Asase No Mu Kyekyɛ
1“Mmusuakuw no din na edidi so yi:
“Dan benya kyɛfa baako wɔ atifi hye so hɔ; ɛbɛfa Hetlon kwan so akɔ Lebo Hamat, Hasar-Enan ne Damasko atifi fam hye a edi Hamat so no bɛyɛ ɔhye a efi apuei fam kɔ atɔe fam no fa bi.
2Aser benya kyɛfa baako; ɛne Dan kyɛfa no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
3Naftali benya kyɛfa baako; ɛne Aser kyɛfa no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
4Manase benya kyɛfa baako; ɛne Naftali kyɛfa no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
5Efraim benya kyɛfa baako; ɛne Manase asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
6Ruben benya kyɛfa baako; ɛne Efraim asase bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
7Yuda benya kyɛfa baako; ɛne Ruben asase bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
8“Yuda nsase no hye a efi apuei kosi atɔe no so na kyɛfa a wode bɛma sɛ akyɛde sononko no bedi. Ne trɛw bɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum. Na ne tenten, efi apuei kosi atɔe no ne mmusuakuw no kyɛfa baako bɛyɛ pɛ, na kronkronbea no bɛwɔ mfimfini.
9“Kyɛfa sononko a wode bɛma Awurade no tenten bɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500). Na ne trɛw ayɛ anammɔn mpem dunum (15,000). 10Eyi bɛyɛ kyɛfa kronkron ama asɔfo no. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) ne tenten mu wɔ atifi fam, na ayɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ atɔe fam. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ apuei fam, na anafo fam nso ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500). Ne mfimfini bɛyɛ Awurade kronkronbea. 11Eyi bɛyɛ Sadokfo asɔfo a wɔayɛ wɔn kronkron no de, wɔn a wodii me nokware som me na wɔannan amfi me nkyɛn sɛnea Lewifo yɛe, bere a Israelfo dan fii me nkyɛn no. 12Ɛbɛyɛ akyɛde sononko a efi asase no kyɛfa a ɛyɛ kronkron no mu ama wɔn, kyɛfa kronkron mu kronkron a ɛne Lewifo asase no bɔ hye.
13“Asɔfo no asase nkyɛn mu no, Lewifo no benya kyɛfa a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500), na ne trɛw yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ne tenten nyinaa bɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500), na ne trɛw nyinaa nso asi anammɔn mpem dunum (15,000). 14Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaasɛ wɔde mu fa biara sesa biribi. Asase no mu nea ɛyɛ papa ni na ɛnsɛ sɛ ɛkɔ obi foforo nsam, efisɛ ɛyɛ kronkron ma Awurade.
15“Asase a aka a ne trɛw yɛ anammɔn mpem ason ne ahannum (7,500) na ne tenten nso yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) no bɛda hɔ ama kuropɔn no mufo. Wobesisi adan wɔ so na wɔde bi nso ayɛ mmoa adidibea. Kuropɔn no bɛda ne mfimfini 16na ne kɛse bɛyɛ anammɔn mpem asia ahanson aduonum (6,750) wɔ atifi fam, anafo fam, apuei fam ne atɔe fam. 17Kuropɔn yi mmoa adidibea no kɛse bɛyɛ anammɔn ahaasa aduɔson anum (375) wɔ nʼafanan biara. 18Asase a aka a ɛda kyɛfa kronkron no ho wɔ ne tenten mu no bɛyɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ nʼapuei fam ne nʼatɔe fam. So nnɔbae no na kuropɔn no mu adwumayɛfo bedi. 19Kuropɔn no mu adwumayɛfo a wɔyɛ asase no so kua no bɛyɛ wɔn a wofi Israel mmusuakuw nyinaa no mu. 20Asase no nyinaa bɛyɛ ahinanan a ne fa biara susuw anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500). Wubeyi kyɛfa kronkron no ne kuropɔn no asase asi nkyɛn sɛ akyɛde sononko.
