Marko 13 – AKCB & PCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Marko 13:1-37

Asɔredan No Sɛe Ne Awieimmere No Nsɛnkyerɛnne

1Yesu refi asɔredan no mu hɔ no, nʼasuafo no mu baako kae se, “Kyerɛkyerɛfo, adan yi yɛ fɛ papa. Hwɛ sɛnea wɔde abo asiesie afasu no.”

2Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ nokware de, nanso wobedwiriw saa dan yi agu pasaa.”

3Bere a ɔte Ngo Bepɔw no so a nʼani tua Yerusalem no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea baa ne nkyɛn bebisaa no se, 4“Bere bɛn na nea woreka fa asɔredan yi ho no bɛba mu. Na nsɛnkyerɛnne bi bedi kan aba ansa ana?”

5Yesu buaa wɔn se, “Monhwɛ yiye na obi annaadaa mo. 6Nnipa bebree de me din bɛba abɛka se wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii. 7Akokoakoko besisi mmaa nyinaa, nanso ɛnyɛ ɛno ne awiei no ho nsɛnkyerɛnne. 8Aman bɛsɔre aman so, na ahenni asɔre ahenni so na asasewosow ne ɔkɔm bɛba mmeaemmeae. Eyinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfiase.

9“Nanso sɛ eyinom fi ase sɛ ɛreba a, monhwɛ yiye! Mobɛkɔ ɔhaw akɛse mu. Esiane sɛ mudi mʼakyi nti, wɔbɛtwe mo akɔ asennii; wɔbɛhwe mo wɔ asɔredan mu, na wɔaka nsɛm agu mo so wɔ ahemfo ne mpanyimfo anim. Saa bere no ne bere pa a ɛsɛ sɛ moka Asɛmpa no kyerɛ wɔn. 10Na ɛsɛ sɛ Asɛmpa no di kan du ɔman biara so ansa na awiei no aba. 11Na sɛ wɔkyere mo de mo begyina asennii a, munninwene nea mobɛka de ayi mo ho ano ho. Monka nea Onyankopɔn bɛkyerɛ mo sɛ monka no. Na ɛnyɛ mo na mobɛkasa, na Honhom Kronkron no na ɔbɛkyerɛ mo nea monka.

12“Onua beyi onua ama sɛ wonkum no; agyanom nso beyi wɔn mma ama; mma nso beyi wɔn awofo ama sɛ wonkum wɔn. 13Na esiane sɛ moyɛ me de nti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso wɔn a wobegyina pintinn akodu awiei no, wobegye wɔn nkwa.

14“Enti sɛ muhu akyiwade a ɛbɔ ɔman wɔ asɔredan mu hɔ a, ɔkenkanfo, hwɛ yiye! Wɔn a wɔwɔ Yudea no nguan nkɔ mmepɔw no so. 15Wɔn a wɔwɔ wɔn afi mu no nguan a wɔnnsan nnkɔ fie hɔ bio nkɔfa biribiara mmfi hɔ. 16Wɔn a wɔwɔ mfuw mu no nso nnsan wɔn akyi mmɛfa sika anaa ntama wɔ fie. 17Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a woturu mma saa bere no mu no nnue. 18Na mommɔ mpae na bere a ɛsɛ sɛ muguan no anyɛ awɔw bere. 19Na ahohia a ɛbɛba saa mmere no mu no, efi bere a Onyankopɔn bɔɔ ade no bi nsii da, na bi nso rensi da.

20“Gye sɛ Awurade twa saa amanehunu no so, anyɛ saa a ɔkra baako koraa rentena ase. Nanso esiane wɔn a wɔayi wɔn no nti, obetwa nna no so. 21Na sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no ni’ a, mummmua. 22Atoro agyenkwanom ne atoro adiyifo bɛsɔre wɔ mo mu na wɔayɛ anwonwade ahorow, na sɛ ebetumi a, wɔadaadaa Onyankopɔn no ankasa ara mma. 23Monhwɛ yiye, efisɛ maka biribiara akyerɛ mo!

24“Ahohia no akyi no,

“ ‘owia beduru sum,

na ɔsram renhyerɛn,

25na nsoromma bɛtetew ahwe,

na wɔbɛwosow wim abɔde ahorow no.’

