Malaki 1 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Malaki 1:1-14

1Nkɔmhyɛ nsɛm a Awurade nam Odiyifo Malaki so de maa Israel.

Wɔdɔ Yakob, Wɔtan Esau

2“Madɔ mo,” sɛnea Awurade se ni.

“Nanso mubisa se, ‘Wodɔɔ yɛn wɔ ɔkwan bɛn so?’ ”

Na Awurade bua se, “Esau nyɛ Yakob nua ana? Nanso madɔ Yakob, 3na matan Esau, mayɛ nʼasase mmepɔwmmepɔw no kesee, na nʼagyapade nso magyaw ama nweatam so nnompo.”

4Ebia Edom bɛka se, “Ɛwɔ mu sɛ wɔadwerɛw yɛn de, nanso yɛbɛsan asi mmubui no.”

Nanso sɛɛ na Asafo Awurade nso se: “Wobesi nanso mebubu no. Wɔbɛfrɛ wɔn Amumɔyɛ Asase, nnipa a Awurade abufuw bɛtena wɔn so daa. 5Mode mo ankasa ani behu na moaka se, ‘Awurade kɛseyɛ tra Israel ahye nyinaa!’

Afɔrebɔ A Ɛmfata

6“Ɔbabarima de obu ma nʼagya, na ɔsomfo de nidi ma ne wura. Sɛ meyɛ Agya a, nidi a ɛsɛ sɛ wɔde ma me no wɔ he? Sɛ meyɛ Owura a, obu a ɛfata me no wɔ he?” Eyi na Asafo Awurade bisa.

“Mo asɔfo, mo na mosɛe me din.

“Na mubisa se, ‘Ɔkwan bɛn na yɛnam so asɛe wo din?’

7“Mode aduan a ho agu fi begu mʼafɔremuka so.

“Afei mubisa se ‘Ɔkwan bɛn so na yɛafa agu wo ho fi?’

“Sɛ mokae se, Awurade pon ho yɛ aniwu nti. 8Sɛ mode mmoa a wɔn ani abɔ bɔ afɔre a, ɛnyɛ mmusu? Sɛ mode mmoa a wɔyare anaa wɔyɛ mpakye bɔ afɔre a, ɛnyɛ mmusu? Ɛyɛ a, momfa akyɛde a ɛte saa no nkɔma mo amrado, na monhwɛ sɛ, nʼani bɛsɔ na wagye wo ato mu ana?” Nea Asafo Awurade se ni.

9“Afei monsrɛ Onyankopɔn, na onhu yɛn mmɔbɔ. Sɛ afɔrebɔde sɛɛ fi mo nkyɛn a obegye mo ato mu ana?” Asafo Awurade na ɔrebisa.

10“Anka mepɛ sɛ mo mu baako kɔtoto asɔre dan no apon mu, na obi ankɔsɔ ogya a ɛmfata wɔ mʼafɔremuka so! Mʼani nsɔ mo na merennye afɔrebɔde biara a efi mo nkyɛn,” sɛnea Asafo Awurade se ni. 11“Efi nea owia pue kosi nea owia kɔtɔ, me din bɛyɛ kɛse wɔ amanaman no mu. Baabiara, wɔde afɔrebɔde a ɛho tew ne nnuhuam bɛbrɛ me, efisɛ, me din bɛyɛ kɛse wɔ amanaman no mu,” sɛnea Asafo Awurade se ni.

12“Nanso mode kasa fi ka se Awurade pon ho ntew. Na mubu so aduan nso animtiaa. 13Na moka se, ‘Adesoa duruduru!’ Na muhua no animtiaabu kwan so,” sɛnea Asafo Awurade se ni.

“Sɛ mode mmoa a wɔapirapira, wɔyɛ mpakye anaa wɔyareyare bɛbɔ afɔre ma me a, minso mu ana?” Eyi na Awurade bisa. 14“Nnome nka osisifo a ɔwɔ odwennini a ɔfata wɔ ne nguankuw mu, na ɔhyɛ bɔ sɛ ɔde no bɛma nanso ɔde nea wadi dɛm na ɛbɔ afɔre ma Awurade. Meyɛ ɔhempɔn, na ɛsɛ sɛ wosuro me din wɔ amanaman mu,” sɛnea Asafo Awurade se ni.

