Luka 4 – AKCB & KLB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 4:1-44

Ɔbonsam Sɔ Yesu Hwɛ

1Afei Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no fii Asubɔnten Yordan ho maa Honhom no de no kɔɔ Yudea sare so. 2Ɛhɔ na ɔbonsam kɔsɔɔ no hwɛɛ adaduanan. Saa nna no mu no, wanni hwee. Na ɔkɔm dee no.

3Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan.”

4Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw se, ‘Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu.’ ”

5Ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔw bi so kyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa bere tiaa bi mu. 6Na ɔka kyerɛɛ Yesu se, 7“Sɛ wobɛkotow, asom me a, mede ahenni ahorow yi ne mu tumi ne anuonyam nyinaa a wɔde ahyɛ me nsa yi bɛma wo.”

8Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw se, ‘Som Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ ”

9Afei, ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kogyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ, na ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, gyaa wo ho fi nea wugyina hɔ to fam! 10Efisɛ wɔakyerɛw se,

“ ‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfo

abɛbɔ wo ho ban;

11na wɔabɛwɛn wʼakwan nyinaa mu;

wɔde wɔn nsa bɛma wo so, na wo nan ampem ɔbo.’ ”

12Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw se, ‘Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn nhwɛ.’ ”

13Ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ogyaw no hɔ kɔe.

Yesu Asɛnka Mfiase

14Yesu san baa Galilea a na Honhom Kronkron ahyɛ no ma. Ankyɛ koraa na ne din trɛw faa ɔman no mu nyinaa. 15Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyiadan mu maa obiara kamfoo no.

Wɔpo Yesu Wɔ Nasaret

16Yesu baa Nasaret, kurow a ne mmofraase wɔtetew no wɔ mu no mu. Na sɛnea ɔtaa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu homeda. Ɔsɔre kɔɔ anim sɛ ɔrekɔkenkan Kyerɛwsɛm. 17Wɔde Odiyifo Yesaia nhoma hyɛɛ ne nsa na obuee baabi a wɔakyerɛw se,

18“Awurade Honhom wɔ me so,

na wɔafrɛ me sɛ

memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo.

Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnommum mu se,

wobenya ahofadi,

na anifuraefo ahu ade ama wɔn a wobu wɔn animtiaa nso anya anuonyam.

19Honhom no asoma me sɛ memmɛka se, Awurade adom no aba.”

20Ɔtoo nhoma no mu de maa ɔhwɛfo no na ɔtenaa ase; na obiara a ɔwɔ hyiadan no mu hɔ no hwɛɛ no komm. 21Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Nnɛ na Kyerɛwsɛm no aba mu.”

22Na kasa pa ne nsɛm ahorow a ɔkaa no yɛɛ wɔn a wɔtee nyinaa nwonwa ma wobisaa se, “Ɛnyɛ Yosef ba no ni?”

23Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Akyinnye biara nni ho sɛ mode bɛ yi bebu me sɛ, ‘Ɔyaresafo, sa wo ho yare. Nea yɛate afa wo ho sɛ woyɛɛ wɔ Kapernaum no, yɛ bi wɔ wo kurom ha.’

24“Nanso mereka ama moate ase sɛ, Odiyifo biara nni anuonyam wɔ ne kurom. 25Nokware ni, Elia bere so no, na mmea akunafo bebree wɔ Israelman mu. Saa bere no osu antɔ mfe abiɛsa ne asram asia enti ɛmaa ɔkɔm kɛse baa ɔman no nyinaa mu. 26Nanso Onyankopɔn ansoma Odiyifo Elia ankɔ obiara nkyɛn sɛ ɔbea kunafo a na ɔwɔ Sarepta a ɛwɔ Sidon no nkyɛn. 27Bio, saa bere no na akwatafo bebree wɔ Israelman mu, nanso Odiyifo Elisa ansa obiara yare sɛ ɔsahene Naaman a ofi Siriaman mu no nko ara.”

28Nnipa a wɔwɔ hyiadan no mu tee ne nsɛm a ɔkae no, wɔn bo fuwii papaapa. 29Wɔde abufuw piapiaa no fii kurow no mu de no kɔɔ bepɔw a wɔn kurow da so no ano sɛ wɔrekɔwɔ nʼatiko ama wakɔhwe bepɔw no ase. 30Nanso ɔfaa wɔn mu kɔɔ ne baabi.

Yesu Tu Honhommɔne

31Yesu kɔɔ Kapernaum a ɛwɔ Galilea. Ɔkyerɛkyerɛɛ nnipa no homeda biara. 32Ɛha nso ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ nkurɔfo no nwonwa efisɛ ɔkasaa wɔ tumi so.

33Na ɔbarima bi wɔ hyiadan no mu hɔ a honhommɔne ahyɛ no ma. Ohuu Yesu no, ɔteɛɛ mu se, 34“Yesu Nasareni, mmɛhaw yɛn. Yɛne wo nni hwee yɛ. Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn ana? Minim onipa ko a woyɛ. Wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no.”