26“Na nnipa nyinaa behu me, Agyenkwa no, sɛ mede tumi ne anuonyam nam omununkum mu reba. 27Na mɛsoma mʼabɔfo akɔ wiase mmaa nyinaa, fi ɔsoro ano akɔka asase ano, na wɔabɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano.

28“Afei munsua biribi mfi borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ eyi mman foforo, san yi nhaban foforo a, na ɛkyerɛ sɛ asusow abɛn. 29Sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi a maka ho asɛm akyerɛ mo yi nyinaa afi ase resisi a, mubehu sɛ me ba a mɛsan aba no abɛn. 30Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwa mu, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa. 31Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛrentwa mu da.

32“Nanso da anaa dɔn ko a awiei no bɛba de, obiara nnim. Ɔsoro abɔfo ne me ankasa mpo nnim. Agya no nko ara na onim. 33Esiane sɛ munnim bere ko a asɛm yi besi nti, munsiesie mo ho. Monwɛn, ntwɛn me ba no. 34Me ba no te sɛ ɔbarima bi a otuu kwan kɔɔ ɔman foforo bi so. Ɔrebɛkɔ no, ɔkyɛɛ adwuma maa ne nkoa. Na ɔka kyerɛɛ ne ɔwɛmfo nso se, ɔnwɛn hɔ yiye nkosi sɛ ɔbɛba.

35“Enti mo nso monwɛn, efisɛ munnim bere ko a ofiwura no bɛba. Ebetumi aba sɛ ɔbɛba anwummere, ɔdasu mu, ahemadakye anaa awia. 36Sɛ ofu mu ba a, ɛnsɛ sɛ ɔbɛto mo sɛ moadeda. 37Asɛm a mede agyaw mo ne nnipa nyinaa ni. ‘Monwɛn!’ ”

Persian Contemporary Bible

مَرقُس 13:1-37

عيسی ويرانی خانهٔ خدا را پيشگويی می‌كند

1آن روز، هنگامی كه از خانهٔ خدا بيرون می‌رفتند، يكی از شاگردان به تعريف از ساختمانهای خانهٔ خدا پرداخت و گفت: «استاد ببينيد اين ساختمانها چقدر زيبا هستند! چه سنگ‌بُری‌های ظريفی دارند!»

2عيسی جواب داد: «بلی، اين ساختمانهای زيبا را می‌بينيد؟ حتی يک سنگ روی سنگ ديگر باقی نخواهد ماند، بلكه همه زير و رو خواهد شد.»

3‏-4وقتی عيسی در دامنهٔ كوه زيتون، روبروی خانهٔ خدا نشسته بود، پطرس و يعقوب و يوحنا و اندرياس به طور خصوصی نزد او آمدند و پرسيدند: «در چه زمانی اين بلايا بر سر اين خانه خواهد آمد؟ آيا پيش از وقت به ما اعلام خطر خواهد شد؟»

5عيسی جواب داد: «مواظب باشيد كسی شما را گمراه نكند. 6زيرا بسياری آمده، ادعا خواهند كرد كه مسيح هستند و خيلی‌ها را گمراه خواهند ساخت. 7در نقاط دور و نزديک جنگهای بسياری بروز خواهد كرد. وقتی اين خبرها را بشنويد، نگران نشويد. اين جنگها بايد اتفاق بيفتد. ولی اين علامتِ فرا رسيدن آخر زمان نيست.

8«قومها و ممالک به هم اعلان جنگ خواهند داد، و در جاهای مختلف زمين لرزه خواهد شد و قحطی و گرسنگی و اغتشاش پديد خواهد آمد. اينها فقط اعلام خطری است برای نزديک شدن مصيبتهای بعدی. 9وقتی اين رويدادها را ديديد مواظب خودتان باشيد، زيرا زندگی شما در خطر خواهد افتاد. شما را به محاکم خواهند سپرد و در كنيسه‌ها شكنجه خواهند داد. به خاطر پيروی از من، شما را نزد پادشاهان و فرمانروايان خواهند برد. ولی همين امر، فرصت مناسبی خواهد بود تا پيام انجيل را به ايشان برسانيد. 10پيام انجيل بايد اول به تمام قومها برسد و بعد زمان به آخر خواهد رسيد. 11اما وقتی شما را می‌گيرند و به دادگاه می‌برند، هيچ نگران اين نباشيد كه برای دفاع از خود چه بگوييد. هر چه خدا به شما می‌گويد همان را بگوييد، زيرا در آن موقع روح‌القدس سخن خواهد گفت، نه شما.

