Hiob 1 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 1:1-22

1Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Us1.1 Us yɛ ɔman bi a na ɛda Yordan apuei fam. Na Hiob nyɛ Israelni. asase so a na ne din de Hiob. Na ne ho nni asɛm na ɔyɛ pɛ; na osuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho fi bɔne ho. 2Na ɔwɔ mmabarima baason ne mmabea baasa, 3na ɔwɔ nguan mpem ason, yoma mpem abiɛsa, anantwi mpamho ahannum ne mfurumbere ahannum, na ɔwɔ asomfo bebree. Na ɔyɛ onipa kɛse pa ara wɔ nnipa a wɔwɔ Apuei fam nyinaa no mu.

4Na ne mmabarima no to pon nnidiso nnidiso wɔ wɔn afi mu, na wɔto nsa frɛ wɔn nuabeanom baasa no ne wɔn bɔ mu didi, nom. 5Sɛ aponto nna no twa mu a, Hiob soma kɔfrɛ wɔn na wodwira wɔn ho. Ɔsɔre anɔpahema bɔ ɔhyew afɔre ma wɔn mu biara, efisɛ na osusuw sɛ, “Ebia na me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔ wɔn koma mu.” Eyi yɛ dwuma a na Hiob di no bere ano bere ano.

Hiob Sɔhwɛ A Edi Kan

6Da bi, abɔfo no de wɔn ho bɛkyerɛɛ Awurade, na Satan kaa wɔn ho bae. 7Awurade bisaa Satan se, “Wufi he na wobaa ha?”

Satan buaa Awurade se, “Mifi asase so akyinkyinakyinkyin ne emu akɔneabadi mu.”

8Na Awurade bisaa Satan se, “Woadwene me somfo Hiob ho ana? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔteɛ, ɔyɛ onipa a osuro Onyankopɔn na okyi bɔne.”

9Satan buaa Awurade se, “Hiob suro Onyankopɔn kwa ana? 10Wunnyee ban mfaa ɔno, ne fie ne biribiara a ɔwɔ ho ana? Woahyira ne nsa ano adwuma so, enti ne nguan ne nʼanantwi ase atrɛw asase no so. 11Na wo de, teɛ wo nsa na sɛe nea ɔwɔ nyinaa, na obegyina wʼanim na wadome wo.”

12Awurade ka kyerɛɛ Satan se, “Eye, nea ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, nanso ɔno ankasa de, mfa wo nsateaa nka no.”

Na Satan fii Awurade anim kɔe.

13Da bi a Hiob mmabarima ne ne mmabea redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panyin fi no, 14ɔbɔfo bi baa Hiob hɔ bɛkae se, “Anantwi no refuntum na mfurum no redidi wɔ wɔn nkyɛn no, 15Sabiafo1.15 Na Sabiafo yɛ atubrafo a na wɔte Arabia anafo fam. bɛtow hyɛɛ yɛn so, sesaw wɔn kɔe. Wɔde afoa kunkum apaafo no, na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo saa amanneɛ yi.”

16Bere a ogu so rekasa no, ɔbɔfo foforo bi ba bɛkae se, “Onyankopɔn gya fi soro abɛhyew wo nguan ne wo nguanhwɛfo no nyinaa, na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo amanneɛ yi.”

17Ogu so rekasa no, ɔbɔfo foforo bi bɛkae se, “Kaldeafo1.17 Na Kaldeafo yɛ atubrafo a wɔte sare a ɛwɔ Mesopotamia so. Wɔn ara na wɔbɛtenaa Babilonia yɛɛ no ahemman. de akorɔmfo akuw abiɛsa baa wo yoma so bɛsoaa wɔn kɔe. Wɔde afoa kunkum asomfo no na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo amanneɛ yi.”

18Bere a ogu so rekasa no, ɔbɔfo foforo bi ba bɛkae se, “Na wo mmabarima ne wo mmabea redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panyin fi, 19na prɛko pɛ, ahum bi bɔ fii sare no so bedwiraa ofi no ntwea anan no. Ofi no dwiriw guu wɔn so na akunkum wɔn, na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo amanneɛ yi.”

20Eyi maa Hiob sɔre gyinaa hɔ, sunsuan nʼatade mu na oyii ne tinwi. Afei ɔtenaa fam sɔree Awurade 21kae se,

“Adagyaw na mede fi me na yam bae,

na adagyaw na mede bɛsan akɔ.

Awurade de mae, na Awurade afa;

nhyira nka Awurade din!”

22Eyi nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn sobo.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约伯记 1:1-22

约伯的敬虔

1乌斯有一个人名叫约伯,他纯全正直,敬畏上帝,远离罪恶。 2他有七子三女、 3七千只羊、三千只骆驼、五百对牛、五百头母驴及许多仆婢。他在东方人中最富有。 4约伯的儿子们经常轮流在自己家里设宴,派人邀请他们的三个姊妹来一起吃喝。 5宴会的日子结束后,约伯便派人召来他的儿女,为他们行洁净礼。他清早起来,为他们每个人献上燔祭,因为他想:“也许我的孩子们犯了罪,心中亵渎了上帝。”约伯常常这样做。

撒旦控告约伯

6有一天,众天使1:6 众天使”希伯来文是“上帝的众子”,2:138:7同。来朝见耶和华,撒旦也在他们当中。 7耶和华问撒旦:“你从哪里来?”撒旦答道:“我在地上到处游走。” 8耶和华问撒旦:“你注意到我的仆人约伯了吗?世上没有人像他那样纯全正直,敬畏我,远离罪恶。” 9撒旦说:“约伯敬畏你难道无缘无故吗? 10你岂不是像篱笆一样四面保护他及其全家和一切产业吗?你使他事事蒙福,牛羊遍地。 11倘若你伸手毁坏他拥有的一切,他必当面亵渎你。” 12耶和华对撒旦说:“好吧,他的一切都在你手中,但不可伤害他。”撒旦便从耶和华面前退去。

约伯失去所有

13有一天,约伯的儿女正在长兄家吃喝, 14有报信的人来对约伯说:“牛正在耕田、驴正在旁边吃草的时候, 15示巴人忽然来袭,抢走了牲口,用刀杀了你的仆人,只有我一人逃脱来向你报信。” 16话音未落,又有人来报信说:“上帝的火从天而降,烧死了羊群和牧人,只有我一人逃脱来向你报信。” 17话音未落,又有人来报信说:“迦勒底人分三队来袭,抢走了骆驼,用刀杀了你的仆人,只有我一人逃脱来向你报信。” 18话音未落,又有人来报信说:“你的儿女正在长兄家吃喝的时候, 19忽然从旷野刮来一阵狂风,摧毁了房子四角,房子倒塌,压死了屋里所有的人,只有我一人逃脱来向你报信。”

20约伯站起来,撕裂外袍,剃掉头发,俯伏在地上敬拜, 21说:“我从母腹赤身而来,也必赤身而去。赏赐的是耶和华,收回的也是耶和华。耶和华的名当受称颂!” 22约伯遭此不幸,仍没有犯罪,也没有埋怨上帝。