Luka 22 – AKCB & CCL

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 22:1-71

Yesu Ho Pɔwbɔ

1Afei, na Yudafo Apiti Afahyɛ a wɔsan frɛ no Twam Afahyɛ no abɛn. 2Saa bere no na asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu akum no, nanso esiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no nti, na wosuro. 3Satan kowuraa Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako no mu. 4Yuda kɔɔ asɔfo mpanyin ne Asɔredan no mu awɛmfo mpanyimfo no nkyɛn ne wɔn kosusuw ɔkwan ko a ɔbɛfa so ayi Yesu ama wɔn no ho. 5Wɔn ani gyei, penee so sɛ wɔbɛma no sika. 6Efi saa bere no, Yuda hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ama wɔakyere Yesu bere a nnipa dodow biara nni ne ho.

Adidi A Etwa To No

7Afei, da a wokum twam guan de di brodo a mmɔkaw nni mu no duu no, 8Yesu somaa Petro ne Yohane se, “Monkɔyɛ Twam Afahyɛ aduan a yebedi no.”

9Wobisaa no se, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔyɛ aduan no?”

10Obuaa wɔn se, “Sɛ mudu kurow no mu a, mubehu obi a wakɔ asu reba. Munni nʼakyi nkɔ ofi a ɔbɛkɔ mu no mu, 11na mummisa ofiwura no se, ‘Yɛn kyerɛkyerɛfo se ɛhe na woasiesie ama ɔne nʼasuafo no sɛ wommedi Twam Afahyɛ aduan no?’ 12Ɔde mo bɛkɔ abansoro asa kɛse bi a wɔasiesie mu fɛfɛɛfɛ so. Ɛhɔ na monkɔto pon no.”

13Wɔkɔɔ kurow no mu no, wohuu sɛnea Yesu kae no pɛpɛɛpɛ ma wɔyɛɛ twam aduan no wɔ hɔ.

14Bere no dui no, Yesu ne nʼasuafo no kɔtenatenaa didipon no ho. 15Wɔtete hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mepɛɛ sɛ me ne mo bɛtena ase, ato nsa adi saa Twam aduan yi, ansa na mahu amane no akyɛ. 16Mereka akyerɛ mo se, saa adidi yi akyi no, merenni Twam aduan yi bio kosi sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛba.”

17Afei Yesu faa kuruwa, daa Onyankopɔn ase na ɔde maa nʼasuafo no kae se, “Munnye na obiara nnom bi. 18Mereka akyerɛ mo se, merennom bobesa yi bi bio kosi sɛ Onyankopɔn ahenni no bɛba.”

19Afei, ɔfaa brodo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa nʼasuafo no kae se, “Eyi ne me nipadua a mede rema mo. Munnye nni. Da biara a mubedi saa brodo yi bi no, momfa nkae me.”

20Saa ara nso na adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa kae se, “Kuruwa yi ne me mogya a merehwie agu ama mo sɛ apam foforo a wɔnam so begye mo nkwa. 21Nanso mo a mo ne me te adidii ha yi mu baako na obeyi me ama. 22Etwa sɛ miwu, sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛ no, nanso nea obeyi me ama no de, onnue.” 23Asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho, pɛɛ sɛ wohu wɔn mu nea obeyi no ama no.

Yesu Kasa Tia Ahomaso

24Asuafo no gyee wɔn ho akyinnye pɛɛ sɛ wohu wɔn mu nea ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Onyankopɔn ahenni a ɛbɛba no mu. 25Yesu tee no, ɔkae se, “Amanaman mu atumfo hyɛ wɔn a wodi wɔn so no so ma wɔn nso bu wɔn ho sɛ Adehye. 26Nanso mo de, nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo so panyin no nyɛ sɛ mo mu akumaa, na nea odi mo so no nso nyɛ mo mu somfo. 27Merebisa mo se, nnipa baanu yi mu hena na odi ne yɔnko so, nea ɔte didipon ho anaa nea ɔsom nea ɔte didipon no ho no? Nanso me de, mewɔ mo mu sɛ mo somfo. 28Me ne mo na afa ɔhaw ne amane mu a, moda so ne me nam. 29Mʼagya de ahenni no ama me. Saa ara nso na mede rema mo. 30Na mo ne me ato nsa adidi, na moatumi abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.”

