4 Mose 20 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 20:1-29

Nsu Fi Ɔbotan Mu

1Israelfo no nyinaa duu Sin sare so ɔsram a edi kan no mu, na wɔtenaa Kades. Ɛhɔ na Miriam wu maa wosiee no.

2Na nsu a wɔbɛnom nni hɔ nti, nnipa no sɔre tiaa Mose ne Aaron. 3Nnipa no ne Mose hamee se, “Sɛ yɛne yɛn nuanom wuwuu wɔ Awurade anim a anka yɛpɛ. 4Adɛn nti na mode Awurade man ne yɛn nguan ne yɛn anantwi aba sare yi so sɛ yemmewuwu? 5Adɛn nti na muyii yɛn fii Misraim de yɛn baa asase bɔne yi so? Borɔdɔma, atoko ne bobe nni asase yi so. Nsu a yɛbɛnom nso nni ha.”

6Mose ne Aaron fii dɔm no hɔ kɔɔ Ahyiae Ntamadan no ano de wɔn anim butubutuw fam wɔ Awurade anim; na wohuu Awurade anuonyam. 7Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 8“Fa abaa no na wo ne wo nua Aaron mfrɛ nnipa no nyinaa. Wɔrehwɛ mo no, kasa kyerɛ ɔbotan no na nsu befi mu aba. Mubenya wɔn nsu a ɛbɛso wɔn ne wɔn anantwi afi ɔbotan no mu!”

9Mose yɛɛ nea Awurade hyɛe no. Ɔfaa abaa no fii baabi a wɔde asie wɔ Awurade anim. 10Mose ne Aaron frɛɛ nnipa no nyinaa ma wobehyiaa wɔ ɔbotan no anim na Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Atuatewfo, muntie! Yɛmma nsu mfi saa ɔbotan yi mu mmra ana?” 11Afei Mose maa ne nsa so de abaa no bɔɔ ɔbotan no mprenu maa nsu bebree fii mu ba maa nnipa no ne wɔn anantwi nomee.

12Nanso Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Esiane sɛ moannya me mu ahotoso anhyɛ me anuonyam sɛ ɔkronkronni wɔ Israelfo no ani so nti, moremfa wɔn nkɔ asase a mede rema wɔn no so.”

13Wɔfrɛɛ beae hɔ Meriba a ase ne: Atuatew Nsu, efisɛ ɛhɔ ne baabi a Israelfo tew Awurade atua, na ɛhɔ ara nso na Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ wɔn sɛ ɔyɛ ɔkronkron.

Edom Siw Israel Kwan

14Mose somaa abɔfo fii Kades kɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ no se:

“Sɛɛ na wo nua Israelfo reka: Wunim abɛbrɛsɛ a yɛafa mu no nyinaa. 15Yɛn agyanom kɔtenaa Misraim, yɛtenaa hɔ mfe bebree. Misraimfo no yɛɛ yɛne yɛn agyanom ayayade, 16nanso yesu frɛɛ Awurade no, otiee yɛn na ɔsomaa ɔbɔfo ma obeyii yɛn fii Misraim.

“Mprempren yɛwɔ Kades wɔ mo asase hye so. 17Yɛsrɛ mo sɛ, ma yentwa mu mfa wo man yi mu. Yɛbɛhwɛ yiye sɛ yɛremfa mo mfuw ne mo bobe nturo mu. Na mpo, yɛrennom mo abura mu nsu. Yɛbɛfa Ɔhene Tempɔn so na yɛremfi so kosi sɛ yɛbɛtra wo hye no.”

18Nanso Edomhene buae se,

“Mommfa mʼasase so, anyɛ saa a mede asraafo ne afoa betua mo ano!”

19Israelfo no buae se,

“Owura, yɛbɛfa ɔtempɔn no so. Sɛ yɛn nyɛmmoa nom mo nsu a, yebetua ka. Yɛpɛ sɛ yetwa mu wɔ mo asase so na yenni adwemmɔne bi.”

20Nanso Edomhene buae se,

“Mommfa yɛn asase so!”

Ɔboaboaa nʼakofo ano de wɔn kɔɔ ɔhye no so. 21Esiane sɛ Edom amma wɔn kwan amma Israelfo no amfa wɔn man mu no nti, wɔman faa nkyɛn.

