能領悟的,把上帝的道講給他們聽。 34祂總是用比喻對他們講論,只有單獨和門徒在一起的時候,才把一切解釋清楚。

平息風浪

35那天晚上,耶穌對門徒說:「我們渡到對面去吧。」 36他們就離開眾人,上了耶穌乘坐的船,一起渡到湖的對岸,還有其他船隻跟著去。 37忽然,湖面上狂風大作,波浪撞擊船身,船內幾乎灌滿了水。 38耶穌卻還在船尾枕著枕頭睡覺。門徒叫醒了祂,說:「老師,我們快淹死了,你怎麼不管呢?」

39耶穌起來斥責狂風,對著湖面說:「靜下來!停下來!」於是就風平浪靜了。 40祂對門徒說:「你們為什麼這樣害怕呢?你們還是沒有信心嗎?」

41他們極其害怕,彼此議論說:「祂到底是誰?連風浪都聽祂的!」