Malaki 3 – AKCB & NASV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Malaki 3:1-18

1Hwɛ! Mɛsoma me bɔfo a obesiesie kwan ama me. Afei mpofirim, Awurade a morehwehwɛ no no bɛba nʼasɔredan mu. Na apam no ho bɔfo a mopɛ no no bɛba, sɛnea Asafo Awurade se ni.

2Na hena na obetumi agyina ne da a ɔbɛba no ano? Sɛ opue a, hena na obetumi agyina? Ɔbɛyɛ sɛ ogya a wɔde nan dade anaa ntamahorofo samina. 3Ɔbɛtena ase sɛ obi a ɔhoa dwetɛ ho. Ɔbɛtew Lewifo no ho na wɔayɛ sɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ. Afei Awurade benya mmarima a wɔde ayɛyɛde bɛba wɔ kronkronyɛ mu, 4na afɔrebɔde a efi Yuda ne Yerusalem bɛyɛ nea ɛsɔ Awurade ani sɛnea na ɛte wɔ nna ne mfe a atwa mu no.

5“Enti metwiw abɛn mo, abebu atɛn. Mɛyɛ ntɛm adi adanse atia ntafowayifo, aguamammɔ ne atorofo, wɔn a wosisi adwumayɛfo wɔ wɔn akatua ho, wɔn a wɔhyɛ akunafo ne ayisaa so na wobu ntɛnkyew tia ahɔho na wonsuro me,” sɛnea Asafo Awurade se ni.

Wɔbɔ Onyankopɔn Korɔn

6“Meyɛ Awurade a mennsakra. Ɛno nti na mo Yakob asefo, wɔnsɛee mo no. 7Efi mo nenanom bere so moatwe mo ho afi me mmara ho, moanni so. Monsan mmra me nkyɛn, na me nso mɛba mo nkyɛn,” sɛnea Asafo Awurade se ni.

“Nanso mubisa se, ‘Ɔkwan bɛn so na yɛmfa nsan mmra?’

8“Onipa betumi abɔ Onyankopɔn korɔn ana? Nanso, mobɔ me korɔn! Na mubebisa se, ‘ɔkwan bɛn so na yɛfa bɔɔ wo korɔn?’

“Wɔ ntotoso du du ne afɔrebɔde mu. 9Nnome aba mo so, ɔman mu no nyinaa, efisɛ, morebɔ me korɔn. 10Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekoradan3.10 Adekoradan: Adekoradan a ɛwɔ kronkron mu kronkron (1 Ah 7.51; 2 Be 31.11-12; Neh 13.12). Ɔsoro mfɛnsere—Ɛkyerɛ asetena mu nhyira bebree. (2 Ah 7.2,19; Nnw 78.23-24). Mehwie…nhyira—Nhyira apam a mahyɛ ho bɔ no (5 Mose 28.12; Yes 44.3). no mu, na aduan mmra me fi. Monsɔ me nhwɛ wɔ saa ɔkwan yi so, na monhwɛ sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere na merenhwie nhyira bebree ngu mo so a, morennya baabi nkora ne nyinaa mpo,” sɛnea Asafo Awurade se ni. 11“Meremma mmoa mmɛsɛe mo nnɔbae na borɔdɔma aba rentew ngu wɔ bere a ɛmmeree ɛ,” sɛnea Asafo Awurade se ni. 12“Na aman no nyinaa bɛka se wɔahyira mo, efisɛ mo asase so bɛyɛ anigye,” sɛnea Asafo Awurade se ni.

13“Moaka nsɛm a ɛmfata atia me, nanso mubisa se, ‘Asɛm bɛn na yɛaka atia wo?’ Sɛnea Asafo Awurade se ni.

14“Moaka se, ‘Onyankopɔn som yɛ ɔbrɛgu, na yedii nʼahyɛde so na yɛkɔɔ Asafo Awurade anim te sɛ wɔn a wɔredi awerɛhow no, mfaso bɛn na yenyae? 15Afei, wɔfrɛ ɔhantanni no nea wɔahyira no. Nokware ni, nnebɔneyɛfo di yiye, na mpo wɔn a wɔne Onyankopɔn di asi no, wɔfa wɔn ho di.’ ”

16Na wɔn a wosuro Awurade no ne wɔn ho wɔn ho kasae, na Awurade tiei, na ogyee wɔn so. Wɔn a wosuro Awurade na wodi ne din ni no, wɔkyerɛw wɔn din wɔ nhoma mmobɔwee so wɔ nʼanim de yɛɛ nkae ade.

17“Wɔbɛyɛ me dea,” sɛnea, Asafo Awurade se ni. Da a mɛkeka me ho no, wɔbɛyɛ mʼahode a ɛsom bo. Mede wɔn ho bɛkyɛ wɔn, sɛnea agya nya ayamhyehye de ɔba a ɔyɛ osetie ho kyɛ no no. 18Na mubehu nsonoe a ɛda atreneefo ne amumɔyɛfo ntam, ne wɔn a wɔsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔnsom Onyankopɔn no ntam.