12«برادر به برادر خود خيانت خواهد كرد و پدر به فرزند خود؛ فرزندان نيز پدر و مادر خود را به كشتن خواهند داد. 13همه از شما به خاطر پيروی از من نفرت خواهند داشت. ولی كسانی نجات خواهند يافت كه اين مشكلات را تا به آخر تحمل نمايند و مرا انكار نكنند.

14«هرگاه ديديد كه آن چيز هولناک در خانهٔ خدا برقرار است (خواننده خوب توجه كند تا معنی اين را بداند)، آنگاه در يهوديه هستيد به تپه‌های اطراف بگريزيد. 15‏-16وقت را تلف نكنيد. اگر روی بام باشيد به خانه برنگرديد، و اگر در صحرا باشيد حتی برای برداشتن پول يا لباس برنگرديد.

17«بيچاره زنانی كه در آن روزها آبستن باشند و بيچاره مادرانی كه بچه‌های شيرخوار داشته باشند. 18فقط دعا كنيد كه فرارتان به زمستان نيفتد. 19چون آن روزها به قدری وحشتناک خواهد بود كه از وقتی خدا جهان را آفريد تاكنون نظير آن پيش نيامده و ديگر هرگز پيش نخواهد آمد. 20و اگر خداوند آن روزهای مصيبت‌بار را كوتاه نمی‌كرد، حتی يک انسان نيز بر روی زمين باقی نمی‌ماند. ولی به خاطر برگزيدگانش آن روزها را كوتاه خواهد كرد.

21«آنگاه اگر كسی به شما بگويد: اين شخص مسيح است و يا آن يكی مسيح است، به سخنش توجه نكنيد. 22چون مسيح‌ها و پيغمبران دروغين، بسيار ظهور خواهند كرد و معجزات حيرت‌انگيز انجام داده، مردم را فريب خواهند داد، به طوری كه اگر ممكن می‌بود، حتی فرزندان خدا را نيز از راه راست منحرف می‌كردند. 23پس مواظب خودتان باشيد. از ابتدا همهٔ اينها را به شما گفتم.

24«پس از اين مصيبتها، خورشيد تيره و تار خواهد شد و ماه ديگر نخواهد درخشيد، 25ستاره‌ها خواهند افتاد و آسمان دگرگون خواهد شد.

26«آنگاه تمام مردم، مرا خواهند ديد كه در ابرها با قدرت و شكوه عظيم می‌آيم. 27من فرشتگان خود را خواهم فرستاد تا برگزيدگانم را از سراسر دنيا يعنی از گوشه و كنار زمين و آسمان جمع كنند.

28«حال، اين درس را از درخت انجير بياموزيد؛ وقتی شاخه‌هايش نرم می‌شوند و برگ توليد می‌كنند، می‌فهميد كه تابستان نزديک شده است. 29همينطور وقتی ديديد آنچه گفتم رخ داده، بدانيد كه پايان كار بسيار نزديک شده است.

30«مطمئن باشيد اين نسل خواهد ماند و اين وقايع را خواهد ديد. 31آسمان و زمين از ميان خواهد رفت، ولی سخنان من تا به ابد پا برجا خواهد ماند.

32«اما هيچكس، حتی فرشتگان آسمان نيز خبر ندارند چه روز و ساعتی دنيا به آخر می‌رسد. حتی خود من هم نمی‌دانم، فقط پدرم خدا از آن آگاه است. 33پس بايد آماده بوده، دعا كنيد و هر لحظه چشم به راه بازگشت من باشيد، چون نمی‌دانيد آن لحظه كی فرا می‌رسد.

34«بازگشت من مانند بازگشت مردی است كه به كشور ديگر به سفر رفته است، و برای هر يک از خدمتگزاران خود وظيفهٔ خاصی معين كرده و به دربان نيز فرموده تا منتظر بازگشت او باشد.

35‏-37«پس شما نيز چشم به راه باشيد، چون نمی‌دانيد كی برمی‌گردم: سر شب، نيمه شب، سحر يا صبح. مواظب باشيد كه وقتی می‌آيم، در خواب غفلت نباشيد. باز هم می‌گويم چشم به راه من باشيد. اينست پيام من به شما و به همه.»