Kwadwom 2 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Kwadwom 2:1-22

1Sɛnea Awurade de nʼabufuwhyew mununkum

akata Ɔbabea Sion so ni?

Watow Israel anuonyam

afi ɔsoro abɛhwe fam;

wankae ne nan ntiaso

wɔ nʼabufuw da no.

2Awurade annya ahummɔbɔ

na wamene Yakob atenae nyinaa;

nʼabufuwhyew mu, wadwiriw

Yuda Babea abandennen no agu fam.

Wagu nʼahenni ne ne mmapɔmma

ho fi.

3Ɔde abufuwhyew atwitwa

Israel mmɛn nyinaa.

Wayi ne bammɔ

wɔ bere a atamfo no reba.

Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyatannaa

a ɛhyew biribiara a atwa ho ahyia.

4Wapema ne bɛmma sɛ ɔtamfo;

ne nsa nifa ayɛ krado.

Te sɛ ɔtamfo no, wakunkum

wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ ani so nyinaa;

wahwie nʼabufuwhyew sɛ ogya

agu Ɔbabea Sion ntamadan so.

5Awurade ayɛ sɛ ɔtamfo;

wamene Israel.

Wamene nʼahemfi nyinaa

asɛe nʼabandennen.

Wama awerɛhowdi ne agyaadwotwa adɔɔso

ama Yuda Babea.

6Wama nʼatenae ada mpan sɛ turo;

wasɛe nʼaguabɔbea.

Awurade ama Sion werɛ afi

nʼafahyɛ ne homenna;

nʼabufuwhyew mu no

wabu ɔhene ne ɔsɔfo animtiaa.

7Awurade apo nʼafɔremuka

na wagyaa ne kronkronbea mu.

Ɔde nʼahemfi afasu

ahyɛ nʼatamfo nsa.

Wɔteɛ mu wɔ Awurade fi

te sɛ afahyɛ da.

8Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe

Ɔbabea Sion fasu a atwa ne ho ahyia no.

Ɔde susuhama too ho

na wannyae ɔsɛe no.

Ɔmaa pie ne afasu dii abooboo;

wɔn nyinaa sɛee.

9Nʼapon amem fam;

wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no.

Ne hene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asu kɔ amanaman no mu,

mmara nni hɔ bio,

na nʼadiyifo nnya anisoadehu a

efi Awurade hɔ bio.

10Ɔbabea Sion mpanyimfo

tete fam ayɛ komm;

wɔde mfutuma agu wɔn tirim

afurafura atweaatam.

Yerusalem mmabaa

asisi wɔn ti ase.

11Mʼani rentumi nnyae nisutew,

me yafunu mu retwa me,

me koma retew atɔ fam,

efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo,

efisɛ mmofra ne mmotafowa totɔ piti

wɔ kuropɔn no mmɔnten so.

12Wobisa wɔn nanom se,

“Ɛhe na brodo ne nsa wɔ?”

Bere a wɔtotɔ beraw sɛ apirafo

wɔ kuropɔn no mmɔnten so,

bere a wɔn nkwa resa

wɔ wɔn nanom abasa so.

13Asɛm bɛn na metumi aka ama wo?

Dɛn ho na metumi de wo atoto,

Ɔbabea Yerusalem?

Dɛn na metumi de asusuw wo,

de akyekye wo werɛ,

Sion Babea Ɔbabun?

Wʼapirakuru so sɛ po.

Hena na obetumi asa wo yare?

14Wʼadiyifo anisoadehu

yɛ atoro a so nni mfaso;

wɔanna mo amumɔyɛ adi

ansiw mo nnommumfa ano.

Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo no

yɛ atoro ne nnaadaa.

15Wɔn a wotwa mu wo kwan so nyinaa

bobɔ wɔn nsam gu wo so;

wodi wo ho fɛw na wɔwosow wɔn ti

gu Yerusalem Babea so ka se,

“Eyi ne kuropɔn a na wɔfrɛ no

ahoɔfɛ a edi mu no?

Asase nyinaa anigyede no ni?”

16Wʼatamfo nyinaa baa wɔn anom

tɛtrɛɛ tia wo;

wɔserew na wɔtwɛre wɔn se

na wɔka se, “Yɛamene no.

Da a na yɛretwɛn no ni;

Yɛatena ase ahu.”