Pa A Wɔpa Yesu

31Afei Awurade kae se, “Simon, Simon! Monhwɛ yiye na ɔbonsam pɛ sɛ ɔsɔ mo hwɛ. 32Nanso wo Simon de, masrɛ ama wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkɔ so agye me adi. Sɛ wunu wo ho san ba me nkyɛn a hyɛ wo nuanom no gyidi mu den.”

33Petro buaa no se, “Awurade, ɛyɛ me pɛ sɛ me ne wo bɛda afiase, na sɛ ɛyɛ owu mpo nso a, me ne wo bewu.”

34Yesu nso buaa no se, “Petro, mereka akyerɛ wo se, nnɛ akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.”

35Afei Yesu bisaa nʼasuafo no se, “Bere a mesomaa mo a na munkura sika nkotoku anaa akwantu kotoku na monhyɛ mpaboa no, biribi ho hiaa mo ana?”

Asuafo no buaa no se, “Dabi, biribiara ho anhia yɛn.”

36Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, nea ɔwɔ sika no, ɔmfa; nea ɔwɔ akwantu kotoku no nso, ɔmfa. Nea onni afoa no ntɔn ne ntama mfa nkɔtɔ bi. 37Na bere adu sɛ nkɔm a wɔhyɛ faa me ho sɛ, ‘Wɔbɛkan no afra nnebɔneyɛfo mu’ no bɛba mu. Ɛsɛ sɛ nkɔm biara a wɔahyɛ afa me ho no ba mu.”

38Asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, yɛwɔ afoa abien wɔ ha.”

Yesu buae se, “Eye, ɛno ara dɔɔso.”

Ngo Bepɔw So Mpaebɔ

39Yesu ne nʼasuafo no fii kurow no mu kɔɔ Ngo Bepɔw no so sɛnea ɔtaa yɛ no, na nʼasuafo no ka ne ho. 40Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.” 41Afei ɔtwee ne ho fii asuafo no ho kɔɔ nkyɛn baabi kɔkotow, bɔɔ mpae se, 42“Agya, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma saa amanehunu a ɛreba me so yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ na ɛnyɛ” 43Ogu so rebɔ mpae no, ɔbɔfo fi ɔsoro bɛhyɛɛ no den. 44Esiane sɛ na Yesu ho yeraw no wɔ Honhom mu no nti, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den maa ne ho fifiri yɛɛ sɛ mogya atɔwatɔw sosɔ guu fam.

45Mpaebɔ no akyi no, ɔkɔɔ asuafo no nkyɛn kɔtoo wɔn sɛ awerɛhow ne ɔbrɛ nti, wɔadeda. 46Ɔkae se, “Hwɛ! Moadeda? Monsɔre na mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.”

Wɔkyere Yesu

47Yesu gu so rekasa no, nnipadɔm bi a Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako di wɔn anim baa ne so. Yuda Iskariot twiw bɛn Yesu few nʼafono. 48Yesu bisaa no se, “Yuda, mfewano na wode reyi Onipa Ba no ama ana?”

49Bere a asuafo a wɔwɔ ne ho no huu nea ɛreba no, wobisaa no se, “Awurade, yentwitwa wɔn afoa ana?” 50Asuafo no mu baako twaa Ɔsɔfopanyin no somfo no aso nifa.

51Yesu ampɛ nea osuani no yɛe no nti, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monnyɛ eyi bi bio!” Ɔfaa ɔsomfo no aso no de taree hɔ bio.

52Yesu bisaa asɔfo mpanyin ne asɔredan sohwɛfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo ne asomfo a wɔbaa ne so no se, “Midi atuatewfo anim nti na mode afoa ne nkontimmaa aba me so yi? 53Bere a na me ne mo wɔ asɔredan mu no, moankyere me; eyi ne mo bere; nea sum di mu tumi.”

Petro Pa Yesu

54Afei wɔkyeree Yesu de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin fi. Bere a wɔde no rekɔ no, Petro gyee ne ho kaa akyi. 55Petro duu Ɔsɔfopanyin no fi hɔ no na asraafo no asɔ ogya wɔ adiwo hɔ a wɔreto; ɔno nso kɔtoo bi. 56Abaawa bi huu Petro sɛ ɔreto gya no bi no, ɔhwɛɛ no dinn kae se, “Saa ɔbarima yi yɛ Yesu akyidifo no mu baako.”

57Petro san se, “Awuraa, minnim saa ɔbarima yi baabiara.”

58Ankyɛ koraa na obi foforo nso huu no kae se, “Woyɛ nʼakyidifo no mu baako.”

