Atemmufo 8 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Atemmufo 8:1-35

Gideon Kum Seba Ne Salmunna

1Afei, Efraimfo no bisaa Gideon se, “Adɛn nti na woyɛ yɛn saa? Adɛn nti na worekɔko atia Midian kan no, woamfrɛ yɛn?” Na wɔne Gideon kasaa anibere so.

2Na Gideon buaa wɔn se, “Dɛn na mayɛ a mede bɛtoto mo ho? Na Efraim bobe aba a ɛka wɔ twabere akyi no nye nsen Abieser bobe a wɔtewee nyinaa? 3Onyankopɔn maa mudii Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene no so. Dɛn na matumi ayɛ a ɛsɛ eyi?” Efraim mmarima no tee Gideon mmuae no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam.

4Gideon ne ne mmarima ahaasa no twaa Asubɔnten Yordan, ɛwɔ mu sɛ na wɔabrɛ de, nanso wɔtoaa so taa atamfo no. 5Woduu Sukot no, Gideon ka kyerɛɛ ntuanofo a wɔwɔ hɔ no se, “Momma mʼakofo no aduan nni na wɔabrɛ. Meretaa Midian ahemfo Seba ne Salmuna.”

6Na Sukot ntuanofo no buae se, “Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofo no aduan adi.”

7Gideon buae se, “Sɛ Awurade ma midi Seba ne Salmuna so nkonim a, mɛsan aba de sare so nsɔe ne akraate abesunsuan mo honam ani.”

8Na Gideon fii hɔ kɔɔ Penuel8.8 Penuel yɛ baabi a Yakob ne Onyankopɔn peree so no. kɔsrɛɛ aduan bio, na onyaa mmuae koro no ara. 9Na ɔka kyerɛɛ Penuelfo no se, “Sɛ mifi nkonimdi mu ba a, mebubu saa abantenten yi.”

10Saa bere yi na Seba ne Salmuna ne akofo mpem dunum wɔ Karkor, aboafo a wofi apuei fam a na emu mpem ɔha aduonu atotɔ dedaw no nkaefo. 11Gideon faa atutenafo kwan a ɛda Noba ne Yogbeha apuei fam no ho hyiae, na wɔtow hyɛɛ Midian nsraadɔm a na wɔn ani nna wɔn ho so no so. 12Midian ahemfo baanu a wɔn din de Seba ne Salmuna no guanee, nanso Gideon taa wɔn faa wɔn akofo nyinaa nnommum.

13Eyi akyi no, Yoas ba Gideon faa Heres tempɔn so sanee. 14Ɛhɔ na ɔkyeree aberante bi a ofi Sukot. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkyerɛw nnipa aduɔson ason a wɔyɛ sodifo ne ntuanofo a wɔwɔ kurow no mu no din mma no. 15Afei, Gideon san kɔɔ Sukot kɔka kyerɛɛ ɛhɔ ntuanofo no se, “Seba ne Salmuna ni. Yɛbaa ha no mudii me ho fɛw, kae se, ‘Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofo a wɔabrɛ no aduan adi.’ ” 16Afei Gideon faa kurow no mu ntuanofo kyerɛɛ wɔn nyansa. Ɔde sare so nsɔe ne akraate twee wɔn aso. 17Ɔsan dwiriw Penuel abantenten no guu fam, kunkum kurow no mu mmarima nyinaa.

18Afei, obisaa Seba ne Salmuna se, “Mmarima a mukum wɔn wɔ Tabor no na wɔte dɛn?”

Wobuae se, “Mmarima no te sɛ wo. Na wɔn mu biara te sɛ ɔheneba.”

19Gideon ka kyerɛɛ wɔn se, “Na wɔyɛ me nuanom. Sɛ Awurade te ase yi, sɛ moankum wɔn a, anka me nso merenkum mo.”

20Ɔdan nʼani kyerɛɛ ne babarima panyin Yeter se, “Kum wɔn.” Nanso Yeter antwe nʼafoa, efisɛ na ɔyɛ abarimaa nti na osuro.

21Seba ne Salmuna ka kyerɛɛ Gideon se, “Mma abarimaa nyɛ ɔpanyin adwuma! Wʼankasa yɛ!” Enti Gideon kum wɔn baanu, faa adehye agude a ɛsensɛn wɔn yoma kɔn mu no.

Gideon Asɔfotade Kronkron No

22Na Israelfo no ka kyerɛɛ Gideon se, “Di yɛn so hene. Wo ne wo babarima ne wo nena bɛyɛ yɛn ahemfo, efisɛ woagye yɛn afi Midianfo nsam.”

23Nanso Gideon buae se, “Merenni mo so hene na me babarima nso renni mo so hene. Awurade na obedi mo so.” 24Mmom Gideon ka kyerɛɛ wɔn se, mewɔ abisade baako. “Mo mu biara mma me asokaa baako a mofa fii asade a munya fii mo atamfo a mudii wɔn so no nkyɛn.” (Atamfo a na wɔyɛ Ismaelfo no na obiara hyɛ sikakɔkɔɔ asokaa).