New Amharic Standard Version

ሚልክያስ 3:1-18

1“እነሆ፤ በፊቴ መንገድ እንዲያዘጋጅ መልእክተኛዬን እልካለሁ፤ የምትፈልጉት ጌታ በድንገት ወደ ቤተ መቅደሱ ይመጣል፤ ደስ የምትሰኙበትም የቃል ኪዳኑ መልእክተኛ ይመጣል” ይላል እግዚአብሔር ጸባኦት።

2እርሱ የሚመጣበትን ቀን ማን ሊቋቋመው ይችላል? በሚገለጥበትስ ጊዜ በፊቱ መቆም የሚችል ማን ነው? እርሱ እንደ አንጥረኛ እሳት ወይም እንደ ልብስ ዐጣቢ ሳሙና ነውና። 3ብርን እንደሚያነጥርና እንደሚያነጻ ሰው ይቀመጣል፤ ሌዋውያንንም አንጽቶ እንደ ወርቅና እንደ ብር ያጠራቸዋል፤ ከዚያም እግዚአብሔር ቍርባንን በጽድቅ የሚያቀርቡ ሰዎች ይኖሩታል፤ 4በዚያ ጊዜ የይሁዳና የኢየሩሳሌም ቍርባን እንዳለፉት ቀናትና እንደ ቀድሞው ዘመን እግዚአብሔርን ደስ የሚያሰኝ ይሆናል።

5“ስለዚህ እኔ ለፍርድ ወደ እናንተ እመጣለሁ፤ በመተተኞች፣ በአመንዝራዎች፣ በሐሰት በሚምሉ፣ የሠራተኞችን ደመወዝ በሚከለክሉ፣ መበለቶችንና ድኻ ዐደጉን በሚጨቍኑ፣ መጻተኞችን ፍትሕ በሚነፍጉ፣ እኔንም በማይፈሩት ላይ እመሰክርባቸው ዘንድ እፈጥናለሁ” ይላል እግዚአብሔር ጸባኦት።

እግዚአብሔርን መስረቅ

6“እኔ እግዚአብሔር አልለወጥም፤ ስለዚህ እናንተ የያዕቆብ ልጆች ሆይ፤ አልጠፋችሁም። 7ከአባቶቻችሁ ዘመን ጀምሮ ከትእዛዞቼ ፈቀቅ ብላችኋል፤ አልጠበቃችኋቸውምም፤ ወደ እኔ ተመለሱ፤ እኔም ወደ እናንተ እመለሳለሁ” ይላል እግዚአብሔር ጸባኦት።

“እናንተ ግን፣ ‘የምንመለሰው እንዴት ነው?’ ትላላችሁ።

8“ሰው እግዚአብሔርን ይሰርቃልን? እናንተ ግን ትሰርቁኛላችሁ።

“እናንተ ግን፣ ‘እንዴት እንሰርቅሃለን?’ ትላላችሁ።

“ዐሥራትና መባ ትሰርቁኛላችሁ፤ 9እናንተም፣ መላው ሕዝባችሁም ስለምትሰርቁኝ የተረገማችሁ ናችሁ። 10በቤቴ መብል እንዲኖር፣ እኔንም በዚህ እንድትፈትኑኝ ዐሥራቱን ሁሉ ወደ ጐተራ አስገቡ” ይላል እግዚአብሔር ጸባኦት፤ “የሰማይን መስኮት የማልከፍትላችሁ፣ የተትረፈረፈ በረከትንም ማስቀመጫ እስክታጡ ድረስ የማላፈስስላችሁ ከሆነ ተመልከቱ። 11ስለ እናንተ ተባዩን እገሥጻለሁ፤ አዝመራችሁን አይበላም፤ ዕርሻ ላይ ያለ የወይን ተክላችሁም ፍሬ አልባ አይሆንም” ይላል እግዚአብሔር ጸባኦት። 12“ከዚያም በኋላ የተድላ ምድር ስለምትሆኑ፣ ሕዝቦች ሁሉ የተባረከ ሕዝብ ብለው ይጠሯችኋል” ይላል እግዚአብሔር ጸባኦት።

13“በእኔ ላይ የድፍረት ቃል ተናግራችኋል” ይላል እግዚአብሔር

“እናንተ ግን፣ ‘በአንተ ላይ የተናገርነው ምንድን ነው?’ ትላላችሁ።

14“እንዲህም ብላችኋል፤ ‘እግዚአብሔርን ማገልገል ከንቱ ነው፤ እርሱ የሚፈልገውን ሁሉ በማድረግና በእግዚአብሔር ጸባኦት ፊት ሐዘንተኞች ሆነን በመመላለስ ምን ተጠቀምን? 15አሁን ግን ትዕቢተኞችን ቡሩካን እንላቸዋለን፤ ክፉ አድራጊዎች ይበለጽጋሉ፤ እግዚአብሔርን የሚፈታተኑትም ያመልጣሉ።’ ”

16በዚያን ጊዜ እግዚአብሔርን የሚፈሩ ሰዎች እርስ በርሳቸው ተነጋገሩ፤ እግዚአብሔር አደመጠ፤ ሰማቸውም፤ እግዚአብሔርን ለሚፈሩና ስሙን ለሚያከብሩ በእርሱ ፊት የመታሰቢያ መጽሐፍ ተጻፈ።

17“እኔ በምሠራበት ቀን እነርሱ የገዛ ገንዘቤ3፥17 ወይም ሁሉን ቻይ፤ እኔ በምሠራበት ጊዜ ንብረቴ ይሆናሉ ይሆናሉ” ይላል እግዚአብሔር ጸባኦት፤ “አባት የሚያገለግለውን ልጁን እንደሚታደግ ሁሉ እኔም እታደጋቸዋለሁ። 18በዚያን ጊዜም እንደ ገና በጻድቁና በኀጢአተኛው መካከል፣ እግዚአብሔርን በሚያገለግለውና በማያገለግለው መካከል ያለውን ልዩነት ታያላችሁ።