35Yesu hyɛɛ honhommɔne no se, “Tu fi ne mu kɔ!” Honhommɔne no de ɔbarima no hwee fam na etu fii ne mu kɔe a hwee anyɛ no.

36Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn, na wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Asɛm bɛn ni. Onipa bɛn ni a ɔde tumi ne ahoɔden teɛ ahonhommɔne ma wotie yi?” 37Nea ɔyɛɛ yi ho asɛm trɛw faa ɔman no mu nyinaa.

Petro Asebea Ayaresa

38Yesu fii hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon fi kɔtoo sɛ atiridiinini abɔ Simon asebea. Nnipa a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnsa no yare. 39Ɔkɔɔ nea ɔda hɔ kogyinaa ne nkyɛn, teɛɛ ɔyare no ma egyaee amono mu hɔ ara ma ɔsɔre maa wɔn aduan dii.

40Onwini dwoe no, wɔde ayarefo pii bae se, Yesu nsa wɔn yare. Ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yare. 41Ahohommɔne fii nnipa no pii mu a na wɔreteɛteɛ mu se, “Wone Onyankopɔn Ba no.” Nanso Yesu kaa wɔn anim, hyɛɛ wɔn sɛ wommua wɔn ano, efisɛ na ahonhommɔne no nim sɛ ɔno ne Kristo no.

Yesu Asɛnka Wɔ Yudea

42Ade kyee no, Yesu tew ne ho kɔɔ sare so baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Nkurɔfo no kyin hwehwɛɛ no na wohuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn wɔ Kapernaum hɔ. 43Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛsɛ sɛ meka asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn ahenni ho no kyerɛ nkurow afoforo nso, efisɛ ɛno nti na wɔsomaa me.” 44Yesu kyinkyin Yudeaman no mu kɔɔ hyiadan ahorow mu kɔkaa asɛmpa no.

Korean Living Bible

누가복음 4:1-44

1예수님은 성령이 충만하여 요단강에서 돌아오셨다. 그리고 성령님의 인도로 광야에 나가

예수님이 시험받으심

240일 동안 마귀에게 시험을 받으셨다. 예수님은 그 동안 아무것도 잡수시지 않아서 그 기간이 끝났을 때는 몹시 시장하셨다.

3바로 그때 마귀가 예수님께 말하였다. “네가 하나님의 아들이라면 이 돌을 빵이 되게 하라.”

4그러나 예수님은 마귀에게 이렇게 말씀하셨다. “성경에는 4:4 신8:3‘사람이 빵으로만 살아서는 안 된다’ 라고 쓰여 있다.”

5그러자 마귀는 예수님을 높은 곳으로 데려가 잠깐 사이에 세상의 모든 나라를 보여 주면서

6말하였다. “내가 이 모든 나라의 권세와 영광을 너에게 주겠다. 이것은 나에게 주어진 것이므로 내가 주고 싶은 사람에게 줄 수 있는 것이다.

7그러므로 네가 나에게 절하면 이 모든 것이 네 것이 될 것이다.”

8그때 예수님이 말씀하셨다. “성경에는 4:8 신6:13‘주 너의 하나님을 경배하고 그분만을 섬겨라’ 고 쓰여 있다.”

9또다시 마귀는 예수님을 예루살렘으로 데리고 가서 성전 꼭대기에 세우고 이렇게 말하였다. “네가 하나님의 아들이라면 여기서 뛰어내려 보아라.

10성경에는 4:10 시91:11,12‘하나님이 천사들에게 명령하여 너를 지키게 하실 것이니

11천사들이 손으로 너를 붙들어 네 발이 돌에 부딪히지 않게 할 것이다’ 라고 쓰여 있다.”

12그래서 예수님은 마귀에게 “성경에는 4:12 신6:16‘주 너의 하나님을 시험하지 말라’ 고 기록되어 있다” 하고 대답하셨다.

13마귀는 이 모든 시험을 다 한 후에 4:13 원문에는 ‘적절한시기까지그를떠나갔 다’적절한 시기가 올 때까지 잠시 예수님을 떠나갔다.

예수님이 가르치기 시작하심

14예수님이 성령님의 능력을 받아 갈릴리로 돌아오시자 이 소문이 사방에 퍼졌다.

15예수님은 여러 회당에서 가르치시며 모든 사람에게 영광을 받으셨다.

16예수님은 자라나신 고향 나사렛으로 가셔서 전에 하시던 대로 안식일에 회당에 들어가셨다. 그리고 성경을 읽으려고 일어나서

17이사야의 예언서를 받아 이렇게 쓰인 곳을 찾아 읽으셨다.