25Wobuaa se, “Yɛpene so dodo.” Wɔde nkataho sɛw fam. Na obiara de ne sikakɔkɔɔ asokaa a onyae beguu so. 26Na sikakɔkɔɔ asokaa dodow a wonyae no karii kilogram aduonu ne akyi pɔw anan a nyanne nketewa ne kɔnmuade, Midian ahemfo adehye ahyehyɛde ne nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu wɔn yoma kɔn mu nka ho. 27Gideon de yɛɛ asɔfotade kronkron na ɔde sii kurow Ofra, ne kurow mu. Nanso ankyɛ na Israelfo no kɔsom no de guu wɔn ho fi na ɛdan afiri maa Gideon ne ne fifo.

28Eyi ne abasɛm a ɛkyerɛ sɛnea Israelfo dii Midianfo so nkonim a wɔantumi ansɔre bio. Gideon nna a etwa to bɛyɛ mfe aduanan mu no, na asomdwoe wɔ asase no so.

29Afei, Yoas babarima Yerub-Baal san kɔɔ ne kurom. 30Na ɔwɔ yerenom bebree nti ɔwoo mmabarima aduɔson. 31Na ɔwɔ mpena nso wɔ Sekem a ɔne no woo ɔbabarima, too ne din Abimelek. 32Gideon wui no na wanyin yiye. Na wosiee no wɔ nʼagya Yoas da mu wɔ Ofra wɔ Abieserfo abusuasase so.

33Gideon wui ara pɛ, Israelfo no kɔsom Baal ahoni, de bɔɔ wɔn ho ahohwi. Wɔnam so yɛɛ Baal-Berit8.33 Baal-Berit yɛ onyame bi a na nʼasɔredan si Sekem. wɔn nyame. 34Wɔn werɛ fii Awurade, wɔn Nyankopɔn a ogyee wɔn fii wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam no. 35Na mpo, wɔanni nokware ankyerɛ Yerub-Baal (a ɔne Gideon) fifo wɔ nneɛma pa a ɔyɛ maa Israelfo no ho.

Asante Twi Contemporary Bible

Atemmufoɔ 8:1-35

Gideon Kum Seba Ne Salmunna

1Afei, Efraimfoɔ no bisaa Gideon sɛ, “Adɛn enti na woyɛ yɛn saa? Adɛn enti na worekɔko atia Midian kane no, woamfrɛ yɛn?” Na wɔne Gideon kasaa anibereɛ so.

2Na Gideon buaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ a mede bɛtoto mo ho? Na Efraim bobe aba a ɛka wɔ twaberɛ akyi no nyɛ nsene Abieser bobe a wɔnteeɛ nyinaa? 3Onyankopɔn ma modii Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene no so. Ɛdeɛn na matumi ayɛ a ɛsɛ yei?” Efraim mmarima no tee Gideon mmuaeɛ no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam.

4Gideon ne ne mmarima ahasa no twaa Asubɔnten Yordan, ɛwom sɛ na wɔabrɛ deɛ, nanso wɔtoaa so taa atamfoɔ no. 5Wɔduruu Sukot no, Gideon ka kyerɛɛ ntuanofoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ, “Momma mʼakofoɔ no aduane nni na wɔabrɛ. Meretaa Midian ahemfo Seba ne Salmuna.”

6Na Sukot ntuanofoɔ no buaa sɛ, “Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofoɔ no aduane adi.”

7Gideon buaa sɛ, “Sɛ Awurade ma medi Seba ne Salmuna so nkonim a, mɛsane aba de ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ abɛsunsuane mo honam ani.”

8Na Gideon firii hɔ kɔɔ Penuel8.8 Penuel yɛ baabi a Yakob ne Onyankopɔn peree so no. kɔsrɛɛ aduane bio, na ɔnyaa mmuaeɛ korɔ no ara. 9Na ɔka kyerɛɛ Penuelfoɔ no sɛ, “Sɛ mefiri nkonimdie mu ba a, mɛbubu saa abantenten yi.”

10Saa ɛberɛ yi na Seba ne Salmuna ne akofoɔ mpem dunum wɔ Karkor, aboafoɔ a wɔfiri apueeɛ fam a na emu ɔpeha aduonu atotɔ dada no nkaeɛfoɔ. 11Gideon faa atutenafoɔ ɛkwan a ɛda Noba ne Yogbeha apueeɛ fam no ho hyiaeɛ, na wɔto hyɛɛ Midian akodɔm a na wɔn ani nna wɔn ho soɔ no so. 12Midian ahemfo baanu a wɔn din de Seba ne Salmuna no dwaneeɛ, nanso Gideon taa wɔn faa wɔn akofoɔ nyinaa nnommum.