17Awurade ayɛ nea ɔhyehyɛe;

wama nʼasɛm a

ɔhyɛɛ dedaada no aba mu.

Watu wo agu a wanhu wo mmɔbɔ,

wama ɔtamfo no ani agye

wama wʼatamfo no mmɛn so.

18Nnipa no koma

su frɛ Awurade.

Ɔbabea Sion afasu,

momma mo nusu nsen sɛ asubɔnten

awia ne anadwo;

munnye mo ahome

momma mo ani nso nnya ɔhome.

19Sɔre, su dennen anadwo,

ɔdasu mu mfiase;

hwie wo koma mu nsɛm sɛ nsu

gu Awurade anim.

Ma wo nsa so kyerɛ no

wo mma nkwa nti,

wɔn a ɔkɔm ama wɔatotɔ beraw

wɔ mmɔnten so.

20“Hwɛ na dwene ho, Awurade:

Hena na wode no afa saa ɔkwan yi so pɛn?

Ɛsɛ sɛ mmea we wɔn yafunumma nam ana,

mma a wɔahwɛ wɔn?

Ɛsɛ sɛ wokunkum ɔsɔfo ne odiyifo

Awurade kronkronbea ana?

21“Mmofra ne mpanyin da adabum

wɔ mmɔnten so mfutuma mu so,

me mmerante ne mmabaa

atotɔ wɔ afoa ano.

Woakum wɔn wɔ wʼabufuwda;

woayam wɔn na woannya ahummɔbɔ.

22“Sɛnea wotoo wo nsa frɛ wɔ aponto da no,

saa ara na wofrɛfrɛɛ

amanehunu fii afanan nyinaa tiaa me.

Awurade abufuw da no,

obiara anguan na anka obiara:

wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetew wɔn no,

me tamfo adwerɛw wɔn.”

Asante Twi Contemporary Bible

Kwadwom 2:1-22

1Sɛdeɛ Awurade de nʼabufuhyeɛ omununkum

akata Ɔbabaa Sion so nie?

Wato Israel animuonyam

firi soro abɛhwe fam;

wankae ne nan ntiasoɔ

wɔ nʼabufuo da no.

2Awurade annya ahummɔborɔ

na wamene Yakob atenaeɛ nyinaa;

nʼabufuhyeɛ mu, wadwiri

Yuda Ɔbabaa aban denden no agu fam.

Wagu nʼahennie ne ne mmapɔmma

ho fi.

3Ɔde abufuhyeɛ atwitwa

Israel mmɛn nyinaa.

Wayi ne banbɔ

wɔ ɛberɛ a atamfoɔ no reba.

Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyadɛreɛ

a ɛhye biribiara a atwa ho ahyia.

4Wapoma ne bɛmma te sɛ ɔtamfoɔ;

ne nsa nifa ayɛ krado.

Sɛdeɛ ɔtamfoɔ yɛ no, wakunkum

wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ anisoɔ nyinaa;

wahwie nʼabufuhyeɛ sɛ ogya

agu Ɔbabaa Sion ntomadan so.

5Awurade ayɛ sɛ ɔtamfoɔ;

wamene Israel.

Wamene nʼahemfie nyinaa

asɛe nʼabandenden.

Wama awerɛhoɔdie ne agyaadwotwa adɔɔso

ama Yuda Ɔbabaa.

6Wama nʼatenaeɛ ada mpan sɛ turo;

wasɛe ne dwabirem.

Awurade ama Sion werɛ afiri

nʼafahyɛ ne home nna;

wɔ nʼabufuhyeɛ mu no

wabu ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia.

7Awurade apo nʼafɔrebukyia

na wagyae ne kronkronbea mu.

Ɔde nʼahemfie afasuo

ahyɛ nʼatamfoɔ nsa.

Wɔteam wɔ Awurade efie

te sɛ afahyɛ da.

8Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe

Ɔbabaa Sion ɔfasuo a atwa ne ho ahyia no.

Ɔde susuhoma too ho

na wannyae ɔsɛeɛ no.

Ɔmaa apie ne afasuo dii abooboo;

wɔn nyinaa sɛeɛ.

9Nʼapono amem fam;

wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no.

Ne ɔhene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asuo kɔ amanaman no mu,

mmara nni hɔ bio,

na nʼadiyifoɔ nnnya anisoadehunu a

ɛfiri Awurade hɔ bio.

