2 Beresosɛm 12 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 12:1-16

Misraim Tu Yuda So Sa

1Rehoboam ahenni timii, na ɔyɛɛ den no, ɔne Israel nyinaa gyaw Awurade mmara. 2Esiane sɛ na wonni Awurade nokware no nti, afe a ɛto so anum wɔ ɔhene Rehoboam adedi mu no, Misraimhene Sisak kɔtow hyɛɛ Yerusalem so. 3Ɔde nteaseɛnam apem ahannu, apɔnkɔsotefo mpem aduosia ne anammɔnmufo asraafo a wontumi nkan wɔn dodow a Libiafo, Sukifo ne Etiopiafo ka ho na wɔbae. 4Sisak dii Yudafo nkurow a wɔabɔ ho ban no so nkonim, na otu teɛɛ sɛ ɔrekɔtow ahyɛ Yerusalem so nso.

5Odiyifo Semaia hyiaa Rehoboam ne Yuda mpanyimfo a Sisak nti, wɔaguan aba Yerusalem. Semaia ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛnea Awurade se ni! Moagyaw me nti, me nso meregyaw mo ama Sisak.”

6Ɔhene no ne Israel mpanyimfo brɛɛ wɔn ho ase, kae se, “Awurade di bem sɛ ɔyɛɛ yɛn saa!”

7Awurade huu sɛ wɔanu wɔn ho no, ɔde saa nkra yi somaa Semaia: “Esiane sɛ nnipa no abrɛ wɔn ho ase nti, merensɛe wɔn korakora na ɛrenkyɛ, mɛma wɔn ahomegye. Meremfa Sisak so nna mʼabufuw adi wɔ Yerusalem so. 8Nanso wɔbɛyɛ nʼasomfo sɛnea ɛbɛkyerɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsom me sen sɛ wɔbɛsom wiase ahemfo.”

9Enti Misraimhene Sisak baa Yerusalem bɛsesaw agyapade a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfi hɔ nneɛma a Salomo sikakɔkɔɔ nkatabo no nyinaa ka ho. 10Akyiri no, ɔhene Rehoboam de kɔbere akyɛm de sii anan, na ɔde hyɛɛ ahemfi awɛmfo nsa sɛ wɔnhwɛ so. 11Bere biara a ɔhene no bɛkɔ Awurade Asɔredan no mu no, awɛmfo no soa kɔ hɔ bi, na sɛ owie na ɔreba a, wɔsan de begu awɛmfo dan no mu.

12Esiane sɛ Rehoboam brɛɛ ne ho ase nti, Awurade abufuw no fii ne so, nti wansɛe no korakora. Ɛmaa yiyedi kɔɔ so wɔ Yuda asase so.

Rehoboam Ahenni Tiatwa

13Ɔhene Rehoboam timii wɔ Yerusalem, na ɔtoaa so dii hene. Bere a odii ade no, na wadi mfirihyia aduanan baako. Na odii ade mfirihyia dunson wɔ Yerusalem, kuropɔn a Awurade ayi afi Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ ɛhɔ na wɔbɛhyɛ ne din anuonyam no. Na Rehoboam na din de Naama a ofi Amon. 14Na ɔyɛ ɔhene bɔne, efisɛ wamfa ne koma nyinaa anhwehwɛ Awurade akyi kwan.

15Wɔankyerɛw Rehoboam ahenni ho nsɛm nkae no a efi mfiase kosi awiei no wɔ odiyifo Semaia nhoma ne nhumuni Ido nhoma a ɛyɛ awo ntoatoaso nhoma no fa bi mu ana? Bere biara, na akokoakoko wɔ Rehoboam ne Yeroboam ntam. 16Bere a Rehoboam wui no, wosiee no wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Abia dii nʼade sɛ ɔhene.