13Yei akyi no, Yoas ba Gideon faa Heres kwantempɔn so saneeɛ. 14Ɛhɔ na ɔkyeree aberanteɛ bi a ɔfiri Sukot. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔntwerɛ nnipa aduɔson nson a wɔyɛ sodifoɔ ne ntuanofoɔ a wɔwɔ kuro no mu no din mma no. 15Afei, Gideon sane kɔɔ Sukot kɔka kyerɛɛ ɛhɔ ntuanofoɔ no sɛ, “Seba ne Salmuna nie. Yɛbaa ha no modii me ho fɛ, kaa sɛ, ‘Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofoɔ a wɔabrɛ no aduane adi.’ ” 16Afei Gideon faa kuro no mu ntuanofoɔ kyerɛɛ wɔn nyansa. Ɔde ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ twee wɔn aso. 17Ɔsane dwirii Penuel abantenten no guu fam, kunkumm kuro no mu mmarima nyinaa.

18Afei, ɔbisaa Seba ne Salmuna sɛ, “Mmarima a mokumm wɔn wɔ Tabor no, na wɔte sɛn?”

Wɔbuaa sɛ, “Mmarima no te sɛ wo. Na wɔn mu biara te sɛ ɔheneba.”

19Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Na wɔyɛ me nuanom. Sɛ Awurade te ase yi, sɛ moankum wɔn a, anka me nso merenkum mo.”

20Ɔdanee nʼani kyerɛɛ ne babarima panin Yeter sɛ, “Ku wɔn.” Nanso Yeter antwe nʼakofena, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ abarimaa enti na ɔsuro.

21Seba ne Salmuna ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Mma abarimaa nyɛ ɔpanin adwuma! Wo ankasa yɛ!” Enti, Gideon kumm wɔn baanu, faa adehyeɛ agudeɛ a ɛsensɛn wɔn yoma kɔn mu no.

Gideon Asɔfotadeɛ Kronkron No

22Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Di yɛn so ɔhene. Wo ne wo babarima ne wo nana bɛyɛ yɛn ahemfo, ɛfiri sɛ, woagye yɛn afiri Midianfoɔ nsam.”

23Nanso, Gideon buaa sɛ, “Merenni mo so ɔhene na me babarima nso renni mo so ɔhene. Awurade na ɔbɛdi mo so.” 24Mmom Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ, mewɔ adebisa baako. “Mo mu biara mma me asomuadeɛ baako a mofa firii asadeɛ a monya firii mo atamfoɔ a modii wɔn so no nkyɛn.” (Atamfoɔ a na wɔyɛ Ismaelfoɔ no na obiara hyɛ sikakɔkɔɔ asomuadeɛ).

25Wɔbuaa sɛ, “Yɛpene so dodo.” Wɔde akatasoɔ sɛɛ fam. Na obiara de ne sikakɔkɔɔ asomuadeɛ a ɔnyaeɛ bɛguu so. 26Na sikakɔkɔɔ asomuadeɛ dodoɔ a wɔnyaeɛ no karii kilogram aduonu a asrane nketewa ne kɔnmuadeɛ, Midian ahemfo adehyeɛ ahyehyɛdeɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu wɔn yoma kɔn mu nka ho. 27Gideon de yɛɛ asɔfotadeɛ kronkron na ɔde sii kuro Ofra, ne kurom, mu. Nanso, ankyɛre na Israelfoɔ no kɔsom no de guu wɔn ho fi na ɛdanee afidie maa Gideon ne ne fiefoɔ.

28Yei ne abasɛm a ɛkyerɛ sɛdeɛ Israelfoɔ dii Midianfoɔ so nkonim a wantumi ansɔre bio. Gideon nna a ɛtwa toɔ bɛyɛ mfeɛ aduanan mu no, na asomdwoeɛ wɔ asase no so.

29Afei, Yoas babarima Yerub-Baal sane kɔɔ ne kurom. 30Na ɔwɔ yerenom bebree enti ɔwoo mmammarima aduɔson. 31Na ɔwɔ mpena nso wɔ Sekem a ɔne no woo ɔbabarima, too ne din Abimelek. 32Gideon wuiɛ no na wanyini yie. Na wɔsiee no wɔ nʼagya Yoas damena mu wɔ Ofra wɔ Abieserfoɔ abusuasase so.

33Gideon wuiɛ ara pɛ, Israelfoɔ no kɔsom Baal ahoni, de bɔɔ wɔn ho ahohwi. Wɔnam so yɛɛ Baal-Berit8.33 Baal-Berit yɛ onyame bi a na nʼasɔredan si Sekem. wɔn nyame. 34Wɔn werɛ firii Awurade, wɔn Onyankopɔn a ɔgyee wɔn firii wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam no. 35Na mpo, wɔanni nokorɛ ankyerɛ Yerub-Baal (a ɔne Gideon) fiefoɔ wɔ nneɛma pa a ɔyɛ maa Israelfoɔ no ho.