184:18 사61:1,2“주께서 나를 성령으로 충만하게 하셨으니 가난한 사람에게 기쁜 소식을 전하게 하시려고 4:18 원문에는 ‘나에게기름을부으셨다’나를 택하여 보내셨다. 그가 나를 보내신 것은 4:18 대부분의번역본에는이말이빠져있다.마음 상한 자를 고치고 포로에게 자유를 선포하며 눈먼 사람을 다시 보게 하고 짓눌린 사람을 풀어 주며

19주께서 은혜 베푸실 때를 전파하도록 하기 위해서이다.”

20예수님이 그 책을 덮어 회당 직원에게 되돌려 주고 앉으시자 그 곳에 모였던 사람들의 눈길이 다 예수님에게로 쏠렸다.

21그때 예수님은 그들에게 “이제 읽은 성경 말씀이 오늘날 너희에게 이루어졌다” 하고 말씀하셨다.

22그러자 모두 예수님에 대하여 감탄하고 그 은혜스러운 말씀에 놀라면서 “이 사람은 요셉의 아들이 아니냐?” 하고 수군거렸다.

23그래서 예수님이 그들에게 이렇게 말씀하셨다. “너희는 틀림없이 ‘의사야, 네 병이나 고쳐라’ 는 속담을 들어 너희가 들은 일, 곧 내가 가버나움에서 행한 기적을 이 곳 고향에서도 해 보라고 나에게 말할 것이다.

24내가 분명히 말하지만 예언자가 자기 고향에서는 환영을 받지 못한다.

25엘리야 시대에 이스라엘에는 3년 반 동안 비가 내리지 않아 온 나라에 큰 흉년이 든 일이 있었다. 그때 거기에는 많은 과부가 있었지만

26하나님께서는 오직 시돈의 사렙다에 사는 한 과부에게만 엘리야를 보내셨다.

27또 예언자 엘리사 시대에는 이스라엘에 많은 문둥병자가 있었으나 한 사람도 깨끗함을 받지 못하고 오직 시리아 사람 나아만만 고침을 받았다.”

28회당에 있던 모든 사람들이 이 말을 듣고 분개하여

29일어나 예수님을 산 위에 세워진 그 마을 밖 벼랑까지 끌고 가서 던져 버리려고 하였다.

30그러나 예수님은 의연하게 그들 가운데로 지나서 가 버리셨다.

31예수님이 갈릴리 가버나움으로 내려가 안식일에 회당에서 권위 있는 말씀으로 가르치시자

32사람들은 모두 놀랐다.

33마침 그 회당에 더러운 귀신 들린 사람 하나가 있었다. 그가 크게 소리를 지르며

34“나사렛 예수님, 우리가 당신과 무슨 상관이 있습니까? 우리를 없애려고 오셨습니까? 나는 당신이 하나님의 거룩한 아들임을 압니다” 하고 외쳤다.

35예수님이 그를 꾸짖으며 “떠들지 말고 그 사람에게서 나오너라” 하시자 귀신이 사람들 앞에 그를 내동댕이치고 나가 버렸다. 그러나 그에게 상처는 입히지 않았다.

36사람들이 이 광경을 보고 모두 놀라 “이게 도대체 어떻게 된 일이냐? 권위와 능력으로 명령하니 귀신들이 당장 쫓겨 나가는군!” 하며 수군거렸다.

37그래서 예수님의 소문이 그 일대에 널리 퍼졌다.

38예수님은 회당을 떠나 시몬의 집으로 가셨다. 그때 시몬의 장모가 심한 열병을 앓고 있었기 때문에 사람들은 그녀를 고쳐 달라고 예수님께 간청하였다.

39예수님이 여자를 굽어보시며 열병을 꾸짖으시자 곧 열이 내리고 시몬의 장모는 즉시 일어나 예수님의 일행에게 시중을 들었다.

40해 질 무렵에 사람들이 온갖 병자들을 데리고 오자 예수님은 그들에게 일일이 손을 얹어 고쳐 주셨다.

41그리고 귀신들도 “당신은 하나님의 아들이십니다” 하고 외치며 많은 사람에게서 떠나갔다. 이렇게 귀신들도 예수님이 4:41 곧 ‘메시아’그리스도라는 것을 알고 있었기 때문에 예수님은 그들을 꾸짖으며 귀신들이 말하는 것을 허락하지 않으셨다.

42날이 밝자 예수님은 마을을 떠나 외딴 곳으로 가셨다. 한편 사람들은 예수님을 찾다가 만나자 자기들에게서 떠나지 못하게 하려고 하였다.

43그러나 예수님은 그들에게 “나는 다른 여러 마을에도 하나님 나라의 기쁜 소식을 전해야 한다. 하나님께서는 이 일을 위해 나를 보내셨다” 하고 말씀하셨다.

44그러고서 예수님은 계속 4:44 어떤 사본에는 ‘갈릴리’유대 여러 회당에서 전도하셨다.