1 Timoteo 1 – AKCB & NSP

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Timoteo 1:1-20

Nkyia

1Me Paulo, Yesu Kristo somafo nam Onyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn anidaso no hyɛ so kyerɛw,

2De rekɔma Timoteo a ɔyɛ me ba kann wɔ gyidi mu no nkyɛn:

Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no dom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe nka mo.

Mompo Atoro Akyerɛkyerɛfo

3Mepɛ sɛ motena Efeso sɛnea merekɔ Makedonia no meka kyerɛɛ mo no. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔma atoro nkyerɛkyerɛ a ɛsɛ sɛ mohyɛ wɔn ma wogyae. 4Momma wonnyae adomankomasɛm ne wɔn nenanom din bebrebe a wɔbobɔ no, efisɛ saa nneyɛe no de akyinnye ba. Ɛmmoa Onyankopɔn nhyehyɛe a wɔnam gyidi nko so na wuhu no. 5Saa ɔhyɛ yi botae ara ne sɛ ɛbɛkanyan ɔdɔ a efi koma pa, adwene mu fann ne gyidi pa mu. 6Nnipa bi atwe wɔn ho afi ɔkwan pa no so de wɔn ho ama akyinnye hunu. 7Wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mmara no akyerɛkyerɛfo nanso wɔn ara wɔn nsɛm a wɔka no wɔnte ase. Saa ara nso na wonni gyidi wɔ nsɛm a wɔka no mu.

8Yenim sɛ, sɛ wɔnam mmara kwan so de Mmara no di dwuma a eye. 9Ɛsɛ sɛ yɛkae hu sɛ wɔanyɛ mmara no amma atreneefo na mmom, wɔyɛ maa mmaratofo, nnebɔneyɛfo, wɔn a wonsuro Nyame ne abɔnefo, wɔn a wɔnyɛ kronkron anaa wɔn ho ntew, wɔn a wokum wɔn agyanom ne wɔn nanom, awudifo, 10afideyɛfo, aguamammɔfo, nnipawiafo, atorofo a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokware nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no. 11Saa nokware nkyerɛkyerɛ no wɔ Asɛmpa a wɔde ama me sɛ menka ho asɛm nkyerɛ no mu. Ɛyɛ Asɛmpa a efi Onyankopɔn a ɔyɛ onuonyamfo na wɔahyira no no nkyɛn.

12Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma midi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwene me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no. 13Nanso mmere bi a atwam no, na mekasa tia no, taa no, ka nsɛm a ɛmfata fa ne ho. Onyankopɔn ahu me mmɔbɔ na esiane sɛ na minnye nni nti, na minnim nea mereyɛ. 14Yɛn Awurade hwiee nʼadom a ɛdɔɔso no guu me so maa me gyidi ne ɔdɔ a esiane Kristo Yesu nti abɛyɛ yɛn de no.

15Eyi yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yegye to mu na yegye di koraa sɛ: Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo nkwa. Na meyɛ ɔdebɔneyɛni a odi kan koraa. 16Nanso esiane saa nti, wahu me mmɔbɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛni a odi kan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a enni awiei no adi akyerɛ wɔn a wobegye no adi no na wɔanya nkwa a enni awiei. 17Anuonyam ne nidi nka Onyankopɔn daa daa. Ɔno ne mmeresantenhene. Ɔno na wonhu no na onwu da nso. Ɔno nko ara ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen.

18Afei me ba Timoteo, mede saa dwumadi a wɔhyɛɛ ho nkɔm fi tete no hyɛ wo nsa. Wugu so reko ɔko pa no, ma saa nsɛm no nyɛ wʼakode, 19na so wo gyidi mu dennen na ma wʼadwene mu nyɛ fann. Nnipa bi ntie wɔn tiboa, nam saayɛ so asɛe wɔn gyidi. 20Saa nnipa no bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn ama Satan sɛ ɔntwe wɔn aso sɛnea wɔrenka abususɛm ntia Onyankopɔn bio.

New Serbian Translation

1. Тимотеју 1:1-20

Упутства о исправном веровању

Увод и поздрав

1Од Павла, апостола Христа Исуса, по наредби Бога, нашега Спаситеља, и Христа Исуса, наше наде, 2Тимотеју, мом правом сину у вери, милост, милосрђе и мир од Бога Оца и Христа Исуса, Господа нашега.

Упозорење против лажних учења

3Пре него што сам отишао у Македонију, молио сам те да останеш у Ефесу, да наредиш некима да не поучавају нека друга учења, 4и да се не заносе бајкама и бескрајним родословљима. Такве ствари више узрокују расправе, него што откривају Божији наум који се упознаје вером. 5Сврха ове наредбе је да побуди љубав која долази из чиста срца, добре савести, и искрене вере. 6Неки су се удаљили од овога, и изгубили се у јаловим расправама. 7Они хоће да буду учитељи Закона, а не разумеју ни шта говоре ни шта тврде.

8Ми знамо да је Закон добар ако се примењује како треба. 9Знамо и то да Закон није уведен за праведника, него за прекршиоце Закона и непокорне, безбожнике и грешнике, за несвете и богохулнике, за оцеубице и матероубице, за убице, 10блуднике, педерасте, трговце робљем, лажљивце, кривоклетнике и друге који се противе здравом учењу. 11Ово учење се темељи на славној Радосној вести, коју ми је наш благословени Бог поверио да проповедам.

Захвалност за Божију милост

12Захваљујем Христу Исусу, нашем Господу, који ме је оснажио, и поверио ми службу сматрајући ме вредним тога, 13иако сам некада био богохулник, прогонитељ Цркве и насилник. Али Бог ми се смиловао, јер сам то учинио у незнању и неверовању. 14Наш Господ је пребогато излио своју милост на мене и испунио ме вером и љубављу Христа Исуса.

15Поуздана је реч и вредна да је свако прихвати: Исус Христос је дошао на свет да спасе грешнике, од којих сам први ја. 16А мени се Бог смиловао, да на мени првом Христос Исус покаже сву стрпљивост, као пример за све оне који треба да поверују у њега и приме вечни живот. 17А вечном Цару, једином, непролазном и невидљивом Богу нека је част и слава од сад и довека. Амин.

18Поверавам ти ову наредбу, Тимотеју, дете моје, сагласно пророштвима која су раније била изречена о теби. Будеш ли их следио, водићеш добар рат, 19држећи се вере и чисте савести. Ово су неки одбацили и доживели бродолом своје вере. 20Међу таквима су Именеј и Александар, које сам предао Сатани да науче да не хуле.