Ɔhene Ahasia Adebisa
1Ɔhene Ahab wu akyi no, Moabman tew wɔn ho fii Israel ho, nyaa wɔn ahofadi. 2Da bi, Israelhene foforo Ahasia fii nʼabansoro dan a ɛwɔ Samaria ahemfi mfɛnsere mu tew hwee fam, ma opiraa yiye. Enti ɔsomaa abɔfo kɔɔ Baal-Sebub1.2 Baal-Sebub nkyerɛase ne “nwansena wura.” Saa din yi yɛ fɛwdi din bi a wɔde too Kanaanfo nyame Beelsebul (honhommɔne hene ba) so a ɛwɔ Mat 10.25; 12.27 no. Ekron nyame nkyɛn abisa, kobisaa sɛ obenya ahoɔden ana.
3Na Awurade bɔfo ka kyerɛɛ Tisbini Elia se, “Kɔ na kohyia Samariahene abɔfo no, na bisa wɔn se, ‘Adɛn nti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene benya ahoɔden ana? Onyankopɔn nni Israel ana?’ 4Mprempren, sɛnea Awurade se ni: ‘Worensɔre mfi mpa a woda so no so da. Na nea ɛbɛyɛ biara, wubewu.’ ” Na Elia kɔkaa nkra no.
5Bere a abɔfo no san baa ɔhene nkyɛn no, obisaa wɔn se, “Adɛn nti na moaba ntɛm saa?”
6Wobuae se, “Ɔbarima bi behyiaa yɛn, ka kyerɛɛ yɛn se yɛnsan nkɔ ɔhene nkyɛn, na nkra a ɔde fi Awurade nkyɛn a ɔde kaa ho ne sɛ, ‘Adɛn nti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa sɛ ɔhene ho bɛtɔ no ana? Onyankopɔn nni Israel ana? Esiane sɛ woayɛ saa nti, worensɔre mfi mpa a woda so no so da. Na nea ɛbɛyɛ biara, wubewu.’ ”
7Ɔhene no bisae se, “Na saa ɔbarima no yɛ hena? Na ɔte dɛn?”
8Wobuae se, “Na ne ho wɔ nwi a ɔbɔ aboanwoma abɔso.”
Ɔhene no teɛɛ mu se, “Ɛyɛ Tisbini Elia.”
9Ɔsomaa asraafo so safohene ne asraafo aduonum sɛ wɔnkɔkyere no. Wohuu sɛ ɔte bepɔw bi atifi. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no se, “Onyankopɔn nipa, ɔhene asoma yɛn sɛ yɛmmɛfa wo mmra.”
10Na Elia buaa ɔsahene no se, “Sɛ meyɛ Onyankopɔn nipa de a, ɛno de, ma ogya mfi ɔsoro mmra mmɛhyew wo ne wo mmarima aduonum no!” Na ogya fi ɔsoro bekunkum wɔn nyinaa.
11Enti ɔhene no san somaa ɔsafohene foforo a asraafo aduonum ka ne ho. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no se, “Onyankopɔn nipa, ɔhene se bra mprempren ara.”
12Elia buae se, “Sɛ meyɛ Onyankopɔn nipa de a, ɛno de, ma ogya mfi ɔsoro mmra mmɛhyew wo ne wo mmarima aduonum no!” Na bio, ogya fi ɔsoro bekunkum wɔn nyinaa.
13Bio, ɔhene no somaa ɔsafohene bi ne asraafo aduonum. Saa bere yi de, ɔsafohene no kobuu Elia nkotodwe. Ɔsrɛɛ no se, “Onyankopɔn nipa, mesrɛ sɛ, fa me ne saa asomfo aduonum yi nkwa kyɛ yɛn. 14Hwɛ sɛnea ogya fi ɔsoro abɛhyew akuw abien a wodi kan no. Nanso mprempren mesrɛ sɛ, fa me nkwa kyɛ me!”
15Na Awurade bɔfo ka kyerɛɛ Elia se, “Nsuro. Wo ne no nkɔ.” Na Elia sɔre kɔɔ ɔhene no nkyɛn.
