1 Samuel 20 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 20:1-42

Yonatan Boa Dawid

1Dawid guan fii Naiot a ɛwɔ Rama kohuu Yonatan. Obisaa se, “Bɔne bɛn na mayɛ? Bɔne bɛn na mayɛ wʼagya, a enti ɔpɛ sɛ okum me yi?”

2Yonatan teɛɛ mu se, “Ɛnyɛ nokware. Minim yiye sɛ onsusuw biribi a ɛte saa ho, efisɛ ɔka ne nsɛm nyinaa kyerɛ me; mpo, ne nsɛm nketenkete nyinaa ɔma mʼaso te. Minim sɛ ɔrentumi mfa asɛm a ɛte sɛɛ nsie me da. Ɛnte saa!”

3Dawid kaa ntam wɔ Yonatan anim se, “Wʼagya nim yɛn ayɔnkofa yi mu pefee nti, waka wɔ ne tirim se, ‘Merenka nkyerɛ Yonatan.’ Nanso sɛnea Awurade te ase na wote ase yi, anammɔn baako pɛ na ɛda me ne owu ntam.”

4Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid se, “Nea wopɛ sɛ menyɛ mma wo biara no mɛyɛ.”

5Dawid buae se, “Ɔkyena yebedi Ɔsram Foforo Afahyɛ. Bere biara, sɛ dapɔnna no du saa a, me ne ɔhene to nsa didi. Nanso ɔkyena de, mɛkora me ho wɔ wuram ara kosi ne nnansa so anwummere. 6Na sɛ wʼagya hwehwɛ me a, ka kyerɛ no se, ‘Dawid srɛɛ kwan se ɔrekɔ ne kurom Betlehem, na ɔne ne fifo akɔbɔ afirihyia afɔre.’ 7Sɛ ɔka se, ‘Eye’ a, wubehu sɛ wʼakoa ho sɔnn. Na sɛ nso ne bo fuw, gye hwanyan a, wubehu sɛ ɔrehyehyɛ ho sɛ obekum me. 8Da saa adɔe yi adi kyerɛ me, sɛ adamfo a maka ntam adi nsew akyerɛ wo, efisɛ yɛn nyinaa wɔ apam wɔ Awurade anim. Na sɛ ɛnte saa, na mayɛ bɔne atia wʼagya a, wo ara kum me. Nanso mesrɛ wo, nyi me mma.”

9Yonatan teɛɛ mu se, “Ɛmpare me! Wo ara wunim sɛ, sɛ minim mʼagya nsusuwii no ho biribi a, anka maka akyerɛ wo dedaw.”

10Na Dawid bisaa Yonatan se, “Ɛbɛyɛ dɛn na mahu sɛ wʼagya bo afuw anaasɛ ne bo mfuw ɛ?”

11Yonatan buae se, “Bra na yɛnkɔ wuram hɔ.” Na wɔn nyinaa kɔɔ hɔ.

12Yonatan ka kyerɛɛ Dawid se, “Mehyɛ bɔ wɔ Awurade Israel Nyankopɔn din mu sɛ ɔkyena akyi sesɛɛ me ne mʼagya bɛkasa, na mɛma woahu nea ɔka fa wo ho. Sɛ ɔwɔ wo ho adwene pa a meremma wo nkra biara. 13Nanso sɛ mʼagya bo afuw, na ɔpɛ sɛ okum wo, na sɛ manka ankyerɛ wo amma woanguan a Awurade ne minni no ɔyaw so. Awurade nka wo ho sɛnea ɔkaa mʼagya ho no. 14Na fa Awurade nokware dɔ no bi dɔ me bere a mete ase yi. Na sɛ miwu, 15na ɛba sɛ Awurade twa Dawid atamfo nyinaa gu fi asase ani mpo a, nyi wʼadɔe mfi me fifo so da biara da.”

16Enti Yonatan ne Dawid yɛɛ apam se, “Awurade ne Dawid atamfo nni.” 17Esiane ɔdɔ a Yonatan wɔ ma Dawid no nti, ɔmaa no tii ne ntam no mu, efisɛ na ɔdɔ no sɛnea ɔdɔ ɔno ankasa ho.

18Afei, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid se, “Ɔkyena na ɛyɛ ɔsram foforo afahyɛ no. Yɛrenhu wo, efisɛ wʼakongua so bɛda hɔ. 19Ɔkyena akyi, ɛrekɔ anwummere no, kɔ baabi a saa ɔhaw yi fii ase no wukohintaw wo ho no, na twɛn wɔ ɔbo siw no ho. 20Mɛtow agyan abiɛsa afa ne nkyɛn, te sɛ nea meretow abɔ biribi no. 21Afei, mɛsoma abarimaa bi aka se, ‘Kɔ na kɔhwehwɛ bɛmma no.’ Sɛ meka kyerɛ no se, ‘Hwɛ, bɛmma no wɔ ha; tase brɛ me a,’ bra, efisɛ mmere dodow a Awurade te ase yi, wo ho sɔnn; bɔne bi nni hɔ. 22Na sɛ meka kyerɛ abarimaa no se, ‘Hwɛ, bɛmma no wɔ wʼanim’ a, ɛno de, na ɛsɛ sɛ wokɔ, efisɛ Awurade na ose kɔ. 23Na Awurade mmoa yɛn na yenni bɔ a yɛahyehyɛ yɛn ho yɛn ho no so, efisɛ ɔno ne yɛn danseni.”

