5 Mose 26 – AKCB & NSP

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 26:1-19

Otwa Afɔrebɔde Ne Ntotoso Du Du

1Sɛ mudu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rebɛma mo sɛ mo agyapade no so na moko gye, na motena so a, 2momfa otwakan wɔ otwabere biara mu no ngu kɛntɛn mu na momfa mmra baabi a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no, 3na monkɔ ɔsɔfo a ɔwɔ hɔ saa bere no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, “Meda no adi nnɛ akyerɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, sɛ Awurade de me aba asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ yɛn agyanom no so.” 4Afei, ɔsɔfo no begye kɛntɛn no afi wo nsam de asi Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka no anim. 5Na wobɛka saa nsɛm yi wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim sɛ, “Na me tete agya Yakob yɛ ɔkwantuni Aramni a ɔkɔtenaa Misraim. Nʼabusua no yɛ ketewaa bi, nanso Misraim hɔ no, wɔdɔɔso bebree bɛyɛɛ ɔman kɛse. 6Bere a Misraimfo dii yɛn nya nam so ma yɛyɛɛ wɔn nkoa no, 7yesu frɛɛ Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn no. Ɔtee yɛn sufrɛ na ohuu yɛn amanehunu, ɔbrɛ ne ɔhyɛ a na yɛwɔ mu. 8Enti Awurade nam tumi a ɛyɛ nwonwa, ehu a emu yɛ den, nsɛnkyerɛnne a epusuw nnipa ne anwonwasɛm so gyee yɛn fii Misraim. 9Ɔde yɛn baa ha na ɔde asase yi a nufusu ne ɛwo resen so yi maa yɛn. 10Afei, Awurade, mede akyɛde a ɛyɛ mʼaduankan a wode fi asase mu maa me no rebrɛ wo.” Afei, fa aduan no si Awurade, mo Nyankopɔn no, anim na sɔre no. 11Afei, kɔ na wo ne Lewifo ne ahɔho a wɔte mo mu no nkogye mo ani wɔ nneɛma pa a Awurade, mo Nyankopɔn no, de ama wo ne wo fifo no ho.

12Afe a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ ntotoso du du afe a woayi wo nnɔbae so ntotoso du du awie no ɛsɛ sɛ mode ma Lewifo, ahɔho, nyisaa ne akunafo sɛnea ɛbɛyɛ a wobedidi amee wɔ mo nkurow so. 13Afei, mompae mu nka wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim se, “Mede akyɛde kronkron a efi me fi ama Lewifo, ahɔho, nyisaa ne akunafo sɛnea wohyɛɛ me no. Mimmuu wʼahyɛde bi so anaa me werɛ mfii wo mmara no mu biara ɛ. 14Manni akronkronne no bi bere a meretwa adwo no, na bere a na me ho ntew no nso, mamfa me nsa anka bi; na mamfa mu bi nso amma awufo. Matie Awurade, me Nyankopɔn no, na mayɛ biribiara a wohyɛɛ me sɛ menyɛ no. 15Fi wo soro tenabea kronkron hɔ hwɛ fam na hyira wo nkurɔfo Israel ne asase a wode ama yɛn no—asase a nufusu ne ɛwo resen wɔ so sɛnea wode ntam hyɛɛ yɛn agyanom bɔ no.”

Awurade Mmara Sodi Ho Nkaebɔ

16Awurade, mo Nyankopɔn no, hyɛ mo nnɛ sɛ, munni saa ahyɛde ne mmara yi nyinaa so; momfa mo koma ne mo kra nyinaa nni so pɛpɛɛpɛ. 17Moapae mu aka no nnɛ se, Awurade yɛ, mo Nyankopɔn, na mobɛnantew nʼakwan so na mubedi ne mmara so ayɛ osetie ama no. 18Na Awurade aka no nnɛ se, moyɛ ne nkurɔfo, nʼagyapade a ne koma da ho sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no; ɛno nti, ɛsɛ sɛ mudi nʼahyɛde nyinaa so. 19Na sɛ moyɛ saa a, ɔbɛyɛ mo kɛse asen ɔman biara. Afei, mubenya nkamfo ne anuonyam a ɛboro aman a wayɛ no nyinaa de so. Mobɛyɛ ɔman a ɛyɛ kronkron ama Awurade, mo Nyankopɔn no, sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no.

New Serbian Translation

5. Мојсијева 26:1-19

Први плодови и десетак

1А кад дођеш у земљу коју ти Господ, Бог твој, даје у наследство, и ти је заузмеш и настаниш се у њој, 2узми нешто од првине свих пољских плодова које ти роди земља, коју ти даје Господ, Бог твој, стави их у кошару и иди на место које изабере Господ, Бог твој, да тамо настани своје име. 3Иди к свештенику који буде служио у то време и реци му: ’Изјављујем данас пред Господом, Богом твојим, да сам ушао у земљу за коју се Господ заклео нашим оцима да ће нам је дати.’ 4Затим нека свештеник узме кошару из твоје руке и положи је пред жртвеник Господа, Бога твога. 5Ти ћеш на то изговорити пред Господом, Богом твојим: ’Мој је отац био арамејски луталица који је сишао у Египат и боравио тамо као странац са шачицом људи. Тамо је постао народ велики, моћан и бројан. 6Али Египћани су нас злостављали и угњетавали, и наметнули нам тежак рад. 7Тада смо завапили Господу, Богу наших отаца, и Господ је чуо наш глас и видео наш јад, мукотрпни рад и потлаченост. 8Господ нас је извео из Египта моћном руком, испруженом мишицом, великом страхотом, те знацима и чудима. 9Он нас је довео до овог места и дао нам ову земљу, земљу којом теку млеко и мед. 10Сада, ево, приносим прве плодове земље, коју си ми ти, о, Господе, дао.’ Затим положи то пред Господа, Бога свога, па се поклони пред Господом, Богом својим. 11И радуј се заједно са Левитом и дошљаком у твојој средини за све добро што је теби и твоме дому дао Господ, Бог твој.

12А кад у трећој години, години десетка, завршиш са издвајањем свег десетка од годишњег урода, и кад га даш Левиту, странцу, сирочету и удовици, да једу и да се насите, 13реци пред Господом, Богом својим: ’Уклонио сам из куће све што је посвећено Господу. Шта више, то сам дао Левиту, странцу, сирочету и удовици, према твојој заповеди коју си ми дао. Нисам прекршио, нити заборавио, ниједну од твојих заповеди. 14У својој жалости ништа од тога нисам јео, ништа од тога нисам уклањао кад сам био нечист, нити сам ишта од тога приносио мртвацу. Послушао сам глас Господа, Бога свога, и учинио онако како ми је заповедио. 15Погледај с небеса, из свог светог Пребивалишта, па благослови свој народ, Израиљ, и земљу коју си нам дао, земљу којом теку млеко и мед – како си се заклео нашим оцима!’

Позив на послушност

16Данас ти Господ, Бог твој, заповеда да вршиш ове уредбе и прописе. Држи их и врши свим својим срцем и свом својом душом. 17Данас си изјавио да ће Господ бити твој Бог, и да ћеш следити његове путеве и држати његове уредбе и прописе, и слушати његов глас. 18Данас је Господ изјавио да си његов народ, његова драгоцена својина, као што ти је обећао, и да ћеш држати све његове заповеди. 19Он ће те узвисити чашћу, именом и славом над свим народима које је створио; ти ћеш бити народ посвећен Господу, Богу своме, како је обећао.“