21“Asase a aka a ɛdeda kyɛfa kronkron ne kuropɔn no asase ho no bɛyɛ ɔhene no dea. Efi apuei fam a esusuw anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) no, asase no bɛtrɛw akosi apuei fam hye so, na atɔe fam nso, ɛbɛtrɛw akosi atɔe fam hye so. Nsase abien a ɛne mmusuakuw asase no sa so no bɛyɛ ɔhene no dea, na kyɛfa kronkron a asɔredan no kronkronbea ka ho no bɛwɔ wɔn mfimfini. 22Ɛno nti Lewifo no asase ne kuropɔn no asase bɛda ɔhene asase no mfimfini. Ɔhene no asase no bɛda Yuda ne Benyamin ahye no ntam.
23“Mmusuakuw a aka no,
“Benyamin benya kyɛfa baako; ebefi apuei fam akɔ atɔe fam.
24Simeon benya kyɛfa baako, ɛne Benyamin asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam.
25Isakar benya kyɛfa baako; ɛne Simeon asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam.
26Sebulon benya kyɛfa baako; ɛne Isakar asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam.
27Gad benya kyɛfa baako; ɛne Sebulon asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam.
28Gad kyɛfa no hye a ɛda anafo fam no bɛkɔ anafo fam afi Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, ɛbɛfa Misraim asuwa akosi Po Kɛse no.
29“Eyi ne asase a wobɛkyekyɛ ama Israel mmusuakuw no sɛ agyapade, na eyinom bɛyɛ wɔn kyɛfa,” Otumfo Awurade asɛm ni.
Kuropɔn No Apon
30“Eyinom ne apon a wɔbɛfa mu apue afi kuropɔn no mu:
“Efi ase wɔ atifi fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson ne aduonum (6,750) no, 31wɔde Israel mmusuakuw dumien no din bɛtoto kuropɔn apon no. Apon abiɛsa a ɛwɔ atifi fam no bɛyɛ: Ruben pon, Yuda pon ne Lewi pon.
32Apuei fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson ne aduonum (6,750) no, wɔde apon abiɛsa bɛtoto Yosef, Benyamin ne Dan.
33Anafo fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson aduonum (6,750) no, wɔde apon abiɛsa no bɛtoto Simeon, Isakar ne Sebulon.
34Atɔe fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson aduonum (6,750) no, wɔde apon abiɛsa no bɛtoto Gad, Aser ne Naftali.
35“Ɔkwan a etwa kuropɔn no nyinaa ho hyia no tenten yɛ anammɔn mpem aduonu ason (27,000).
“Na efi saa da no, wɔbɛfrɛ kuropɔn no se, ‘Awurade Wɔ Hɔ.’ ”
A Divisão da Terra
1“Estas são as tribos, relacionadas nominalmente:
“na fronteira norte, Dã terá uma porção; ela seguirá a estrada de Hetlom até Lebo-Hamate; Hazar-Enã e a fronteira norte, vizinha a Damasco, próxima de Hamate farão parte dos seus limites, desde o lado leste até o lado oeste.
2Aser terá uma porção; esta margeará o território de Dã do leste ao oeste.
3Naftali terá uma porção; esta margeará o território de Aser do leste ao oeste.
4Manassés terá uma porção; esta margeará o território de Naftali do leste ao oeste.
5Efraim terá uma porção; esta margeará o território de Manassés do leste ao oeste.
6Rúben terá uma porção; esta margeará o território de Efraim do leste ao oeste.
7Judá terá uma porção; esta margeará o território de Rúben do leste ao oeste.
8“Margeando o território de Judá do leste ao oeste, estará a porção que vocês apresentarão como dádiva sagrada. Terá doze quilômetros e meio48.8 Hebraico: 25.000 côvados. O côvado longo era uma medida linear de cerca de meio metro. de largura, e o seu comprimento, do leste ao oeste, equivalerá a uma das porções tribais; o santuário estará no centro dela.
9“A porção sagrada que vocês devem oferecer ao Senhor terá doze quilômetros e meio de comprimento e cinco quilômetros de largura. 10Esta será a porção sagrada para os sacerdotes. Terá doze quilômetros e meio de comprimento no lado norte, cinco quilômetros de largura no lado ocidental, cinco quilômetros de largura no lado oriental e doze quilômetros e meio de comprimento no lado sul. No centro dela estará o santuário do Senhor. 11Pertencerá aos sacerdotes consagrados, os zadoquitas, que foram fiéis em me servir e não se desviaram como fizeram os levitas quando os israelitas se desviaram. 12Será um presente especial para eles da porção sagrada da terra, uma porção santíssima, margeando o território dos levitas.