24Na Dawid kɔtɛwee wuram, na bere a ɔsram foforo afahyɛ no dui no, ɔhene no tenaa ase sɛ ɔrebedidi. 25Ɔtenaa nʼatenae a ɛbɛn ɔfasu ho a ɛne Yonatan di nhwɛanim, na Abner tena dii Saulo so, nanso Dawid atenae hɔ de, ɛdaa mpan. 26Na da no, Saulo anka asɛm biara. Na ɔdwenee se, “Gyama asɛm bi ato Dawid a ɛmma ne ho ntew mma saa afahyɛ no ase. Ɛno nti na onni ha nnɛ no.” 27Na ade kyee a Dawid afa hɔ ada mpan bio no, Saulo bisaa ne ba Yonatan se, “Adɛn nti na Yisai babarima no amma adidi nnɛra ne nnɛ?”

28Yonatan buae se, “Nokware, Dawid srɛɛ me kwan sɛ ɔrekɔ Betlehem. 29Ɔkae se, ‘Ma menkɔ, efisɛ, me fifo rebɔ afɔre wɔ kurow no mu nti, me nuabarima ahyɛ me sɛ, ɛsɛ sɛ mewɔ hɔ bi. Sɛ afei, manya wʼanim anuonyam a, ma me kwan na menkɔhwɛ me nuanom mmarima.’ Ɛno nti na wamma ɔhene didipon ho no.”

30Saulo bo fuw Yonatan, ka kyerɛɛ no se, “Wo ɔba kwasea, ɔbea brakyewni tuatewni ba! Wususuw sɛ minnim sɛ wopɛ sɛ Dawid di hene si wo anan mu de hyɛ wo ne wo na aniwu? 31Mmere dodow a Yisai babarima no te ase wɔ asase yi so no, worennya ɔhene nni da. Soma mprempren ara na wɔnkɔfa no mmrɛ me, na minkum no!”

32Yonatan bisaa nʼagya se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wokum no? Dɛn na wayɛ?” 33Ɛhɔ ara, Saulo tow peaw sɛ ɔde rewɔ no, akum no. Afei Yonatan huu sɛ nʼagya asi nʼadwene pi sɛ obekum Dawid.

34Yonatan de abufuwhyew sɔre fii didipon no ho. Na da a ɛto so abien wɔ ɔsram no mu no, wannidi, efisɛ ne werɛ how wɔ nʼagya animguasede a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Dawid no ho.

35Ade kyee no, Yonatan kɔɔ wuram. Sɛnea wɔahyehyɛ ho no. Ɔfaa abarimaa ketewa bi kaa ne ho a ɔbɛboaboa ne bɛmma ano. 36Ɔka kyerɛɛ abarimaa no se, “Fi ase tu mmirika kɔhwehwɛ bɛmma a metotow no.” Na abarimaa no retu mmirika akɔ no, Yonatan tow bɛmma no baako traa no. 37Na bere a abarimaa no duu faako a Yonatan bɛmma no akɔtɔ no, Yonatan frɛɛ no se, “bɛmma no ntraa wo ana?” 38Enti Yonatan teɛɛ mu se, “Ka wo ho! Kɔ ntɛm! Nnyina.” Abarimaa no faa bɛmma no san baa ne wura nkyɛn. 39Na abarimaa no nnim eyi ho hwee; Yonatan ne Dawid nko ara na na wonim. 40Na Yonatan de nʼakode maa abarimaa no kae se, “Kɔ, soa san fa kɔ kurom.”

41Bere a abarimaa no kɔe ara pɛ, Dawid pue fii baabi a okohintaw hɔ a ɛbɛn abo siw no bae. Na Dawid bɔɔ ne mu ase wɔ Yonatan anim, de nʼanim butuw fam. Na wofifew wɔn ho wɔn ho ano, na wɔmaa wɔn ho wɔn ho nantew yiye, na wosui, ne titiriw no, Dawid.