10Ɔbabaa Sion mpanimfoɔ

tete fam ayɛ komm;

wɔde mfuturo agu wɔn tirim

afirafira ayitoma.

Yerusalem mmabaawa

asisi wɔn tiri ase.

11Mʼani rentumi nnyae nisuteɛ,

me yafunu mu retwa me,

mʼakoma rete atɔ fam,

ɛfiri sɛ wɔasɛe me nkurɔfoɔ,

ɛfiri sɛ mmɔfra ne mmotafowa totɔ piti

wɔ kuropɔn no mmɔntene so.

12Wɔbisa wɔn maamenom sɛ,

“Ɛhe na aduane ne nsã wɔ?”

Ɛberɛ a wɔtotɔ piti sɛ apirafoɔ

wɔ kuropɔn no mmɔntene so,

ɛberɛ a wɔn nkwa resa

wɔ wɔn maamenom abasa so.

13Ɛdeɛn na mɛtumi aka ama woɔ?

Ɛdeɛn ho na mɛtumi de wo atoto,

Ao, Yerusalem Ɔbabaa?

Ɛdeɛn na mɛtumi de asusu woɔ,

de akyekyere wo werɛ,

Ao, Sion Ɔbabaa Bunu?

Wʼapirakuro so sɛ ɛpo.

Hwan na ɔbɛtumi asa ama woɔ?

14Wʼadiyifoɔ anisoadehunu

yɛ atorɔ a ɛho nni mfasoɔ;

wɔanna mo amumuyɛ adi

ansi mo nnommumfa ano.

Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo no

yɛ atorɔ ne nnaadaa.

15Wɔn a wɔtwam wo ɛkwan soɔ nyinaa

bobɔ wɔn nsam gu wo so;

wɔdi wo ho fɛ na wɔwoso wɔn tiri

gu Yerusalem Ɔbabaa so ka sɛ,

“Yei ne kuropɔn a na wɔfrɛ no

ahoɔfɛ a ɛdi mu no?

Asase nyinaa anigyedeɛ no nie?”

16Wʼatamfoɔ nyinaa baeɛ wɔn anom

kakraa tia wo;

wɔsere na wɔtwɛre wɔn se

na wɔka sɛ, “Yɛamene no.

Ɛda a na yɛretwɛn no nie;

Yɛatena ase ahunu.”

17Awurade ayɛ deɛ ɔhyehyɛeɛ;

wama nʼasɛm a

ɔhyɛɛ dadaada no aba mu.

Watu wo agu a wanhunu wo mmɔbɔ,

wama ɔtamfoɔ no ani agye

wama wʼatamfoɔ no mmɛn so.

18Nnipa no akoma

su frɛ Awurade.

Ao, Sion Ɔbabaa fasuo,

ma wo nisuo nsene sɛ asubɔnten

awia ne anadwo;

nnye wʼahome

mma wʼani nso nnya ahomeɛ.

19Sɔre, su denden anadwo

ɔdasuom mfitiaseɛ;

hwie wʼakoma mu nsɛm sɛ nsuo

gu Awurade anim.

Ma wo nsa so kyerɛ no

wo mma nkwa enti,

wɔn a ɛkɔm ama wʼatotɔ baha

wɔ mmɔntene so.

20“Hwɛ na dwene ho, Ao, Awurade:

Hwan na wode no afa saa ɛkwan yi so pɛn?

Ɛsɛ sɛ mmaa we wɔn yafunu mma nam anaa,

mma a wɔahwɛ wɔn?

Ɛsɛ sɛ wɔkum ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ

Awurade kronkronbea anaa?

21“Mmɔfra ne mpanin adeda abɔ mu

mfuturo mu wɔ mmɔntene so,

me mmeranteɛ ne mmabaawa

atotɔ wɔ akofena ano.

Wakum wɔn wɔ wʼabufuo da;

wayam wɔn na wannya ahummɔborɔ.

22“Sɛdeɛ wotoo wo nsa frɛ wɔ apontoɔ da no,

saa ara na wofrɛfrɛɛ

amanehunu firi afanan nyinaa tiaa me.

Awurade abufuo da no,

obiara annwane na obiara anka:

wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetee wɔn no,

me ɔtamfoɔ adwerɛ wɔn.”