Kwadwom 3 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Kwadwom 3:1-66

1Mene ɔbarima a mahu amane

wɔ nʼabufuw abaa ano.

2Wapam me afi ne ho ama manantew

sum mu na ɛnyɛ hann mu;

3Ampa ara wama nsa so atia me

mpɛn bebree, da mu nyinaa.

4Wama me were ne me nam anyin

Na wabubu me nnompe.

5Waka me ahyɛ mu, na watua me ano

ɔde nweenwen ne ahokyere atwa me ho ahyia.

6Wama matena sum mu

sɛ wɔn a wɔawuwu dedaw no.

7Wato ɔfasu atwa me ho ahyia enti mintumi nguan;

wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ beraw.

8Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpae srɛ mmoa a

osiw me mpaebɔ ano.

9Ɔde abotan asiw me kwan;

wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye.

10Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn,

te sɛ gyata a watɛw,

11ɔtwee me fii ɔkwan no mu bebaree me

na ogyaw me a minni mmoa biara.

12Okuntun ne ta mu

na ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so.

13Ɔde bɛmma a efi ne kotoku mu

hwirew me koma mu.

14Meyɛɛ akyiwade maa me nkurɔfo nyinaa;

wɔto akutia nnwom

de di me ho fɛw da mu nyinaa.

15Ɔde nhaban nweenwen ahyɛ me ma.

Wama me bɔnwoma anom.

16Ɔde mmosea abubu me se;

na watiatia me so wɔ mfutuma mu.

17Wɔama asomdwoe abɔ me;

na me werɛ afi yiyedi.

18Enti mise, “Mʼanuonyam asa,

nea mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.”

19Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyinakyinkyin mu,

nweenwen ne bɔnwoma mu.

20Mekae yiye,

na me kra abotow wɔ me mu.

21Nanso midwen eyi ho;

saa nti mewɔ anidaso.

22Awurade dɔ kɛse nti yɛnsɛee ɛ.

Nʼayamhyehye nni huammɔ.

23Ɛyɛ foforo anɔpa biara;

wo nokwaredi yɛ kɛse.

24Meka kyerɛ me ho se,

Awurade yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.”

25Awurade ye ma wɔn a wɔn anidaso wɔ ne mu,

onipa a ɔhwehwɛ no no;

26Eye sɛ wɔyɛ komm

de twɛn Awurade nkwagye.

27Eye ma ɔbarima sɛ ɔsoa konnua no

wɔ ne mmerantebere mu.

28Ma ɔntena ase komm,

efisɛ Awurade de ato ne so.

29Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfutuma mu,

ebia anidaso wɔ hɔ.

30Ma ɔmfa nʼafono mma nea ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ no no

na ɔnhyɛ no aniwu.

31Na Awurade ntow onipa biara nkyene koraa.

32Ɛwɔ mu, ɔde awerɛhow ba de, nanso obenya ayamhyehye.

Ne dɔ kɛse no to rentwa da.

33Ofi amemenemfe mu de amanehunu

anaa awerɛhow brɛ nnipa mma.

34Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛw

nneduafo a wɔwɔ asase no so a,

35sɛ wotiatia obi ahofadi so

wɔ Ɔsorosoroni no anim a,

36anaa sɛ wobu obi ntɛnkyew a,

Awurade renhu saa nneɛma yi ana?

37Hena na obetumi aka na wama aba mu

wɔ bere a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛe?

38Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anom

na mmusu ne nnepa fi ana?

39Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔteasefo nwiinwii

bere a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho?

40Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ,

na yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn.

41Momma yɛmma yɛn koma ne yɛn nsa so,

nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka se:

42“Yɛayɛ bɔne, na yɛatew atua

na wamfa ankyɛ.

43“Wode abufuw akata wo ho ataa yɛn;

na woakunkum a woannya ahummɔbɔ.

44Wode wo ho asie omununkum mu

nti mpaebɔ biara nnu wo nkyɛn.

45Woayɛ yɛn atantanne ne nwura

wɔ amanaman no mu.

46“Yɛn atamfo nyinaa abaa wɔn anom tɛtrɛɛ

de tia yɛn.

47Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhwease,

mmubui ne ɔsɛe.”