Petro buaa no se, “Dabi, menka wɔn ho.”

59Ɛbɛyɛ dɔnhwerew akyi no, obi foforo nso san huu no ka sii so dua se, “Akyinnye biara nni ho sɛ saa damfo yi ka Yesu asuafo no ho, efisɛ ɔno nso yɛ Galileani, na ne kasa koraa da no adi.”

60Petro san ne mprɛnsa so se, “Owura, asɛm a woreka yi nyɛ nokware.” Nʼano ansi koraa na akokɔ bɔnee. 61Saa bere no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no, 62Petro de awerɛhow fii adi kosui.

Yesu Ho Fɛwdi

63Mmarima a na wɔrewɛn Yesu no dii ne ho fɛw, kyekyeree nʼani, bobɔɔ no, 64san bisaa no se, “Odiyifo, hena na ɔbɔɔ wo? Kyerɛ yɛn.” 65Wɔkɔɔ so yeyaw no kaa abususɛm ahorow guu ne so.

Yesu Gyina Baguafo Anim

66Ade kyee no, Yudafo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hyia ma wɔde Yesu baa wɔn anim 67bisaa no se, “Sɛ wone Kristo no a ka kyerɛ yɛn.”

Yesu buaa wɔn se, “Sɛ meka se mene Kristo no a, morennye nni, 68na sɛ mibisa mo nso a, moremmua me. 69Na efi saa bere yi mubehu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyame Tumfo no nifa so.”

70Ɔkaa saa no wɔn nyinaa bisaa no bio se, “Ɛno de, na wone Onyankopɔn Ba no ana?”

Obuaa wɔn se, “Nea moreka no yɛ nokware.”

71Eyi ma wɔkae se, “Adanse bɛn na ehia yɛn bio? Yɛate afi ɔno ankasa anom.”

Mawu a Mulungu mu Chichewa Chalero

Luka 22:1-71

Yudasi Avomera Kumupereka Yesu

1Phwando la buledi wopanda yisiti lotchedwa Paska litayandikira, 2akulu a ansembe ndi aphunzitsi amalamulo amafunafuna mpata woti amuphere Yesu, pakuti ankachita mantha ndi anthu. 3Kenaka Satana analowa mwa Yudasi, wotchedwa Isikarioti, mmodzi wa khumi ndi a iwiriwo. 4Ndipo Yudasi anapita kwa akulu a ansembe ndi akulu oyangʼanira Nyumba ya Mulungu ndi kukambirana nawo za mmene iye angaperekere Yesu. 5Iwo anakondwa ndipo anagwirizana zomupatsa ndalama. 6Iye anavomera, ndipo anayamba kufunafuna mpata wabwino wakuti amupereke Yesu kwa iwo pamene panalibe gulu la anthu pafupi.

Paska Womaliza

7Kenaka linafika tsiku la buledi wopanda yisiti pamene mwana wankhosa wa Paska amaperekedwa nsembe. 8Yesu anatuma Petro ndi Yohane nati, “Pitani kukatikonzera Paska kuti tikadye.”

9Iwo anafunsa kuti, “Kodi mukufuna tikakonzere kuti?”

10Iye anayankha kuti, “Taonani, mukamalowa mu mzinda, mudzakumana ndi mwamuna atanyamula mtsuko wamadzi. Mulondoleni ku nyumba imene akalowe, 11ndipo mukamuwuze mwini nyumbayo kuti, ‘Aphunzitsi kufunsa kuti, chili kuti chipinda cha alendo, kumene Ine ndi ophunzira anga tikadyere Paska?’ 12Iyeyo adzakuonetsani chipinda chachikulu chapamwamba, chokhala ndi zonse. Kachiteni zokonzekera mʼmenemo.”

13Iwo anapita nakapeza zinthu monga mmene Yesu anawawuzira. Tsono anakonza Paska.

Za Mgonero wa Ambuye

14Ora litakwana, Yesu ndi ophunzira ake anakhala pa tebulo. 15Ndipo Iye anawawuza kuti, “Ine ndakhala ndikuyembekezera kudya Paska uyu ndi inu ndisanamve zowawa. 16Pakuti Ine ndikukuwuzani kuti sindidzadyanso Paska wina mpaka Paskayi itakwaniritsidwa mu ufumu wa Mulungu.”

