Hosea 9 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hosea 9:1-17

Israel Asotwe

1Nni ahurusi, Israel;

nsɛpɛw wo ho te sɛ aman a aka no.

Efisɛ woanni wo Nyankopɔn nokware,

wʼani gye aguamammɔ ho

wɔ awiporowbea nyinaa so.

2Awiporowbea ne nsakyiamoa rentumi mma nnipa no aduan;

nsa foforo nso bɛbɔ wɔn.

3Wɔrentena Awurade asase no so bio;

Efraim bɛsan akɔ Misraim

na wadi aduan a ɛho ntew wɔ Asiria.

4Wɔremmɔ ahwiesa afɔre mma Awurade,

na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani.

Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ asufo brodo de ama wɔn;

wɔn a wodi nyinaa ho begu fi.

Saa aduan no bɛyɛ wɔn ankasa dea

na wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu.

5Dɛn na mobɛyɛ wɔ mo aponto da no

ne Awurade afahyɛnna no nso?

6Mpo sɛ woguan fi ɔsɛe mu a

Misraim bɛboaboa wɔn ano,

na Memfis besie wɔn.

Wɔn dwetɛ ahonyade befuw wura,

na wɔn ntamadan adan nsɔe.

7Asotwe nna no reba,

akontaabu nna no adu;

ma Israel nhu eyi.

Esiane mo bɔne bebrebe

ne mo akokoakoko a adɔɔso nti

mofa no sɛ odiyifo yɛ kwasea,

na nea honhom akanyan no no yɛ ɔbɔdamfo.

8Odiyifo no ne me Nyankopɔn

yɛ Efraim so wɛmfo,

nanso wɔasum no afiri wɔ nʼakwan nyinaa so,

na ɔtan ahyɛ ne Nyankopɔn fi ma.

9Wɔadu porɔwee bun mu,

sɛnea na ɛte wɔ Gibea nna no mu.

Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimɔden

na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.

10“Bere a mihuu Israel no,

na ɛte sɛ nea mahu bobe wɔ nweatam so;

bere a mihuu mo agyanom no,

na ɛte sɛ nea mahu borɔdɔma aba a edi kan wɔ ne dua so.

Nanso bere a wɔbaa Baal-Peor nkyɛn no

wodwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no.

Wɔn ho yɛɛ nwini te sɛ ohoni a wɔdɔ no no ara.

11Efraim anuonyam betu akɔ sɛ anomaa,

nyinsɛn ne awo nni ne mu.

12Mpo sɛ wɔtetew mmofra a,

mɛma mmofra no awuwu wɔ wɔn nsa mu.

Wonnue,

sɛ miyi mʼani fi wɔn so a!

13Mahu Efraim te sɛ Tiro,

a ɛda baabi a eye.

Nanso Efraim de ne mma

bɛbrɛ okumfo no.”

14Fa ma wɔn, Awurade,

dɛn na wode bɛma wɔn?

Ma wɔn ɔyafunu a ɛpɔn

ne nufu a nufusu nni mu.

15“Wɔn atirimɔdensɛm nyinaa a wodii wɔ Gilgal nti,

mefaa wɔn ho tan wɔ hɔ.

Wɔn nnebɔne nti

mɛpam wɔn afi me fi.

Merennɔ wɔn bio;

efisɛ wɔn ntuanofo nyinaa yɛ atuatewfo.

16Efraim agyigya,

wɔn ntin akisa,

nti wɔnsow aba.

Sɛ wɔwo mma mpo a,

mekunkum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no.”

17Me Nyankopɔn bɛpo wɔn,

efisɛ, wɔanyɛ osetie amma no;

Wobekyinkyin aman no mu.