1 Beresosɛm 3 – AKCB & HTB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 3:1-24

Dawid Asefo

1Eyinom ne mmabarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron.

Na nʼabakan din de Amnon a ne na a na ofi Yesreel no din de Ahinoam.

Ne ba a ɔto so abien no, na ne din de Daniel. Na ne na a ofi Karmel no din de Abigail.

2Ne ba a ɔto so abiɛsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne na din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babea.

Ne ba a ɔto so anan din de Adoniya a ne na din de Hagit.

3Ne ba a ɔto so anum no, na wɔfrɛ no Sefatia. Na wɔfrɛ ne na Abital.

Ne ba a ɔto so asia no din de Yitream a na wɔfrɛ ne na Egla.

4Wɔwowoo mmabarima baasia yi nyinaa maa Dawid wɔ Hebron. Odii ade wɔ hɔ mfirihyia ason ne fa.

Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na odii ade mfirihyia aduasa abiɛsa wɔ hɔ. 5Mmabarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Yerusalem no ne:

Simea, Sobab, Natan ne Salomo. Amiel babea Batseba na ɔwoo saa mmarima yi.

6Wɔsan wowoo mmabarima baakron bi maa Dawid. Wɔne Yibhar, Elisua, Elifelet, 7Noga, Nefeg, Yafia, 8Elisama, Eliada ne Elifelet.

9Eyinom ne Dawid mmabarima a ne mpena mma nka ho. Na Dawid wɔ ɔbabea bi a wɔfrɛ no Tamar.

Salomo Asefo

10Na Salomo asefo yɛ

Rehoboam, Abia, Asa, Yehosafat,

11Yoram, Ahasia, Yoas,

12Amasia, Asaria, Yotam,

13Ahas, Hesekia, Manase,

14Amon ne Yosia.

15Na Yosia mmabarima ne

Yohanan a ɔyɛ abakan,

Yehoiakim to so abien,

Sedekia to so abiɛsa,

na Salum to so anan.

16Yehoiakim babarima Yehoiakyin na odii nʼade,

na ɔno nso ne wɔfa Sedekia bedii nʼade.

Yehoiakyin Asefo

17Yehoiakyin a Babiloniafo kyeree no kɔtoo afiase no

mmabarima ne Sealtiel, 18Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama ne Nedabia.

19Na Pedaia mmabarima yɛ

Serubabel ne Simei.

Na Serubabel mmabarima yɛ

Mesulam ne Hanania. Na ɔwɔ ɔbabea nso a ne din de Selomit. 20Na ne mmabarima baanum bi nso din ne Hasuba, Ohel, Berekia, Hasadia ne Yusab-Hesed.

21Na Hanania mmabarima din de

Pelatia ne Yesaia. Na Yesaia babarima din de Refaia. Na Refaia babarima din de Arnan. Na Arnan babarima din de Obadia. Na Obadia babarima din de Sekania.

22Na Sekania asefo yɛ

Semaia ne ne mmabarima Hatus, Igal, Baria, Nearia ne Safat. Na wɔn nyinaa yɛ baasia.

23Na Nearia mmabarima din de

Elioenai, Hiskia ne Asrikam. Na wɔyɛ baasa.

24Na Elioenai mmabarima din de

Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani. Na wɔyɛ baason.

Het Boek

1 Kronieken 3:1-24

1Hier volgen de zonen van David1, die hem in Hebron geboren werden. De eerstgeborene was Amnon, de zoon van Achinóam uit Jizreël; 2de tweede was Daniël, de zoon van Abigáil uit Karmel; de derde Absalom, de zoon van Maäka, de dochter van Talmai, den koning van Gesjoer; de vierde Adoni-ja, de zoon van Chaggit; 3de vijfde Sjefatja, de zoon van Abital; de zesde Jitream, de zoon van zijn vrouw Egla. 4Zes zonen kreeg hij te Hebron, waar hij zeven jaar en zes maanden regeerde. In Jerusalem regeerde hij drie en dertig jaar. 5Daar kreeg hij Sjima, Sjobab, Natan en Salomon: alle vier van Bat-Sjóea. de dochter van Ammiël. 6Verder nog deze negen zonen: Jibchar, Elisjama, Elifélet, 7Nóga, Néfeg, Jafia, 8Elisjama, Eljada en Elifélet. 9Dit waren al de zonen van David, afgezien van die der bijvrouwen. Ze hadden een zuster, die Tamar heette. 10De zoon van Salomon was Roboam; die van Roboam was Abias; die van Abias was Asa; die van Asa was Josafat; 11die van Josafat was Joram; die van Joram was Achazjáhoe; die van Achazjáhoe was Joasj; 12die van Joasj was Amas-jáhoe; die van Amasjáhoe was Azarja; die van Azarja was Jotam; 13die van Jotam was Achaz; die van Achaz was Ezekias; die van Ezekias was Manasses; 14die van Manasses was Amon; die van Amon was Josias. 15De oudste zoon van Josias was Jochanan, de tweede was Jojakim, de derde Sidki-jáhoe, de vierde Sjalloem. 16De zoon van Jojakim was Jekonias, die van Jekonias was Sidki-ja. 17De zonen van den gevangen Jekonias waren Sjealtiël, 18Malkiram, Pedaja, Sjenassar, Jekamja, Hosjama en Nedabja. 19De zonen van Pedaja waren Zorobabel en Sjimi. De zonen van Zorobabel waren Mesjoellam en Chananja; ze hadden een zuster, die Sjelomit heette. 20Verder nog vijf anderen: Chasjoeba, Ohel, Berekja, Chasadja en Joesjab-Chésed. 21De zonen van Chananja waren Pelatja en Jesjaja. De zoon van Pelatja was Refaja, die van Refaja was Arnon, die van Arnon was Obadja, die van Obadja was Sjekanja. 22De zonen van Sjekanja waren: Sjemaja, Chattoesj, Jigal, Bariach, Nearja en Sjafat, in het geheel zes. 23De zonen van Nearja waren: Eljoënai, Chizki-ja en Azrikam, in het geheel drie. 24De zonen van Eljoënai waren: Hodawjáhoe, Eljasjib, Pelaja, Akkoeb, Jochanan, Delaja en Anani, in het geheel zeven.