Hiob 19 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 19:1-29

Hiob Bua Bildad

1Na Hiob buae se,

2“Mobɛhyɛ me ɔyaw

na mode nsɛm abubu me akosi da bɛn?

3Mpɛn du ni a moasopa me;

mo ani nwu sɛ motow hyɛ me so.

4Sɛ ɛyɛ nokware sɛ mafom ɔkwan a,

me mfomso yɛ me nko ara asɛm.

5Sɛ ampa sɛ mobɛma mo ho so asen me

na mode mʼanimguase ayɛ adanse atia me a,

6ɛno de munhu sɛ Onyankopɔn ayɛ me bɔne

na ɔde ne tan atwa me ho ahyia.

7“Ɛwɔ mu, misu se, ‘Wɔafom me’ de, nanso obiara mmua me;

meteɛ mu pɛ mmoa, nanso atɛntrenee biara nni hɔ.

8Wasiw me kwan enti mintumi nsen;

ɔde sum aduru mʼakwan so.

9Wayi mʼanuonyam afi me so

na watu mʼahenkyɛw afi me ti so.

10Wasɛe me akwannuasa nyinaa so de awie me;

watu mʼanidaso ase te sɛ dua.

11Nʼabufuw huru tia me;

na wakan me afra nʼatamfo mu.

12Nʼakofo ba anibere so;

wosisi mpie de tia me

na wotwa me ntamadan ho hyia.

13“Wayi me nuabarimanom afi me ho;

na mʼamanifo atwe wɔn ho koraa.

14Mʼabusuafo kɔ;

na me nnamfonom werɛ afi me.

15Mʼahɔho ne me mmaawa bu me sɛ ɔhɔho;

mete sɛ ɔnanani ma wɔn.

16Mefrɛ me somfo, na ommua;

mpo, metew mʼano srɛ no.

17Me home bɔn me yere;

me ho afono mʼankasa nuabarimanom.

18Mpo, mmarimaa nkumaa bu me animtiaa;

sɛ mipue a wodi me ho fɛw.

19Me nnamfo ankasa nyinaa kyi me;

mʼadɔfo asɔre atia me.

20Maka were ne nnompe,

nea mede aguan nkutoo ne me se akyi nam.

21“Munhu me mmɔbɔ, me nnamfonom, munhu mmɔbɔ,

na Onyankopɔn nsa abɔ me.

22Adɛn nti na motaa me sɛnea Onyankopɔn yɛ no?

Na mommfa me honam yi saa ara?

23“Ao, sɛ anka wɔde me nsɛm bɛhyɛ nhoma mu,

anka wɔbɛkyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee so,

24anka wɔde dade pɛe bɛkyerɛw wɔ sumpii so,

anaa wobekuruakyerɛw wɔ ɔbotan so afebɔɔ!

25Minim sɛ me dimafo te ase,

na awiei no ɔbɛsɔre agyina asase so.

26Na wɔasɛe me were awie no,

mefi me were mu ahu Onyankopɔn.

27Me ara mehu no

mede mʼani, na ɛnyɛ obi foforo ani, behu no.

Sɛnea me koma ho pere wɔ me mu!

28“Sɛ moka se, ‘Yɛbɛteetee no,

efisɛ ɔhaw no fi ɔno ara a,’

29ɛsɛ sɛ mo ankasa musuro afoa no

na abufuw nam afoa so de asotwe bɛba,

na mubehu sɛ atemmu wɔ hɔ.”

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 19:1-29

Hiob Bua Bildad

1Na Hiob kasaa bio sɛ,

2“Mobɛhyɛ me aniɛyaa

na mode nsɛm abubu me akɔsi da bɛn?

3Mpɛn edu nie a moasopa me;

mo ani nwu sɛ moto hyɛ me so.

4Sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ mafom ɛkwan a,

me mfomsoɔ yɛ me nko ara asɛm.

5Sɛ ampa sɛ mobɛma mo ho so wɔ me so

na mode mʼanimguaseɛ ayɛ adanseɛ atia me a,

6ɛnneɛ monhunu sɛ Onyankopɔn ayɛ me bɔne

na ɔde nʼatena atwa me ho ahyia.

7“Ɛwom sɛ mesu sɛ, ‘Wɔafom me’ deɛ, nanso obiara mmua me;

meteam pɛ mmoa, nanso atɛntenenee biara nni hɔ.

8Wasi me ɛkwan enti mentumi mensene;

wama mʼakwan so aduru sum.

9Wayi mʼanimuonyam afiri me so

na watu mʼahenkyɛ afiri me ti so.

10Wasɛe me akwannuasa nyinaa so de awie me;

watu mʼanidasoɔ ase te sɛ dua.

11Nʼabufuo huru tia me;

na wakan me afra nʼatamfoɔ mu.

12Nʼakodɔm ba anibereɛ so;

wɔsisi mpie de tia me

na wɔtwa me ntomadan ho hyia.

13“Wayi me nuammarima afiri me ho;

na mʼamanifoɔ nso, watwe wɔn ho koraa.

14Mʼabusuafoɔ kɔ;

na me nnamfonom werɛ afiri me.

15Mʼahɔhoɔ ne me mmaawa bu me sɛ ɔhɔhoɔ;

mete sɛ ɔnanani ma wɔn.

16Mefrɛ me ɔsomfoɔ, na ɔmmua;

mpo, mete mʼano srɛ no.

17Me home bɔn me yere;

me ho afono mʼankasa nuammarima.

18Mpo, mmarimmaa nkumaa bu me animtiaa;

sɛ mepue a wɔdi me ho fɛw.

19Me nnamfo berɛboɔ kyiri me;

mʼadɔfoɔ asɔre atia me.

20Maka honam ne nnompe,

na ɛkaa kakraa bi, anka merewu.

21“Monhunu me mmɔbɔ, me nnamfonom, monhunu mmɔbɔ,

na Onyankopɔn nsa abɔ me.

22Adɛn enti na motaa me so, sɛdeɛ Onyankopɔn yɛ no?

Na mommfa me honam mu yea yi saa ara?

23“Ao, anka wɔmfa me nsɛm nhyɛ nwoma mu,

anka wɔntwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ so,

24anka wɔmfa dadeɛ twerɛdua nyiyi wɔ sumpii so,

anaa wɔnkrukyire wɔ abotan so afebɔɔ.

25Menim sɛ me odimafoɔ te ase,

na awieeɛ no ɔbɛsɔre agyina asase so.

26Na sɛ me wedeɛ wie sɛe a,

mede mʼani bɛhunu Onyankopɔn.

27Me ara mɛhunu no

mede mʼani, na ɛnyɛ obi foforɔ ani, bɛhunu no.

Mʼakoma ho pere no wɔ me mu.

28“Sɛ moka sɛ, ‘Yɛbɛteetee no,

ɛfiri sɛ ɔhaw no firi ɔno ara’ a,

29ɛsɛ sɛ mosuro akofena no.

Abufuo nam akofena so de asotwe bɛba,

na mobɛhunu sɛ atemmuo wɔ hɔ.”