17Atanyamula chikho, Iye anayamika ndipo anati, “Tengani ndipo patsiranani pakati panu. 18Pakuti ndikukuwuzani kuti, Ine sindidzamwanso zochokera ku chipatso cha mphesa mpaka ufumu wa Mulungu utabwera.”

19Ndipo Iye anatenga buledi, nayamika ndipo anamunyema, nagawira iwo nati, “Ili ndi thupi langa lomwe laperekedwa kwa inu; muzichita zimenezi pokumbukira Ine.”

20Chimodzimodzinso, utatha mgonero, anatenga chikho nati, “Chikho ichi ndi pangano latsopano la magazi anga, amene akhetsedwa chifukwa cha inu. 21Koma dzanja la amene akundipereka Ine lili pamodzi ndi langa pa chakudya pano. 22Mwana wa Munthu apita monga mmene zinalembedwera, koma tsoka kwa munthu amene amupereka Iye.” 23Iwo anayamba kufunsana pakati pawo kuti ndi ndani wa iwo amene akanachita ichi.

Mkangano Pakati pa Ophunzira

24Komanso mkangano unabuka pakati pawo kuti ndani mwa iwo amene amaganiziridwa kukhala wamkulu. 25Yesu anawawuza kuti, “Mafumu a anthu a mitundu ina amaonetsa mphamvu za ufumu wawo pa anthuwo; ndipo amene ali ndi ulamuliro, amapatsidwa dzina la kuti ‘Opindula.’ 26Koma inu simuyenera kukhala choncho. Mʼmalo mwake, wamkulu pakati panu akhale ngati wamngʼono pa onse, ndipo iye amene alamulira akhale ngati wotumikira. 27Pakuti wamkulu ndani, iye amene ali pa tebulo kapena iye amene akutumikira? Kodi si iye amene ali pa tebulo? Koma ndili pakati panu ngati mmodzi wokutumikirani. 28Inu ndinu amene mwayima nane mʼmayesero. 29Ndipo Ine ndikupatsani inu ufumu, monga momwe Atate anga anandipatsiranso Ine, 30kuti inu muthe kudya ndi kumwa pa tebulo langa mu ufumu wanga ndi kukhala pa mipando yaufumu kuweruza mafuko khumi ndi awiri a Israeli.”

Yesu Aneneratu kuti Petro Adzamukana

31“Simoni, Simoni, Satana wapempha kuti akupete ngati tirigu. 32Koma Ine ndakupempherera Simoni, kuti chikhulupiriro chako chisafowoke ndipo pamene udzabwerera kwa Ine, udzalimbikitse abale ako.”

33Koma iye anayankha kuti, “Ambuye, ndine wokonzeka kupita nanu ku ndende ndi kufa komwe.”

34Yesu anayankha kuti, “Ine ndikukuwuza Petro, tambala asanalire lero lino, udzandikana katatu kuti sukundidziwa Ine.”

35Kenaka Yesu anawafunsa iwo kuti, “Ine nditakutumizani wopanda chikwama cha ndalama, thumba kapena nsapato, kodi inu munasowa kanthu?”

Iwo anayankha kuti, “Palibe chimene tinasowa.”

36Iye anawawuza kuti, “Koma tsopano ngati muli ndi chikwama cha ndalama, chitengeni, ndiponso thumba. Ndipo ngati mulibe lupanga, gulitsani mkanjo wanu ndi kugula. 37Zalembedwa kuti, ‘Ndipo Iye anawerengedwa pamodzi ndi anthu ochimwa,’ ndipo Ine ndikuwuzani kuti izi ziyenera kukwaniritsidwa mwa Ine. Inde, zimene zinalembedwa za Ine, zikukwaniritsidwa.”

38Ophunzira anati, “Taonani Ambuye, awa malupanga awiri.”

Iye anayankha kuti, “Amenewa akwanira.”

Yesu Apemphera ku Phiri la Olivi

39Yesu anapitanso monga mwa masiku onse ku Phiri la Olivi, ndipo ophunzira ake anamutsatira Iye. 40Atafika pamalopo, Iye anawawuza kuti, “Pempherani kuti musagwe mʼmayesero.” 41Iye anapita patsogolo pangʼono patali ngati kuponya mwala, anagwada napephera kuti, 42“Atate ngati mukufuna chotsereni chikho ichi. Komatu muchite zimene mukufuna osati zimene ndikufuna ine.” 43Mngelo wochokera kumwamba anafika namulimbikitsa. 44Ndipo mopsinjika mtima, anapemphera moona mtima, ndipo thukuta lake linali ngati madontho a magazi akugwera pansi.