16Na Elia ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Sɛnea Awurade se ni: Adɛn nti na wosomaa abɔfo kɔɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene benya ahoɔden ana? Onyankopɔn nni Israel ana? Esiane sɛ woayɛ saa nti, worensɔre mfi mpa a woda so no so da. Na nea ɛbɛyɛ biara wubewu.” 17Na Ahasia wui sɛnea Awurade nam Elia so hyɛe no. Esiane sɛ na Ahasia nni ɔbabarima a obedi nʼade nti, ne nuabarima Yoram na odii nʼade sɛ ɔhene. Saa asɛm yi sii Yehosafat a na ɔyɛ Yudahene babarima Yehoram adedi mfe abien mu. 18Nsɛm a esisii wɔ Ahasia ahenni mu no nkae no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
Илија осуђује Охозију
1После Ахавове смрти Моав се побунио против Израиља. 2А Охозија падне кроз решетку с прозора своје горње собе у Самарији и повреди се. Тада је послао гласнике говорећи им: „Идите и упитајте Велзевува, акаронског бога, хоћу ли оздравити од ове болести.“
3Али Анђео Господњи рече Илији Тесвићанину: „Устани и пођи у сусрет гласницима самаријског цара. Реци им: ’Зар нема Бога у Израиљу, те идете да питате Велзевува, акаронског бога? 4Зато говори Господ: нећеш устати са постеље на коју си легао, него ћеш свакако умрети.’“ И Илија оде.
5Кад су се гласници вратили к цару, он их упита: „Зашто сте се вратили?“ 6Они му одговорише: „Срео нас је један човек, који нам је рекао: ’Идите, вратите се к цару који вас је послао и реците му: овако каже Господ: зар нема Бога у Израиљу, те шаљеш људе да питаш Велзевува, акаронског бога?’ Зато се нећеш подићи с постеље на коју си легао, већ ћеш свакако умрети.“
7Цар их упита: „Какав је био тај човек који вас је срео и рекао вам то?“ 8Они му рекоше: „Имао је огртач од длаке и кожни појас око бокова.“ Он рече: „То је Илија Тесвићанин!“ 9Тада је послао заповедника над педесет са педесет људи. Кад је дошао к њему, Илија је седео на врху брда. Заповедник рече: „Божији човече, у име цара, силази!“ 10Илија му одговори: „Ако сам заиста Божији човек, нека се спусти огањ с неба и нека спали и тебе и твоју педесеторицу.“ Огањ се спусти с неба и прогута и њега и његову педесеторицу.
11Цар му је послао другог заповедника над педесет. Он је отишао и рекао му: „Човече Божији, у име цара, сиђи одмах!“ 12Али Илија одговори: „Ако сам заиста Божији човек, нека се спусти огањ с неба и нека прогута и тебе и твоју педесеторицу.“ И спусти се огањ с неба и прогута и њега и његову педесеторицу.
13Тада је цар послао трећег заповедника над педесет. Трећи заповедник над педесет се попе, паде ничице пред Илијом и замоли га: „Божији човече, нека мој живот и животи ових педесет твојих слугу буду драгоцени у твојим очима. 14Ето, ватра се спустила с неба и прогутала два заповедника над педесет и њихову педесеторицу. Стога нека мој живот буде драгоцен у твојим очима.“
15Тада Анђео Господњи рече Илији: „Сиђи с њим; не бој га се.“ Он устане и оде с њим к цару, 16и рече му: „Говори Господ: ’Зато што си послао гласнике да питају Велзевува, акаронског бога, као да нема Бога у Израиљу чију би реч потражио, нећеш устати са постеље на коју си легао, него ћеш јамачно умрети.’“
17Тако је умро по речи Господњој, као што је рекао Илија. Уместо њега се зацарио Јорам у другој години цара Јорама1,17 Ради се о две различите особе истог имена., сина Јосафата, цара Јудиног, јер није имао сина.
18Остала Охозијина дела која је учинио, нису ли записана у Књизи дневника царева израиљских?