Kolosefo 3 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Kolosefo 3:1-25

Ma Ɔsoro Nyɛ Wo Dadwen

1Wɔanyan mo ne Kristo aba nkwa mu. Afei munnwen ɔsoro nneɛma ho, faako a Kristo te, Onyankopɔn nifa so, di hene no. 2Saa nneɛma no na momma mo adwene nkɔ so, na ɛnyɛ asase yi so nneɛma. 3Efisɛ moawu na wɔde mo nkwa ne Kristo ahintaw wɔ Onyankopɔn mu. 4Na sɛ Kristo a ɔyɛ mo nkwa no ba a, mo ne no bɛba wɔ nʼanuonyam mu.

Nkwa Dedaw Ne Nkwa Foforo

5Munyi wiase akɔnnɔ te sɛ aguamammɔ, afideyɛ, bɔne, ne anibere a ɛyɛ abosonsom no mfi mo abrabɔ mu. 6Eyinom nti Onyankopɔn abufuw reba. 7Bere bi a atwam no, esiane mo akɔnnɔ nti na mobɔ saa bra yi. 8Afei munnyae saa nneyɛe yi nyinaa: abufuw, bɔnepɛ, ne ɔtan. Monnyeyaw obi anaa mommma kasa a ɛho ntew mmfi mo anom. 9Munnnidi atoro nkyerɛ mo ho mo ho, efisɛ moatow nipadua dedaw ne ne su no akyene 10de nipadua foforo asi anan mu. Moayɛ nnipa afoforo a daa Onyankopɔn a ɔbɔɔ mo no resakra mo wɔ ne suban so, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ho nimdeɛ bɛhyɛ mo ma. 11Esiane saa nti, amanamanmufo ne Yudafo, twetiatwafo ne momonotoyɛ, awudifo, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho no nni hɔ bio. Kristo wɔ biribiara mu. Kristo te yɛn nyinaa mu.

12Moyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Ɔpɛ mo asɛm nti na oyii mo sɛ ne de, enti monyɛ timmɔbɔ, ayamye, mommrɛ mo ho ase, munnwo na monyɛ abodwokyɛre. 13Mommoaboa mo ho mo ho na momfa mo ho mo ho mfomso nkyekyɛ mo ho mo ho. Momfa nkyɛ sɛnea Awurade de kyɛ mo no. 14Eyi nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde koroyɛ ba no nka mo abrabɔ ho.

15Momma Kristo asomdwoe no ntena mo koma mu. Saa asomdwoe yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa aba Kristo nipadua koro mu. Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayeyi. 16Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo koma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asanku so nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom. Mumfi mo koma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn. 17Biribiara a moyɛ anaa moka no, monyɛ wɔ Awurade Yesu din mu na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase.

Ayɔnkofa Pa

18Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛnea ɛsɛ wɔ Awurade mu.

19Okununom, monnodɔ mo yerenom na monnhyɛ wɔn ahometew.

20Mma, ade nyinaa mu, muntie mo awofo asɛm na eyi na ɛsɔ Onyankopɔn ani.

21Agyanom, munnyi mo mma abufuw na ammu wɔn aba mu.

22Asomfo, muntie mo wuranom asɛm wɔ ade nyinaa mu. Ɛnyɛ sɛ wɔn ani tua mo nti na ɛsɛ sɛ moyɛ na wɔpene mo, na mmom esiane sɛ mudi Awurade ni no nti, momfa koma pa nyɛ. 23Biribiara a moyɛ no, momfa mo koma nyinaa nyɛ na momfa no sɛ moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa. 24Monkae sɛ Awurade bɛkyɛ mo so ade. Mo nsa bɛka ade a ɔde asie ama ne nkurɔfo no bi. Kristo ne owura a mosom no. 25Na obiara a ɔyɛ nea ɛnteɛ no, bɔne a ɔyɛ no so akatua na obenya a nhwɛanim biara nni mu.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

歌羅西書 3:1-25

追求屬天的事

1你們既然和基督一同復活了,就應當追求天上的事,那裡有坐在上帝右邊的基督。 2你們要思想天上的事,而不是地上的事, 3因為你們的舊生命已經死了,你們的新生命與基督一同藏在上帝裡面。 4基督就是你們的新生命,祂顯現的時候,你們也必和祂一起在榮耀中顯現。

5所以,你們要治死身上屬世的罪惡,如淫亂、污穢、邪情、惡慾和貪心,貪心就是拜偶像, 6因為上帝的烈怒必臨到做這些事的悖逆之人。 7你們過去也和他們一樣過著罪惡的生活, 8但現在必須杜絕這一切的惡事,如怒氣、憤恨、惡毒、毀謗和污言穢語。 9不要彼此說謊,因為你們已經脫去了舊人和舊的行為, 10穿上了新人。這新人在知識上不斷更新,更像他的造物主。 11從此,不再分希臘人、猶太人,受割禮的、未受割禮的,野蠻人、未開化的人3·11 未開化的人」希臘文是「西古提人」。,奴隸和自由人,基督就是一切,並且貫穿一切。

12所以,你們既然是上帝所揀選的,是聖潔、蒙愛的人,就要心存憐憫、恩慈、謙虛、溫柔和忍耐。 13倘若彼此之間有怨言,總要互相寬容,彼此饒恕,主怎樣饒恕你們,你們也要照樣饒恕他人。 14最重要的是要有愛,愛能把一切完美地聯合在一起。 15要讓基督的平安掌管你們的心,你們就是為此而蒙召成為一個身體。要常存感恩的心。 16要將基督的話豐豐富富地存在心裡,用各樣智慧彼此教導,互相勸誡,以感恩的心用詩篇、聖樂、靈歌頌讚上帝。 17你們無論做什麼事、說什麼話,都要奉主耶穌的名而行,並藉著祂感謝父上帝。

和諧家庭

18你們作妻子的,要順服丈夫,信主的人應當這樣做。 19你們作丈夫的,要愛妻子,不可惡待她們。 20你們作兒女的,凡事要聽從父母,因為這是主所喜悅的。 21你們作父親的,不要激怒兒女,免得他們灰心喪志。 22你們作奴僕的,凡事要聽從你們世上的主人,不要只做討好人的表面工夫,要以敬畏主的心真誠服侍。 23無論做什麼事,都要發自內心,像是為主做的,而不是為人做的, 24因為你們知道自己一定會從主那裡得到基業為獎賞。你們事奉的是主基督, 25凡作惡的人終必自食惡果,因為上帝不偏待人。