Adiyisɛm 14 – AKCB & NIVUK

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 14:1-20

Dwom Foforo

1Afei mehwɛe, na mihuu sɛ Oguamma no gyina Sion bepɔw so. Na nnipa mpem ɔha aduanan anan ka ne ho a wɔakyerɛw ne din ne nʼAgya din wɔ wɔn moma so. 2Na metee nne bi fii ɔsoro a na ɛworo so te sɛ asuworoe a ano yɛ den, na ɛte sɛ aprannaa. Nne a metee no te sɛ dwom a sankubɔfo bi rebɔ wɔ ne sanku so. 3Wɔtoo dwom foforo bi wɔ ahengua no ne ateasefo baanan no ne mpanyimfo no anim. Nnipa mpem ɔha aduanan anan a wɔagye wɔn afi asase so no nko ara na wotumi suae. 4Wɔyɛ mmarima bi a wɔamfa mmea angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabun. Baabiara a Oguamma no bɛkɔ no na wodi nʼakyi. Wɔagye wɔn nkwa afi nnipa mu na wɔne nnipa a wodi kan a wɔde wɔn ama Onyankopɔn ne Oguamma no. 5Wɔnka atosɛm, na mfomso nni wɔn ho.

Abɔfo Baasa No

6Afei mihuu ɔbɔfo foforo sɛ watu nam sorosoro a ɔrekɔka asɛmpa a entwa mu da no akyerɛ asase so nnipa a aman ne mmusuakuw ne ɔkasa ne nkurɔfo nyinaa ka ho. 7Ɔteɛɛ mu se, “Munsuro Onyankopɔn na monkamfo ne kɛseyɛ. Efisɛ bere no adu sɛ obu adesamma atɛn. Monsom nea ɔbɔɔ ɔsoro, asase, po ne asuti no!”

8Ɔbɔfo a ɔto so abien dii nea odi kan no akyi kae se. “Wahwe ase! Babilonia kɛse ahwe ase! Efisɛ wama amanaman nyinaa anom nʼaguamammɔ nsa no bi.”

9Ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa a odi baanu a wodi kan no akyi no teɛɛ mu kae se, “Obiara a ɔsom aboa no ne ne sɛso honi a na ɔma wɔhyɛ ne nsa ho anaa ne moma so agyirae 10no ankasa bɛnom Onyankopɔn nsa, nʼabufuw nsa a ɔde nʼahoɔden nyinaa ahwie agu nʼabufuw kuruwa mu no. Wɔbɛhyɛ wɔn a wɔbɛyɛ saa no nyinaa ahoyeraw wɔ ogya ne sufre mu wɔ abɔfo ne Oguamma no anim. 11Na ogya no wusiw a ɛhyɛ wɔn ahoyeraw no kɔ soro daa daa. Awia ne anadwo, ahomegye nni hɔ ma wɔn a wɔsom aboa no ne ne sɛso honi ne obiara a wɔde ne din ahyɛ no agyirae no.” 12Eyi nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ne wɔn a wodi Onyankopɔn mmara so, na wogye Yesu di no nya boasetɔ no.

13Afei metee nne bi fii ɔsoro a ɛkae se, “Kyerɛw eyi. Nhyira ne awufo a wowu wɔ Awurade mu fi mprempren rekɔ yi.”

Honhom no se, “Yiw, wɔbɛhome afi wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.”

14Mihuu omununkum fitaa bi na obi a ɔte sɛ Onipa Ba a sikakɔkɔɔ ahenkyɛw hyɛ no na okura kantankrankyi nnamnam bi wɔ ne nsam. 15Afei ɔbɔfo foforo bi a ofii asɔredan no mu puei, na ɔteɛɛ mu kyerɛɛ nea ɔte omununkum no so no se, “Fa wo kantankrankyi no twa, efisɛ otwabere no adu, asase no asow aba a ɛsɛ sɛ wotwa!” 16Enti nea ɔte omununkum so no hwim ne kantankrankyi wɔ asase so ma etwaa asase so nnɔbae.

