Amos 1 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Amos 1:1-15

1Amos, Tekoa nguanhwɛfo no mu baako nsɛm ni. Onyaa saa anisoadehu yi a ɛfa Israel ho mfe abien ansa na asase wosowee, bere a Usia di hene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di hene wɔ Israel no.

2Ɔkae se,

Awurade bobɔ mu fi Sion bepɔw so

na ɔde aprannaa nnyigyei nso fi Yerusalem;

nguanhwɛfo mmoa adidibea rehyew

na Karmel atifi nso kisa.”

Atemmu A Ɛfa Amanamanmufo Ahorow Ho

3Nea Awurade se ni:

“Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so

ɛno nti, merennan mʼabufuw.

Efisɛ ɔde awiporowbea ade a ɛwɔ dade se

dwerɛw Gilead.

4Mede ogya bɛto Hasael fi

na ahyew Ben-Hadad aban no.

5Mebubu Damasko apon,

na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bon no mu no

ne nea okura ahempema wɔ Bet Eden no.

Na Aramfo bɛkɔ nnommum mu wɔ Kir,”

sɛnea Awurade se ni.

6Nea Awurade se ni:

“Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

ɛno nti, merennan mʼabufuw no.

Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum

na ɔtɔn wɔn maa Edomfo.

7Mede ogya bɛto Gasa afasu mu,

na ahyew nʼaban no.

8Mɛsɛe Asdod hene no

ne nea okura ahempema wɔ Askelon no.

Mɛdan me nsa atia Ekron,

kosi sɛ Filistini a otwa to no bewu,”

sɛnea Asafo Awurade se ni.

9Nea Awurade se ni:

“Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

ɛno nti, merennan mʼabufuw.

Ɔfaa ɔmanmu no nnommum

na ɔtɔn wɔn maa Edomfo,

a wankae onuadɔ apam.

10Mede ogya bɛto Tiro afasu no mu,

na ahyew nʼaban.”

11Nea Awurade se ni:

“Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

ɛno nti, merennan mʼabufuw.

Ɔde afoa taataa ne nua,

a wannya ayamhyehye biara.

Efisɛ ne bo kɔɔ so fuwii,

na obiara antumi annwudwo nʼabufuw no ano.

12Mede ogya bɛto Teman mu,

na ahyew Bosra aban.”

13Sɛnea Awurade se ni:

“Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

ɛno nti, merennan mʼabufuw.

Ɔde afoa paapaee Gilead apemfo yafunu mu

de trɛw nʼahye mu.

14Mede ogya bɛto Raba afasu mu

na ahyew nʼaban

wɔ ɔko da mu nteɛteɛmu

ne ahum da mfɛtɛ mu.

15Na ne hene ne mmapɔmma

bɛbɔ mu akɔ nnommum mu,”

sɛnea Awurade se ni.

Asante Twi Contemporary Bible

Amos 1:1-15

1Amos, Tekoa nnwanhwɛfoɔ no mu baako nsɛm nie. Ɔnyaa saa anisoadehunu yi a ɛfa Israel ho mfeɛ mmienu ansa na asase wosooɛ no, ɛberɛ a Usia di ɔhene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di ɔhene wɔ Israel no.

2Ɔkaa sɛ:

Awurade bobom firi Sion bepɔ so

na ɔde aprannaa nnyegyeeɛ nso firi Yerusalem;

nnwanhwɛfoɔ mmoa adidibea rehye

na Karmel atifi nso kusa.”

Atemmuo A Ɛfa Amanamanmufoɔ Ahodoɔ Ho

3Deɛ Awurade seɛ nie:

“Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so

ɛno enti, merennane mʼabufuo.

Ɛfiri sɛ, ɔde ayuporeeɛ adeɛ a ɛwɔ dadeɛ se

dwerɛɛ Gilead.

4Mede ogya bɛto Hasael efie

na ahye Ben-Hadad aban no.

5Mɛbubu Damasko apono,

na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bɔnhwa no mu no

ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Bet Eden no.

Na Aramfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Kir,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

6Deɛ Awurade seɛ nie:

“Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

ɛno enti, merennane mʼabufuo no.

Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum

na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ.

7Mede ogya bɛto Gasa afasuo mu,

na ahye nʼaban no.

8Mɛsɛe Asdod ɔhene no

ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Askelon no.

Mɛdane me nsa atia Ekron,

kɔsi sɛ Filistini a ɔtwa toɔ no bɛwu,”

sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

9Deɛ Awurade seɛ nie:

“Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

ɛno enti, merennane mʼabufuo.

Ɔfaa ɔman mu no nnommum

na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ,

a wankae onuadɔ apam.

10Mede ogya bɛto Tiro afasuo no mu,

na ahye nʼaban.”

11Deɛ Awurade seɛ nie:

“Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

ɛno enti, merennane mʼabufuo.

Ɔde akofena taataa ne nua,

a wannya ayamhyehyeɛ biara.

Ɛfiri sɛ ne bo kɔɔ so fuiɛ

na obiara antumi annwodwo nʼabufuo no ano.

12Mede ogya bɛto Teman mu,

na ahye Bosra aban.”

13Sɛdeɛ Awurade seɛ nie:

“Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

ɛno enti, merennane mʼabufuo.

Ɔde akofena paepaee Gilead apemfoɔ yafunu mu

de trɛɛ nʼahyeɛ mu.

14Mede ogya bɛto Raba afasuo mu

na ahye nʼaban

wɔ ɔko da mu nteateam

ne ahum da ntwaho mframa mu.

15Na ne ɔhene ne mmapɔmma

bɛbom akɔ nnommumfa mu,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.