48Me nusu sen sɛ asuten

efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo.

49Me nusu bɛsen ara,

na ɛrennyae,

50kosi sɛ Awurade bɛhwɛ

afi ɔsoro, na wahu.

51Nea mihu no ma me kra werɛ how,

me kuropɔn no mu mmea nyinaa nti.

52Mʼatamfo a menyɛɛ wɔn hwee

pampam me sɛ anomaa.

53Wɔpɛɛ sɛ wotwa me nkwa so

na wosiw me abo wɔ amoa mu;

54nsu bu faa me ti so,

na ɛyɛɛ me sɛnea wɔrewie me.

55Mebɔɔ wo din, Awurade

fii amoa no ase tɔnn.

56Wotee me sufrɛ: “Nsiw wʼaso

wɔ me gye sufrɛ ho.”

57Wutwiw bɛn me bere a mefrɛɛ wo no,

na wokae se, “Nsuro.”

58Wo Awurade, wudii mʼasɛm maa me;

na wugyee me nkwa.

59Woahu bɔne a wɔayɛ me, Awurade.

Di mʼasɛm ma me!

60Woahu wɔn aweretɔ no mu den,

wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa.

61Awurade, woate wɔn ntwirii,

wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa,

62nea mʼatamfo ka no asomsɛm na wɔka no brɛoo

de tia me da mu nyinaa.

63Hwɛ wɔn! Sɛ wogyinagyina hɔ anaasɛ wɔtete hɔ,

wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw.

64Fa nea ɛfata tua wɔn so ka, Awurade,

nea wɔn nsa ayɛ nti.

65Pirim wɔn koma,

na ma wo nnome mmra wɔn so.

66Fa abufuw taa wɔn, na sɛe wɔn

fi Awurade ɔsorosoro ase.

Asante Twi Contemporary Bible

Kwadwom 3:1-66

1Mene ɔbarima a mahunu amane

wɔ nʼabufuo abaa ano.

2Wapam me afiri ne ho ama manante

sum mu na ɛnyɛ hann mu;

3Ampa ara wama nsa so atia me

mpɛn bebree, ɛda mu nyinaa.

4Wama me wedeɛ ne me nam anyini

Na wabubu me nnompe.

5Waka me ahyɛ mu,

ɔde nwononwono ne ahokyere atwa me ho ahyia.

6Wama matena esum mu

sɛ wɔn a wɔawuwu dada no.

7Wato ɔfasuo atwa me ho ahyia enti mentumi nnwane;

wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ baha.

8Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpaeɛ srɛ mmoa a

ɔsi me mpaeɛbɔ ano.

9Ɔde abotan asi me ɛkwan;

wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye.

10Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn,

te sɛ gyata a watɛ,

11ɔtwee me firi ɛkwan no mu dwerɛɛ me

na ɔgyaa me a menni mmoa biara.

12Ɔkuntunuu ne tadua mu

na ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so.

13Ɔde bɛmma a ɛfiri ne kotokuo mu

hwiree mʼakoma mu.

14Meyɛɛ asredeɛ maa me nkurɔfoɔ nyinaa;

wɔto akutia nnwom

de di me ho fɛ ɛda mu nyinaa.

15Ɔde nhahan nwononwono ahyɛ me ma.

Wama me bɔnwoma anom.

16Ɔde aboseaa abubu me se;

na watiatia me so wɔ mfuturo mu.

17Wɔama asomdwoeɛ abɔ me;

na mewerɛ afiri yiedie.

18Enti mese, “Mʼanimuonyam asa,

deɛ mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.”

19Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyini mu,

nwononwono ne bɔnwoma mu.

20Mekae yie,

na me kra aboto wɔ me mu.

21Nanso, mekae yei

ne saa enti, mewɔ anidasoɔ.

22Awurade dɔ kɛseɛ enti yɛnnsɛeɛ.

Nʼayamhyehyeɛ nni hwammɔ.

23Ɛyɛ foforɔ anɔpa biara;

wo nokorɛdie yɛ kɛseɛ.

24Meka kyerɛ me ho sɛ,

Awurade yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.”