17Afei mihuu sɛ ɔbɔfo foforo bi a ofi ɔsoro asɔredan no mu apue a ɔno nso kura kantankrankyi nnamnam bi. 18Ɔbɔfo foforo bi a ɔno nso hwɛ ogya no so no fi afɔremuka no mu puei. Ɔteɛɛ mu kyerɛɛ ɔbɔfo a okura kantankrankyi nnamnam no se, “Fa wo kantankrankyi nnamnam no na boaboa asase so bobe akuwakuw no ano, efisɛ nʼaba no abere.” 19Enti ɔbɔfo no hwim ne kantankrankyi no wɔ asase so de twitwaa bobe aba no na ɔde koguu Onyankopɔn abufuw nsakyiamoa kɛse no mu. 20Wotiatiaa bobe no so wɔ nsakyiamoa a ɛwɔ kuropɔn no mfikyiri, na mogya fii bobe no mu sen sɛ asubɔnten, akwansin ahannu na mu dɔ nso bɛyɛ anammɔn anum.

New International Version – UK

Revelation 14:1-20

The Lamb and the 144,000

1Then I looked, and there before me was the Lamb, standing on Mount Zion, and with him 144,000 who had his name and his Father’s name written on their foreheads. 2And I heard a sound from heaven like the roar of rushing waters and like a loud peal of thunder. The sound I heard was like that of harpists playing their harps. 3And they sang a new song before the throne and before the four living creatures and the elders. No-one could learn the song except the 144,000 who had been redeemed from the earth. 4These are those who did not defile themselves with women, for they remained virgins. They follow the Lamb wherever he goes. They were purchased from among mankind and offered as firstfruits to God and the Lamb. 5No lie was found in their mouths; they are blameless.

The three angels

6Then I saw another angel flying in mid-air, and he had the eternal gospel to proclaim to those who live on the earth – to every nation, tribe, language and people. 7He said in a loud voice, ‘Fear God and give him glory, because the hour of his judgment has come. Worship him who made the heavens, the earth, the sea and the springs of water.’

8A second angel followed and said, ‘ “Fallen! Fallen is Babylon the Great,”14:8 Isaiah 21:9 which made all the nations drink the maddening wine of her adulteries.’

9A third angel followed them and said in a loud voice: ‘If anyone worships the beast and its image and receives its mark on their forehead or on their hand, 10they, too, will drink the wine of God’s fury, which has been poured full strength into the cup of his wrath. They will be tormented with burning sulphur in the presence of the holy angels and of the Lamb. 11And the smoke of their torment will rise for ever and ever. There will be no rest day or night for those who worship the beast and its image, or for anyone who receives the mark of its name.’ 12This calls for patient endurance on the part of the people of God who keep his commands and remain faithful to Jesus.

13Then I heard a voice from heaven say, ‘Write this: blessed are the dead who die in the Lord from now on.’

‘Yes,’ says the Spirit, ‘they will rest from their labour, for their deeds will follow them.’

Harvesting the earth and trampling the winepress

14I looked, and there before me was a white cloud, and seated on the cloud was one like a son of man14:14 See Daniel 7:13. with a crown of gold on his head and a sharp sickle in his hand. 15Then another angel came out of the temple and called in a loud voice to him who was sitting on the cloud, ‘Take your sickle and reap, because the time to reap has come, for the harvest of the earth is ripe.’ 16So he who was seated on the cloud swung his sickle over the earth, and the earth was harvested.

17Another angel came out of the temple in heaven, and he too had a sharp sickle. 18Still another angel, who had charge of the fire, came from the altar and called in a loud voice to him who had the sharp sickle, ‘Take your sharp sickle and gather the clusters of grapes from the earth’s vine, because its grapes are ripe.’ 19The angel swung his sickle on the earth, gathered its grapes and threw them into the great winepress of God’s wrath. 20They were trampled in the winepress outside the city, and blood flowed out of the press, rising as high as the horses’ bridles for a distance of 1,600 stadia.14:20 That is, about 300 kilometres