Asante Twi Contemporary Bible

Malaki 1:1-14

1Nkɔmhyɛ nsɛm a Awurade nam Odiyifoɔ Malaki so de maa Israel.

Wɔdɔ Yakob, Wɔtane Esau

2“Madɔ mo,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

“Nanso, mobisa sɛ, ‘Wodɔɔ yɛn ɛkwan bɛn so?’ ”

Na Awurade bua sɛ, “Esau nyɛ Yakob nua anaa? Nanso madɔ Yakob, 3na matane Esau, mayɛ nʼasase mmepɔ mmepɔ no bonini, na nʼagyapadeɛ nso madane no anweatam a nnompo te soɔ.”

4Ebia Edom bɛka sɛ, “Ɛwom sɛ wɔadwera yɛn deɛ, nanso yɛbɛsane asi mmubuiɛ no bio.”

Nanso, yei ne deɛ Asafo Awurade nso seɛ: “Wɔbɛsi nanso mɛbubu no. Wɔbɛfrɛ wɔn, Amumuyɛ Asase, nnipa a Awurade abufuo bɛtena wɔn so daa. 5Mode mo ankasa ani bɛhunu na moaka sɛ, ‘Awurade kɛseyɛ tra Israel ahyeɛ nyinaa so!’

Afɔrebɔ A Ɛmfata

6“Ɔbabarima de obuo ma nʼagya, na ɔsomfoɔ de anidie ma ne wura. Sɛ meyɛ Agya a, anidie a ɛsɛ sɛ wɔde ma me no wɔ he? Sɛ meyɛ Owura a, obuo a ɛfata me no wɔ he?” Yei na Asafo Awurade bisa.

Mo asɔfoɔ, mo na mosɛe me din.

“Na mobisa sɛ, ‘Ɛkwan bɛn na yɛ nam so sɛee wo din?’

7“Mode aduane a ɛho agu fi bɛgu mʼafɔrebukyia so.

“Afei mobisa sɛ ‘Ɛkwan bɛn so na yɛfa guu wo ho fi?’

“Sɛ mokaa sɛ, Awurade ɛpono ho yɛ aniwu enti. 8Sɛ mode mmoa a wɔn ani abɔ bɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ mmusuo? Sɛ mode mmoa a wɔyare anaa wɔyɛ mpakye bɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ mmusuo? Ɛyɛ a, momfa akyɛdeɛ a ɛte saa no nkɔma mo amrado, na monhwɛ sɛ, nʼani bɛsɔ na wagye wo ato mu anaa?” Deɛ Asafo Awurade seɛ nie.

9“Afei mo nsrɛ Onyankopɔn, na ɔnhunu yɛn mmɔbɔ. Sɛ afɔrebɔdeɛ sei firi mo nkyɛn a, ɔbɛgye mo ato mu anaa?” Asafo Awurade na ɔrebisa.

10“Anka mepɛ sɛ mo mu baako kɔtoto asɔredan no apono mu, na obi ankɔsɔ ogya a ɛmfata wɔ mʼafɔrebukyia so! Mʼani nsɔ mo, na merennye afɔrebɔdeɛ biara a ɛfiri mo nkyɛn,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. 11“Ɛfiri deɛ owia pue kɔsi deɛ owia kɔtɔ, me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu. Baabiara, wɔde afɔrebɔdeɛ a ɛho teɛ ne nnuhwam bɛbrɛ me, ɛfiri sɛ, me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

12“Nanso mode kasa fi ka sɛ Awurade ɛpono ho nte. Na mobu ɛso aduane nso animtia. 13Na moka sɛ adesoa bɛn nie, na moyi mo ani firi mʼasɛm so,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

“Sɛ mode mmoa a wɔapirapira, a wɔyɛ mpakye anaa wɔyareyare bɛbɔ afɔdeɛ ma me a, me nsɔ mu anaa?” Yei na Awurade bisa. 14“Nnome nka osisifoɔ a ɔwɔ odwennini a ɔfata wɔ ne nnwankuo mu, na ɔhyɛ bɔ sɛ ɔde no bɛma nanso ɔde deɛ wadi dɛm na ɛbɔ afɔdeɛ ma Awurade. Meyɛ ɔhempɔn, na ɛsɛ sɛ wɔsuro me din wɔ amanaman mu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.