25Awurade yɛ ma wɔn a wɔn anidasoɔ wɔ ne mu,

onipa a ɔhwehwɛ noɔ no;

26Ɛyɛ sɛ wɔyɛ komm

de twɛn Awurade nkwagyeɛ.

27Ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔnnua no

wɔ ne mmeranteɛ ɛberɛ mu.

28Ma ɔntena ase komm,

ɛfiri sɛ Awurade de ato no so.

29Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfuturo mu,

ebia anidasoɔ wɔ hɔ.

30Ma ɔmfa nʼafono mma deɛ ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ no

na ɔnhyɛ no aniwuo.

31Na Awurade nto nnipa ntwene koraa.

32Ɛwom, ɔde awerɛhoɔ ba deɛ, nanso ɔbɛnya ayamhyehyeɛ.

Ne dɔ kɛseɛ no to rentwa da.

33Ɔfiri amemenemfe mu de amanehunu

anaa awerɛhoɔ brɛ nnipa mma.

34Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛ

nneduafoɔ a wɔwɔ asase no so a,

35sɛ wɔtiatia obi ahofadie so

wɔ Ɔsorosoroni no anim a,

36anaa sɛ wɔbu obi ntɛnkyea a,

Awurade nhunu saa nneɛma yi anaa?

37Hwan na ɔbɛtumi aka na wama aba mu

wɔ ɛberɛ a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛeɛ?

38Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anom

na musuo ne nnepa firi anaa?

39Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔteasefoɔ nwiinwii

ɛberɛ a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho?

40Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ,

na yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn.

41Momma yɛmma yɛn akoma ne yɛn nsa so,

nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka sɛ:

42“Yɛayɛ bɔne, na yɛate atua

na woamfa ankyɛ.

43“Wode abufuo akata wo ho ataa yɛn;

na wakunkum a woannya ahummɔborɔ.

44Wode wo ho asie omununkum mu

enti mpaeɛbɔ biara nnuru wo nkyɛn.

45Woayɛ yɛn atantanneɛ ne wira

wɔ amanaman no mu.

46“Yɛn atamfoɔ nyinaa abae wɔn anom tɛtrɛɛ

de tia yɛn.

47Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhweaseɛ,

mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ.”

48Me nisuo sene sɛ asutene

ɛfiri sɛ wɔasɛe me nkurɔfoɔ.

49Me nisuo bɛsene ara,

na ɛrennyae,

50kɔsi sɛ Awurade bɛhwɛ

afiri ɔsoro, na wahu.

51Deɛ mehunu no ma me kra werɛ ho

me kuropɔn no mu mmaa nyinaa enti.

52Mʼatamfoɔ a menyɛɛ wɔn hwee

pampam me sɛ anomaa.

53Wɔpɛɛ sɛ wɔtwa me nkwa so

na wɔsi me aboɔ wɔ amena mu;

54nsuo bu faa me tiri so,

na ɛyɛɛ me sɛdeɛ wɔrewie me.

55Mebɔɔ wo din, Ao Awurade

firi amena no ase tɔnn.

56Wotee me sufrɛ: “Nsi wʼaso

wɔ me gyeɛ sufrɛ ho.”

57Wotwe bɛnee me ɛberɛ a mefrɛɛ woɔ no,

na wokaa sɛ, “Nsuro.”

58Ao Awurade, wodii mʼasɛm maa me;

na wogyee me nkwa.

59Woahunu bɔne a wɔayɛ me, Ao Awurade.

Di mʼasɛm ma me!

60Woahunu wɔn aweretɔ no mu den,

wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa.

61Ao Awurade, woate wɔn sopa,

wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa,

62deɛ mʼatamfoɔ ka no sɛ asomusɛm na wɔka no brɛoo

de tia me da mu nyinaa.

63Hwɛ wɔn! Sɛ wɔgyinagyina hɔ anaa sɛ wɔtete hɔ,

wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw.

64Fa deɛ ɛfata tua wɔn so ka, Ao Awurade,

deɛ wɔn nsa ayɛ enti.

65Pirim wɔn akoma,

na ma wo nnome mmra wɔn so.

66Fa abufuo taa wɔn, na sɛe wɔn

firi Awurade sorosoro ase.