Aaron Wu

22Israelfo no nyinaa fii Kades kɔɔ Bepɔw Hor so. 23Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Bepɔw Hor a ɛwɔ Edom hye so no se, 24“Bere adu sɛ Aaron wu, na ɔrenkɔ asase a mede ama Israelfo no so bi, efisɛ mo baanu no tew mʼahyɛde ho atua wɔ Meriba nsu no ho. 25Fa Aaron ne ne babarima Eleasar kɔ Bepɔw Hor so. 26Ɛhɔ na wubeyi Aaron asɔfotade no de ahyɛ ne babarima Eleasar. Ɛhɔ na Aaron bewu na watoa nʼagyanom.”

27Mose yɛɛ nea Awurade hyɛɛ no no. Wɔn baasa nyinaa kɔɔ bepɔw Hor so a nnipa no nyinaa hwɛ wɔn. 28Mose yii Aaron asɔfotade no de hyɛɛ ne babarima Eleasar, na Aaron wuu wɔ bepɔw no apampam. Na Mose ne Eleasar san fii bepɔw no so bae, 29na nnipa no tee Aaron wu no, Israelfo no suu no adaduasa.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

民数记 20:1-29

磐石出水

1一月,以色列全体会众抵达旷野,在加低斯安营。米利暗离世,葬在那里。 2会众没有水喝,就聚集起来反对摩西亚伦3他们埋怨说:“还不如当初跟我们的弟兄一起死在耶和华面前! 4你们为什么领耶和华的会众到这旷野来,要叫我们和牲畜都死在这里吗? 5你们为什么把我们领出埃及,带到这不毛之地?这里没有五谷、无花果树、葡萄树和石榴树,甚至没有水喝。” 6摩西亚伦离开会众到会幕门口,俯伏在地。耶和华的荣光向他们显现。 7耶和华对摩西说: 8“你拿着杖和你哥哥亚伦招聚会众,当着他们的面吩咐磐石流出水来,水就会从磐石流出,供会众和牲畜喝。” 9摩西遵命而行,从耶和华面前取了杖, 10然后和亚伦把会众招聚到磐石前,说:“你们这些叛逆之徒听着,非要我们叫磐石给你们流出水来吗?” 11接着,摩西举起手中的杖击打磐石两下,水便喷涌而出,会众和牲畜都喝了。

12耶和华对摩西亚伦说:“你们对我没有足够的信心,没有当着以色列人的面尊我为圣,所以你们不得带领会众进入我将要赐给他们的土地。” 13这地方叫米利巴泉,因为以色列人在那里埋怨耶和华,耶和华就向他们彰显了祂的圣洁。

以东王不借路

14摩西加低斯派使者去见以东王,说:“你的弟兄以色列人说,你知道我们遭遇的种种困难。 15我们祖先到埃及寄居多年,我们世代受埃及人虐待。 16但我们呼求耶和华,祂就垂听了我们的声音,差遣天使把我们领出埃及。现在我们来到你边境的加低斯城, 17求你容我们借道贵国。我们不会踏入田地和葡萄园,也不会喝井里的水,只走大路,不会偏离,直到走出贵国。” 18以东王却说:“你们不可从我这里经过,否则我必兵戎相见。” 19以色列人说:“我们只走大路,倘若我们和牲畜喝了你的水,我们会付钱。我们别无他求,只求步行穿过贵国。” 20以东王仍然不准,还率领大军严阵以待。 21由于无法从以东穿过,以色列人只好绕道。

亚伦离世

22以色列全体会众从加低斯出发,来到何珥山。 23耶和华在位于以东边界的何珥山对摩西亚伦说: 24亚伦要去他祖先那里了,他不能进入我赐给以色列人的土地,因为你们在米利巴泉违背了我的命令。 25摩西啊,你要带亚伦和他儿子以利亚撒何珥山, 26亚伦的圣衣脱下来给他儿子以利亚撒穿上,因为亚伦将死在那里。” 27摩西遵命而行。他们三人就当着全体会众的面上了何珥山。 28摩西亚伦的圣衣脱下,给以利亚撒穿上。随后亚伦在山顶离世。摩西以利亚撒便下了山。 29以色列全体会众得知亚伦离世,就为他哀悼了三十天。