13“Ao longo do território dos sacerdotes, os levitas terão uma área de doze quilômetros e meio de comprimento e cinco quilômetros de largura. Seu comprimento total medirá doze quilômetros e meio, e sua largura cinco quilômetros. 14Eles não a venderão nem trocarão parte alguma dela. Essa área é a melhor de todo o território, e não poderá passar para outras mãos, porque é santa para o Senhor.
15“A área restante, dois quilômetros e meio de largura e doze quilômetros e meio de comprimento, será para o uso comum da cidade, para casas e para pastagens. A cidade será o centro dela 16e terá estas medidas: o lado norte, dois mil e duzentos e cinquenta metros, o lado sul, dois mil e duzentos e cinquenta metros, o lado leste, dois mil e duzentos e cinquenta metros e o lado oeste, dois mil e duzentos e cinquenta metros. 17A cidade terá uma área livre de cento e vinte e cinco metros ao norte, cento e vinte e cinco metros ao sul, cento e vinte e cinco metros a leste e cento e vinte e cinco metros a oeste, que servirá para pasto. 18O restante da área, ao longo da porção sagrada, será de cinco quilômetros no lado leste e cinco quilômetros no lado oeste. Suas colheitas fornecerão comida para os trabalhadores da cidade. 19Estes poderão vir de todas as tribos de Israel. 20A porção toda, incluindo a cidade, será um quadrado, com doze quilômetros e meio de cada lado. É uma dádiva sagrada, que como tal vocês reservarão.
21“As terras que restarem em ambos os lados da área formada pela porção sagrada e pela cidade pertencerão ao príncipe. Elas se estenderão para o leste a partir dos doze quilômetros e meio da porção sagrada até a fronteira leste, e para o oeste a partir dos doze quilômetros e meio até a fronteira oeste. Essas duas áreas, paralelas ao comprimento das porções das tribos, pertencerão ao príncipe, e a porção sagrada, inclusive o santuário do templo, estará no centro delas. 22Assim a propriedade dos levitas e a propriedade da cidade estarão no centro da área que pertence ao príncipe. A área pertencente ao príncipe estará entre a fronteira de Judá e a fronteira de Benjamim.
23“Quanto ao restante das tribos:
“Benjamim terá uma porção; esta se estenderá do lado leste ao lado oeste.
24Simeão terá uma porção; esta margeará o território de Benjamim do leste ao oeste.
25Issacar terá uma porção; esta margeará o território de Simeão do leste ao oeste.
26Zebulom terá uma porção; esta margeará o território de Issacar do leste ao oeste.
27Gade terá uma porção; esta margeará o território de Zebulom do leste ao oeste.
28A fronteira sul de Gade vai desde Tamar, no sul, até as águas de Meribá-Cades, e depois ao longo do ribeiro do Egito até o mar Grande.
29“Esta é a terra que vocês distribuirão às tribos de Israel como herança, e serão essas as suas porções. Palavra do Soberano, o Senhor.
As Portas da Cidade
30“Estas serão as saídas da cidade:
“Começando pelo lado norte, que tem dois mil e duzentos e cinquenta metros de comprimento, 31as portas da cidade receberão os nomes das tribos de Israel. As três portas do lado norte serão a porta de Rúben, a porta de Judá e a porta de Levi.
32No lado leste, que tem dois mil e duzentos e cinquenta metros de comprimento, haverá três portas: a de José, a de Benjamim e a de Dã.
33No lado sul, que tem dois mil e duzentos e cinquenta metros de comprimento, haverá três portas: a de Simeão, a de Issacar e a de Zebulom.
34No lado oeste, que tem dois mil e duzentos e cinquenta metros de comprimento, haverá três portas: a porta de Gade, a de Aser e a de Naftali.
35“A distância total ao redor será de nove quilômetros.
“E, daquele momento em diante, o nome da cidade será, ‘O Senhor está aqui’ ”.