42Akyiri yi no, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid se, “Kɔ asomdwoe mu, efisɛ yɛayɛ apam wɔ Awurade din mu. Yɛde yɛn mu biara ne yɛn mu biara mma ahyɛ Awurade nsa afebɔɔ.” Na Dawid kɔe, na Yonatan nso san kɔɔ kurow no mu.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

撒母耳记上 20:1-42

大卫与约拿单

1大卫拉玛拿约逃出来去见约拿单,问他:“我做了什么?犯了什么罪?我什么地方对不起你父亲,他竟追杀我?” 2约拿单答道:“绝无此事,你不会死的!我父亲事无大小都会告诉我的,他不会瞒着我这件事,不会的。” 3大卫发誓说:“你父亲深知你恩待我,他为了不使你伤心,才瞒着你。但我凭永活的耶和华和你的性命起誓,我离死亡仅一步之遥!” 4约拿单说:“你有什么需要?我一定相助。” 5大卫答道:“明天是初一,我本该跟王一起用餐,请让我躲到田间,直到第三天晚上。 6如果你父亲问起我,你就说我恳求你允许我回到故乡伯利恒,因为我全家正在那里献年祭。 7如果你父亲说‘好吧’,仆人就平安无事了。如果他发怒,就表示他决意要杀我。 8请你善待仆人,因你与我在耶和华面前立了盟约。如果我有罪,就请你亲手杀了我,何必把我交给你父亲呢?” 9约拿单答道:“我决不会这样做。如果我知道我父亲决意要杀你,我怎能不通知你呢?” 10大卫说:“你父亲若向你发怒,谁来告诉我呢?” 11约拿单说:“我们一起到田野去吧。”于是,二人一起去了田野。

12约拿单大卫说:“愿以色列的上帝耶和华作证,明天或后天这个时侯我就会打探到我父亲的意思,如果他善意待你,我会派人通知你。 13如果他有意杀你,而我却不告诉你让你安然逃走,愿耶和华重重地惩罚我。愿耶和华与你同在,像从前与我父亲同在一样。 14在我有生之年,请你照耶和华的慈爱恩待我,免我一死。 15在我死后,即使耶和华把你所有的仇敌都毁灭了,请你仍旧恩待我的后人。” 16于是,约拿单大卫家立下盟约,说:“倘若大卫不守盟约,愿耶和华借着仇敌惩罚他。” 17约拿单因为像爱自己一样爱大卫,便叫他再次起誓。 18约拿单说:“明天是初一,人们会注意到你缺席。 19到了后天,你要赶快去上次出事时躲藏的以色磐石那里。 20我会朝磐石的旁边射三箭,好像射靶子。 21然后,我会叫一个少年把箭拾回来。如果你听到我对他说,‘箭就在你旁边,把箭拾回来。’那就表示你可以回来了,我凭永活的耶和华起誓,你必平安无事。 22但如果我对少年说,‘箭就在你前面。’你就要离开,因为是耶和华要你离开。 23至于我们之间所立的约,耶和华永远为我们作证。”

24于是,大卫就躲到田野。初一到了,扫罗王入席吃饭, 25他照常坐在靠墙的位置,约拿单坐在对面,押尼珥坐在王的身边,大卫的位子空着。 26那一天,扫罗并没有说什么,他以为大卫可能遇到了使自己不洁净的事,不能赴宴。 27可是到了第二天,大卫的座位还是空的,扫罗就问儿子约拿单:“耶西的儿子为什么这两天都不来赴宴呢?” 28约拿单答道:“大卫恳求我让他回到伯利恒29因为他家要在城中献祭,他的哥哥要他去。他求我恩准他去见他的哥哥们。所以,他没有来参加王的宴席。”

30扫罗约拿单发怒,对他说:“你这邪恶叛逆妇人所生之子!难道我不知道你是站在耶西的儿子那边吗?你这样做不但自取其辱,也使你母亲蒙羞。 31只要耶西的儿子活在世上,你和你的王位就不得安稳。你派人把他抓到我这里,他非死不可。” 32约拿单问:“为什么要杀他?他做了什么?”

33扫罗气得把矛掷向约拿单,想要杀他。约拿单知道父亲决意要杀大卫34他怒气冲冲地离席,整天不肯进食,因为他看见父亲如此卑劣地对待大卫,心里非常难过。 35第二天早晨,约拿单按照和大卫的约定带着一个少年来到田野。 36约拿单对少年说:“你跑去把我射的箭拾回来。”少年就向前跑去,约拿单把箭射在他前面。 37少年跑到落箭之处的时候,约拿单就大声叫道:“箭不是在你的前面吗? 38快快去,不要耽延。”少年连忙把箭拾起来,回到主人那里。 39他不知道主人的用意,只有约拿单大卫知道。 40约拿单把弓箭交给那少年,吩咐他带回城中。 41少年离开以后,大卫就从磐石南面出来,伏地拜了三拜。二人彼此亲吻,抱头痛哭,大卫更是泣不成声。 42约拿单说:“我们已凭耶和华的名起誓,有耶和华在你我和你我的子孙之间永远为我们的盟约作证,你就安心去吧。”大卫便起身离开,约拿单也回城去了。