45Iye atamaliza kupemphera, ndi kubwerera kwa ophunzira ake, anawapeza atagona atafowoka ndi chisoni. 46Iye anafunsa kuti, Nʼchifukwa chiyani mukugona? “Dzukani ndipo pempherani kuti inu musagwe mʼmayesero.”

Amugwira Yesu

47Pamene Iye ankayankhulabe, gulu la anthu linabwera, ndipo munthu wotchedwa Yudasi, mmodzi wa khumi ndi awiriwo analitsogolera. Iye anamuyandikira Yesu kuti amupsompsone. 48Koma Yesu anamufunsa kuti, “Yudasi, kodi ukupereka Mwana wa Munthu ndi mpsopsono?”

49Otsatira Yesu ataona zimene zimati zichitike, anati, “Ambuye, kodi timenyane ndi malupanga athu?” 50Ndipo mmodzi wa iwo anatema wantchito wamkulu wa ansembe, nadula khutu lake lamanja.

51Koma Yesu anayankha kuti, “Zisachitikenso zimenezi!” Ndipo Iye anakhudza khutu la munthuyo ndi kumuchiritsa.

52Kenaka Yesu anafunsa akulu a ansembe, akuluakulu oyangʼanira Nyumba ya Mulungu ndi akuluakulu ena amene anabwerawo kuti, “Kodi Ine ndikutsogolera gulu lowukira kuti mubwere ndi malupanga ndi zibonga? 53Tsiku lililonse ndinali nanu mʼmabwalo a mʼNyumba ya Mulungu ndipo inu simunandigwire. Koma iyi ndi nthawi yanu pamene mdima ukulamulira.”

Petro Akana Yesu

54Pamenepo anamugwira Iye, napita naye ndipo anamutengera ku nyumba ya mkulu wa ansembe. Petro anamutsatira patali. 55Koma pamene anasonkha moto pakati pa bwalo la milandu, anakhala onse pansi ndipo Petro anakhalanso pansi. 56Mtsikana wantchito anamuona atakhala nawo pafupi ndi moto. Iye anamuyangʼanitsitsa ndipo anati, “Munthu uyu anali ndi Yesu.”

57Koma Petro anakana nati, “Mtsikana, ine sindimudziwa ameneyu.”

58Patatha kanthawi pangʼono, wina wake anamuona ndipo anati, “Iwenso ndiwe mmodzi mwa iwo.”

Petro anayankha kuti, “Munthu iwe, ayi sindine.”

59Patatha pafupifupi ora limodzi, munthu winanso anati, “Zoonadi, munthu uyu anali ndi Iye, pakuti ndi mu Galileya.”

60Petro anayankha kuti, “Munthu iwe, sindikudziwa zimene ukunena apa.” Pamene iye ankayankhula, tambala analira. 61Ambuye anachewuka namuyangʼanitsitsa Petro. Pamenepo Petro anakumbukira mawu amene Ambuye anayankhula kwa iye kuti, “Asanalire tambala lero lino, udzandikana Ine katatu.” 62Ndipo iye anapita panja nakalira kwambiri.

Asilikali Amuchita Chipongwe Yesu

63Anthu amene ankalonda Yesu anayamba kumuchita chipongwe ndi kumumenya. 64Anamumanga mʼmaso ndi kumufunsa kuti, “Tanenera! Wakumenya iwe ndi ndani?” 65Ndipo iwo anamunena zachipongwe zambiri.

Yesu Pamaso pa Pilato ndi Herode

66Kutacha, bungwe la akuluakulu, pamodzi ndi akulu a ansembe ndi aphunzitsi amalamulo, anakumana pamodzi, ndipo anamuyika Yesu patsogolo pawo. 67Iwo anati, “Tiwuze, ngati ndiwe Khristu.”

Yesu anayankha kuti, “Ine nditakuwuzani simungandikhulupirire. 68Ine nditakufunsani inu, simungandiyankhe. 69Koma kuyambira tsopano, Mwana wa Munthu adzakhala ku dzanja lamanja la Mulungu wamphamvu.”

70Onse anafunsa kuti, “Ndiye kuti ndiwe Mwana wa Mulungu?”

Iye anayankha kuti, “Mwanena ndinu kuti Ndine.”

71Pamenepo iwo anati, “Nanga tikufuniranjinso umboni wina? Ife tamva kuchokera pa milomo yake.”