4 Mose 36 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 36:1-13

Mmabea Bi Agyapade

1Gilead abusua no ntuanofo, Makir a ɔyɛ Manase babarima ne Yosef nena asefo, kɔɔ Mose ne Israel mmusua ntuanofo no nkyɛn de adesrɛde kɔtoo wɔn anim. 2Wɔkae se, “Awurade hyɛɛ wo se bɔ ntonto na gyina so kyekyɛ asase no ma Israelfo no. Awurade ɔhyɛɛ wo se fa yɛn nuabarima Selofehad agyapade ma ne mmabea. 3Na sɛ ɛba sɛ wɔn mu bi kɔware wɔ abusua foforo mu a, ɔde asase a wɔde ama no no bɛkɔ aware. Sɛ ɛba saa a, yɛn abusua no asase a wɔde ama yɛn no so bɛtew. 4Sɛ Israelfo Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no du so a, wɔde wɔn agyapade no bɛka abusua a wɔkɔwaree wɔ mu no de ho, na wobeyi afi yɛn agyanom abusua agyapade mu.”

5Enti Mose de saa ɔhyɛ nsɛm a efi Awurade yi maa Israelfo no: “Yosef abusuakuw mu nnipa no asɛm no yɛ nokware. 6Nea Awurade rehyɛ ama Selofehad mmabea no ni: Wotumi ware ɔbarima biara a wɔpɛ a ofi wɔn agya abusuakuw mu. 7Ɛnsɛ sɛ Israel agyapade biara fi abusuakuw bi mu kɔ abusuakuw foforo nsam, efisɛ ɛsɛ sɛ Israel agyanom abusuakuw biara agyapade tena hɔ sɛnea ɛte no. 8Ɛsɛ sɛ mmabea a wɔwɔ Israel mmusuakuw mu nyinaa a agyapade tumi kɔ wɔn nsam no wareware wɔ wɔn agyanom mmusuakuw mu na Israel abusuakuw biara agyanom agyapade amfi wɔn abusuakuw mu. 9Ɛnsɛ sɛ agyapade biara fi abusuakuw bi nsam kodi ɔfoforo nsam, ɛsɛ sɛ Israel Abusuakuw biara asase a wanya no tena hɔ.”

10Selofehad mmabea no yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. 11Mahla, Tirsa, Hogla, Milka ne Noa nyinaa wareware wɔn agyanom nuabarimanom mma. 12Wɔwarewaree wɔ Yosef babarima Manase mmusua mu enti wɔn agyapade no kaa wɔn abusuakuw no mu.

13Eyinom ne mmara ne nhyehyɛe a Awurade nam Mose so de maa Israelfo wɔ Moab tataw so no, wɔ Asubɔnten Yordan a na wɔafi Yeriko atwa no.

New International Version

Numbers 36:1-13

Inheritance of Zelophehad’s Daughters

1The family heads of the clan of Gilead son of Makir, the son of Manasseh, who were from the clans of the descendants of Joseph, came and spoke before Moses and the leaders, the heads of the Israelite families. 2They said, “When the Lord commanded my lord to give the land as an inheritance to the Israelites by lot, he ordered you to give the inheritance of our brother Zelophehad to his daughters. 3Now suppose they marry men from other Israelite tribes; then their inheritance will be taken from our ancestral inheritance and added to that of the tribe they marry into. And so part of the inheritance allotted to us will be taken away. 4When the Year of Jubilee for the Israelites comes, their inheritance will be added to that of the tribe into which they marry, and their property will be taken from the tribal inheritance of our ancestors.”

5Then at the Lord’s command Moses gave this order to the Israelites: “What the tribe of the descendants of Joseph is saying is right. 6This is what the Lord commands for Zelophehad’s daughters: They may marry anyone they please as long as they marry within their father’s tribal clan. 7No inheritance in Israel is to pass from one tribe to another, for every Israelite shall keep the tribal inheritance of their ancestors. 8Every daughter who inherits land in any Israelite tribe must marry someone in her father’s tribal clan, so that every Israelite will possess the inheritance of their ancestors. 9No inheritance may pass from one tribe to another, for each Israelite tribe is to keep the land it inherits.”

10So Zelophehad’s daughters did as the Lord commanded Moses. 11Zelophehad’s daughters—Mahlah, Tirzah, Hoglah, Milkah and Noah—married their cousins on their father’s side. 12They married within the clans of the descendants of Manasseh son of Joseph, and their inheritance remained in their father’s tribe and clan.

13These are the commands and regulations the Lord gave through Moses to the Israelites on the plains of Moab by the Jordan across from Jericho.