2 Mose 27 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 27:1-21

Ɔhyew Afɔrebɔ Afɔremuka Ho Nhyehyɛe

1“Fa ɔkanto yɛ afɔremuka ma enyi ahinanan a nʼafanan no mu biara yɛ anammɔn ason ne fa na ne sorokɔ nso yɛ anammɔn anan ne fa. 2Yɛ mmɛn anan tuatua afɔremuka no ntwea anan no nyinaa so, na fa kɔbere dura ne nyinaa ho. Ɔkanto a wode bɛyɛ afɔremuka no, ɛno ara bi na wode bɛyɛ mmɛn no. 3Bokiti a nsõ begu mu, sofi, hweaseammɔ, adinam ne nsramma nkankye nyinaa, kɔbere na fa yɛ. 4Fa kɔbere yɛ ntwitae na fa dade nkaa hyehyɛ ne ntwea anan no so. 5Fa ntwitae no hyɛ nsramma kuruwa no mu na fa si afɔremuka no basa a wɔayɛ no so. 6Fa ɔkanto sen nnua a wɔde kɔbere adura ho a wɔde bɛsoa afɔremuka no. 7Sɛ moresoa a, momfa nnua no nhyehyɛ nkaa a mode atuatua afɔremuka no ho no mu. 8Ntaaboo na momfa nyɛ afɔremuka no. Momma emu nna kwan sɛnea mede kyerɛɛ mo wɔ bepɔw no so no.

9“Twa adiwo ma Ahyiae Ntamadan no na fa ntama a wɔde asaawa a ɛyɛ fɛ ayɛ sensɛn ho. Nkataano a ɛsɛn anafo no tenten no nyɛ anammɔn ɔha aduonum 10a kɔbere nnua aduonu a esisi kɔbere nnyinaso aduonu mu no suso mu. Dwetɛ nkɔtɔkoro ne dwetɛ ntwea a ɛtetare dwetɛ afadum no ho no na ebesuso nsɛnanim no mu. 11Adiwo a ɛkyerɛ atifi fam no nso, saa ara na wɔnyɛ no. Nsɛnanim a ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum, na nnua aduonu sisi kɔbere nnyinaso mu a dwetɛ nkɔtɔkoro ne ne ntwea tetare ho na ebegyina no.

12“Adiwo no fa a ɛkyerɛ atɔe fam no trɛw bɛyɛ anammɔn aduɔson anum a ekura nnua du a ntokuru du deda mu. 13Apuei fam nso bɛyɛ anammɔn aduɔson anum saa ara. 14Baabi a ne kwan da nʼapuei fam no, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa a nnua abiɛsa a esisi ntokuru abiɛsa mu suso mu no nsɛn ano. 15Baabi a ne kwan da wɔ nʼatɔe fam no nso, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa nsɛn ano. Nnua abiɛsa a esisi ntokuru abiɛsa mu na ebesuso nsɛnanotam no mu.

16“Adiwo hɔ no ano kwan nyɛ ntama nsɛnanim a ne trɛw yɛ anammɔn aduasa. Wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan bedi mu adwinni fɛfɛɛfɛ. Wɔde nnua anan a esisi ne nnyinaso mu no nso besuso nsɛnanotam no mu. 17Ɛsɛ sɛ nnua a ɛwɔ adiwo hɔ no nyinaa wɔde dwetɛ ntwea a dwetɛ suso mu, na nʼase no nso wɔde hyehyɛ kɔbere nnyinaso apipiripi mu. 18Enti adiwo hɔ tenten mu bɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum, na ne trɛw nso ayɛ anammɔn aduɔson anum. Wɔde nkataano a wɔde asaawatam bɛyɛ ne fasu, a ne sorokɔ nso bɛyɛ anammɔn ason ne fa. Ɛsɛ sɛ wɔde nnua a atwa adiwo hɔ no ho ahyia no sisi kɔbere nnyinaso no mu. 19Kɔbere na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ Ahyiae Ntamadan mu hɔ nkankye a wɔde nneɛma gu mu, ne nnyinaso a wɔde nkankyee bɛsensɛn so wɔ ɔfasu ho no wɔ hɔ.

20“Ka kyerɛ Israelfo no na wɔmfa ngo kronkron a wɔde begu akanea a daa nyinaa ebesi so no mmrɛ wo. 21Aaron ne ne mmabarima na wɔde akanea a ennum da no besi Ahyiae Ntamadan no mu. Wɔbɛhwɛ so daa ama Awurade, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrennum. Eyi yɛ mmara a ɛsɛ sɛ Israelfo di so daa.

New International Version

Exodus 27:1-21

The Altar of Burnt Offering

1“Build an altar of acacia wood, three cubits27:1 That is, about 4 1/2 feet or about 1.4 meters high; it is to be square, five cubits long and five cubits wide.27:1 That is, about 7 1/2 feet or about 2.3 meters long and wide 2Make a horn at each of the four corners, so that the horns and the altar are of one piece, and overlay the altar with bronze. 3Make all its utensils of bronze—its pots to remove the ashes, and its shovels, sprinkling bowls, meat forks and firepans. 4Make a grating for it, a bronze network, and make a bronze ring at each of the four corners of the network. 5Put it under the ledge of the altar so that it is halfway up the altar. 6Make poles of acacia wood for the altar and overlay them with bronze. 7The poles are to be inserted into the rings so they will be on two sides of the altar when it is carried. 8Make the altar hollow, out of boards. It is to be made just as you were shown on the mountain.

The Courtyard

9“Make a courtyard for the tabernacle. The south side shall be a hundred cubits27:9 That is, about 150 feet or about 45 meters; also in verse 11 long and is to have curtains of finely twisted linen, 10with twenty posts and twenty bronze bases and with silver hooks and bands on the posts. 11The north side shall also be a hundred cubits long and is to have curtains, with twenty posts and twenty bronze bases and with silver hooks and bands on the posts.

12“The west end of the courtyard shall be fifty cubits27:12 That is, about 75 feet or about 23 meters; also in verse 13 wide and have curtains, with ten posts and ten bases. 13On the east end, toward the sunrise, the courtyard shall also be fifty cubits wide. 14Curtains fifteen cubits27:14 That is, about 23 feet or about 6.8 meters; also in verse 15 long are to be on one side of the entrance, with three posts and three bases, 15and curtains fifteen cubits long are to be on the other side, with three posts and three bases.

16“For the entrance to the courtyard, provide a curtain twenty cubits27:16 That is, about 30 feet or about 9 meters long, of blue, purple and scarlet yarn and finely twisted linen—the work of an embroiderer—with four posts and four bases. 17All the posts around the courtyard are to have silver bands and hooks, and bronze bases. 18The courtyard shall be a hundred cubits long and fifty cubits wide,27:18 That is, about 150 feet long and 75 feet wide or about 45 meters long and 23 meters wide with curtains of finely twisted linen five cubits27:18 That is, about 7 1/2 feet or about 2.3 meters high, and with bronze bases. 19All the other articles used in the service of the tabernacle, whatever their function, including all the tent pegs for it and those for the courtyard, are to be of bronze.

Oil for the Lampstand

20“Command the Israelites to bring you clear oil of pressed olives for the light so that the lamps may be kept burning. 21In the tent of meeting, outside the curtain that shields the ark of the covenant law, Aaron and his sons are to keep the lamps burning before the Lord from evening till morning. This is to be a lasting ordinance among the Israelites for the generations to come.